Exodus 24:1-18

24  Afei ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron ne Nadab ne Abihu+ ne Israel mpanyimfo aduɔson+ mmra Yehowa anim, na munnyina akyirikyiri mmɔ mo mu ase nsom.  Na Mose nkutoo mmra Yehowa anim; wɔn a aka no mmma bi, na ɔman no mmforo nnni n’akyi.”+  Afei Mose bɛkaa Yehowa nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ Israelfo+ no, na wɔn nyinaa de nokoro kae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.”+  Enti Mose kyerɛw Yehowa nsɛm no nyinaa.+ Ade kyee anɔpatutuutu no, ɔsɔre sii afɔremuka ne adum dumien a egyina hɔ ma Israel mmusua dumien+ no wɔ bepɔw no ase.  Ɛno akyi no, ɔsomaa Israel mmerante ma wɔkɔbɔɔ ɔhyew afɔre na wɔde anantwinini bɔɔ asomdwoe afɔre+ maa Yehowa.  Mose kyɛɛ mogya no mu abien de fã guu nyaawa+ mu, na ɔde fã petepetee afɔremuka no so.+  Afei Mose faa apam+ nhoma no na ɔkenkan kyerɛɛ nkurɔfo no.+ Na wɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yebetie na yɛadi so.”+  Enti Mose de mogya petepetee nkurɔfo no so+ kae sɛ: “Nsɛm yi nyinaa ho apam+ a Yehowa ne mo yɛe no ho mogya ni.”  Afei Mose ne Aaron ne Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo aduɔson no foro kɔe, 10  na wohuu Israel Nyankopɔn+ no. Ná biribi te sɛ hoabo wɔ ne nan ase, na na ɛho tew te sɛ ɔsoro ankasa.+ 11  Wamfa ne nsa anka Israel mmarima atitiriw+ yi, na wonyaa nokware Nyankopɔn no ho anisoadehu.+ Na wodidi nomee.+ 12  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so bɛtena hɔ, na mɛkyerɛw mmara ne ahyɛde wɔ abopon so ama wode akyerɛkyerɛ nkurɔfo+ no.” 13  Enti Mose ne ne somfo Yosua sɔree, na Mose kɔɔ nokware Nyankopɔn no bepɔw so.+ 14  Na ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Montwɛn wɔ ha nkosi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn.+ Hwɛ, Aaron ne Hur+ wɔ ha. Enti obi wɔ asɛm bi a ɔmfa mmrɛ wɔn mma wonni.”+ 15  Mose foro kɔɔ bepɔw no so bere a omununkum akata so nyinaa.+ 16  Afei Yehowa anuonyam+ kɔɔ so hyɛɛ Bepɔw Sinai so+ mã, na omununkum no kataa so nnansia. Da a ɛto so ason no, ɔfrɛɛ Mose wɔ omununkum no mu.+ 17  Israelfo no hwɛ Yehowa anuonyam no a, na ɛte sɛ ogyaframa+ kɛse bi wɔ bepɔw no so. 18  Afei Mose wuraa omununkum no mu kɔɔ bepɔw no so.+ Na odii bepɔw no so adaduanan, awia ne anadwo.+

Ase Hɔ Nsɛm