Exodus 20:1-26

20  Afei Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:+  “Mene Yehowa wo Nyankopɔn+ a oyii wo fii Egypt nkoafie.+  Nnya anyame foforo biara+ wɔ m’ani so.  “Nyɛ ohoni* biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso biara mfa.+  Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+  na wɔn a wɔdɔ me na wodi me mmara so de, meyi m’adɔe adi akyerɛ wɔn akosi awo ntoatoaso a ɛto so apem so.+  “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agoru,+ na Yehowa remma nea ɔde ne din di agoru no mfa ne ho nni.+  “Kae homeda no na yɛ no kronkron,+  na adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ ne nyinaa.+ 10  Na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔho a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+ 11  Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+ na da a ɛto so ason no ɔhomee.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa homeda so yɛɛ no kronkron no.+ 12  “Di wo papa ne wo maame ni+ na wo nna aware wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ 13  “Nni awu.+ 14  “Nsɛe aware.+ 15  “Mmɔ korɔn.+ 16  “Nni wo yɔnko ho adansekurum.+ 17  “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere,+ n’akoa anaa n’afenaa, ne nantwi anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”+ 18  Afei nkurɔfo no nyinaa huu anyinam ne bepɔw a efi wusiw no, na wɔtee aprannaa ne abɛn nnyigyei no. Bere a wohui no, wɔn ho popoe na wokogyinaa akyirikyiri.+ 19  Afei wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo de, wo ne yɛn nkasa na yebetie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa na yɛanwuwu.”+ 20  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro, efisɛ nokware Nyankopɔn no aba sɛ ɔrebɛsɔ mo ahwɛ+ na moasuro no daa na moanyɛ bɔne.”+ 21  Na ɔman no kɔɔ so gyinaa akyirikyiri, nanso Mose bɛn omununkum tumm no, faako a nokware Nyankopɔn wɔ no.+ 22  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:+ “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Mo ankasa moahu sɛ ɔsoro na mifi ne mo kasae.+ 23  Monnyɛ dwetɛ anyame nnka me ho, na monnyɛ sika anyame mmfa.+ 24  Fa dɔte+ yɛ afɔremuka ma me, na fa wo nguan ne w’anantwi bɔ afɔre wɔ so, ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre.+ Afei baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wo nkyɛn abehyira wo.+ 25  Sɛ wode abo reyɛ afɔremuka ama me a, nsew ho. Sɛ wode pɛe ka pɛ, woagu ho fĩ.+ 26  Afei mforo atrapoe nkɔ m’afɔremuka so na w’adagyaw anna adi wɔ so.’

Ase Hɔ Nsɛm

Anaasɛ, “ohoni a wɔasen.”