Exodus 15:1-27

15  Afei Mose ne Israelfo no fii ase too dwom yi de kamfoo Yehowa sɛ:+“Mɛto dwom ama Yehowa, efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse.+Ɔpɔnkɔ ne nea ɔte ne so nyinaa, waka wɔn ahyɛ po mu.+   Yah ne m’ahoɔden ne me tumi,+ ɔne me nkwagye.+Me Nyankopɔn ni, meyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no ni,+ mɛma no so.+   Yehowa yɛ ɔko mu dɔmmarima.+ Ne din ne Yehowa.+   Farao nteaseɛnam ne n’asraafodɔm nyinaa, waka wɔn agu po mu,+N’akofo mu akunini amem Po Kɔkɔɔ no mu.+   Nsu no bu faa wɔn so,+ na wɔkɔɔ ase tɔnn te sɛ ɔbo.+   Yehowa, tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam,+Yehowa, wo nsa nifa bubu atamfo.+   W’anuonyam kɛse mu na wode wɔn a wɔsɔre tia wo hwe fam;+Wosoma w’abufuhyew, na ɛhyew wɔn sɛ sare.+   Wo hwene mu huruhuro+ ka nsu boa ano;Nsu a ayiri asram so gyinae dinn sɛ asubɔnten a wɔagye ho ban;Na nsu no dae wɔ po no mfinimfini.   Ɔtamfo no kae sɛ, ‘Metiw wɔn;+ mɛto wɔn!+Mɛkyɛ asade+ mu ama me kra amee!Mɛtwe me nkrante, na me nsa bɛpam wɔn!’+ 10  Afei wuguu ahome,+ na po kataa wɔn so;+Wɔmemee te sɛ sumpii wɔ nsu kɛse mu.+ 11  Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ 12  Woteɛɛ wo nsa nifa,+ na asase menee wɔn.+ 13  W’adɔe mu na wudii ɔman a woagye wɔn+ no anim;Wo tumi so na wode wɔn bɛkɔ wo tenabea kronkron hɔ.+ 14  Nnipa bɛte+ na wɔabɔ hu;+Awo yaw beso Filistifo mu denneennen.+ 15  Awosoawosow bɛtew agu Edom mpanyimfo so;Moab atumfoɔ ho bɛpopo.+Na Kanaanfo nyinaa koma betu.+ 16  Ehu bɛma wɔn ho awosow biribiri.+Wo basa kɛse no bɛma wɔayɛ komm sɛ ɔbo,Kosi sɛ wo Yehowa, wo man+ betwam,Kosi sɛ ɔman a woanya wɔn+ no betwam akɔ.+ 17  Wode wɔn bɛba abedua wo bepɔw so, w’agyapade so,+Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,+Kronkronbea+ a wo, Yehowa, wo nsa de asi hɔ. 18  Yehowa bedi hene daapem.+ 19  Bere a Farao apɔnkɔ+ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo no kɔɔ po no mu no,+Yehowa maa po no mu nsu bɛkataa wɔn so,+Na Israelfo no faa asase kesee so wɔ po no mfinimfini.”+ 20  Afei odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nua+ no faa mpintin kurae,+ na mmea no nyinaa de mpintin ne asaw dii n’akyi.+ 21  Na Miriam gyee mmarima no so sɛ:+“Monto dwom mma Yehowa,+ efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse.+Waka ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so nyinaa ahyɛ po mu.”+ 22  Akyiri yi Mose maa Israelfo no fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur+ sare so na wotwaa kwan nnansa wɔ sare no so, nanso wɔannya nsu.+ 23  Afei wobeduu Mara,+ nanso na ɛhɔ nsu no yɛ nwene, enti wɔantumi anom. Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Mara no.+ 24  Na nkurɔfo no fii ase nwiinwii hyɛɛ Mose+ sɛ: “Dɛn na yɛbɛnom?” 25  Enti osu frɛɛ Yehowa.+ Na Yehowa kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsu no mu ma ɛyɛɛ dɛ.+ Ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn ahyɛde ne atemmusɛm, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe.+ 26  Na ɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so, na wutie ne mmara di n’ahyɛde nyinaa so+ a, meremfa ɔyare a mede baa Egyptfo so no biara mma wo so,+ efisɛ me Yehowa na meresa wo yare.”+ 27  Afei wobeduu Elim, na na asuti dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.+ Enti wɔsoɛɛ nsu no ho.

Ase Hɔ Nsɛm