Exodus 14:1-31

14  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ wɔnsan wɔn akyi mmɛsoɛ wɔ Pihahirot anim, Migdol ne po no ntam. Na wɔmfa wɔn ani nkyerɛ Baal-Sefon+ wɔ po no ho.  Na Farao bɛka sɛ, ‘Israelfo no ayera ma wɔn ani so atan wɔn wɔ asase no so. Sare no aka wɔn ahyem.’+  Na mɛma Farao koma apirim+ na obetiw wɔn, na mede Farao ne n’asraafodɔm bɛhyɛ me ho anuonyam+ na Egyptfo ahu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.  Akyiri yi Egypt hene tee sɛ nkurɔfo no aguan. Ɛhɔ ara na Farao ne ne nkoa sesaa wɔn adwene wɔ Israelfo no ho,+ na wɔkae sɛ: “Dɛn koraa na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo kɔ yi, hena na ɔbɛsom+ yɛn?”  Enti ɔhyehyɛɛ ne nteaseɛnam, na ɔfaa ne dɔm kaa ne ho.+  Ɔfaa ne nteaseɛnam+ atitiriw no ahansia, na ɔde Egypt nteaseɛnam a aka nyinaa kaa ho, na ɔpaw akofo a wɔbɛtena ebiara mu.  Na Yehowa maa Egypt hene Farao pirim ne koma,+ enti bere a Israelfo no de ahosɛpɛw*+ rekɔ no, otiw wɔn.  Egyptfo no tiw wɔn, na Farao nteaseɛnam ne n’apɔnkɔ ne n’apɔnkɔsotefo+ ne n’asraafodɔm nyinaa bɛn wɔn pɛɛ; saa bere no na Israelfo no asoɛ wɔ po no ho, wɔ Pihahirot, Baal-Sefon anim.+ 10  Bere a Farao bɛn wɔn na Israelfo no maa wɔn ani so hui sɛ Egyptfo no di wɔn akyi no, wɔbɔɔ hu na wofii ase su frɛɛ Yehowa.+ 11  Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Amusiei biara nni Egypt nti na wode yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare so ha yi?+ Dɛn nti koraa na wuyii yɛn fii Egypt baa ha? 12  Yɛanka ankyerɛ wo wɔ Egypt sɛ, ‘Gyae ma yɛnsom Egyptfo no’? Anka eye sɛ yɛbɛsom Egyptfo no mmom sen sɛ yebewuwu wɔ sare so.”+ 13  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro.+ Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+ 14  Mo de, monyɛ komm nhwɛ, na Yehowa ankasa bɛko ama mo.”+ 15  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn nti na wusu frɛ me?+ Ka kyerɛ Israelfo no sɛ wɔntoa wɔn akwantu no so. 16  Na fa wo poma+ no kyerɛ po no so ma emu mpae,+ na Israelfo no nnantew asase kesee so mfa po no mfinimfini.+ 17  Na mɛma Egyptfo no apirim wɔn koma+ na wɔatiw Israelfo no, na mede Farao ne n’asraafodɔm, ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo bɛhyɛ me ho anuonyam.+ 18  Na sɛ mede Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo hyɛ me ho anuonyam a, Egyptfo no behu sɛ mene Yehowa.”+ 19  Afei nokware Nyankopɔn bɔfo+ a na odi Israel asafo no anim no bedii wɔn akyi, na omununkum dum no nso fii wɔn anim bedii wɔn akyi.+ 20  Enti ebedii Egyptfo asafo ne Israelfo dɔm ntam.+ Ɔfã bi no na ɛyɛ omununkum ne sum, na ɔfã nohoa nso, na ɛma hann anadwo.+ Na Egyptfo no anto Israelfo no anadwo no nyinaa. 21  Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa po no ase dan asase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+ 22  Enti Israelfo no faa asase a awo no so wɔ po no mfinimfini,+ na nsu no bɛyɛɛ ɔfasu wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 23  Na Egyptfo nyinaa, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo nyinaa, tiw wɔn+ koduu po no mfinimfini. 24  Eduu ahemadakye no Yehowa fi ogya ne omununkum dum+ no mu hwɛɛ Egyptfo dɔm no na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn.+ 25  Afei otutuu wɔn nteaseɛnam no anan na ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛkɔ,+ na Egyptfo no kae sɛ: “Momma yenguan mfi Israelfo no anim, efisɛ Yehowa ne Egyptfo reko ama wɔn.”+ 26  Akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa wɔ po no so+ na nsu no mmu mfa Egyptfo ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo nyinaa so.” 27  Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na ɛrekɔ anɔpa no, nsu no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfo no fii ase sɛ wɔreguan, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfinimfini.+ 28  Enti nsu no bae+ ara bɛkataa Farao nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo ne n’asraafodɔm a wotiw Israelfo kɔɔ po no mu nyinaa so.+ Wɔn mu biako mpo anka.+ 29  Nanso Israelfo no faa asase kesee no so wɔ po no mfinimfini,+ na nsu no yɛe sɛ ɔfasu wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 30  Enti saa da no Yehowa gyee Israel fii Egyptfo no nsam,+ na Israel hui sɛ Egyptfo no awuwu gu po no ano.+ 31  Bere a Israelfo huu nsa kɛse a Yehowa de adwerɛw Egyptfo no, ɔman no suroo Yehowa, na wogyee Yehowa ne n’akoa Mose dii.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “nsa a wɔama so.”