Exodus 25:1-40

25  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose+ sɛ:  “Wo ne Israelfo nkasa na wonyi ntoboa mma me. Munnye ntoboa mfi obiara a ne koma ka no nkyɛn mma me.+  Ntoboa a mubegye afi wɔn nkyɛn ni: sika kɔkɔɔ,+ dwetɛ,+ ne kɔbere,+  ne ahama bruu, tankɔkɔɔ, koogyan, nwera pa, ne abirekyi nhwi,+  ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, ne sukraman nhoma, ne ɔkanto dua.+  Afei munnye ngo a wɔde begu kanea+ mu, ne balsam+ ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango+ ne aduhuam,+  ne sohambo ne abohene foforo a wɔde besisi asɔfotade+ ne nkatabo+ mu.  Na wɔnyɛ kronkronbea mma me, efisɛ mɛtena wɔn mfinimfini.+  Sɛnea ntamadan no ne emu nneɛma bɛyɛ na merebɛkyerɛ wo yi, enti monyɛ no saa ara.+ 10  “Ma wɔmfa ɔkanto dua+ nyɛ Adaka. Ne ntwemu nyɛ basafa abien ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa biako ne fã, ne tenten basafa biako ne fã. 11  Fa sika amapa+ dura emu ne ɛho nyinaa, na fa sika no bi toto ano hyia.+ 12  Fa sika yɛ nkawa anan tuatua ne nan anan no ho; nkawa abien wɔ benkum na abien nso wɔ nifa.+ 13  Afei fa ɔkanto dua sen nnua nteaanteaa na fa sika dura ho.+ 14  Na fa nnua no hyehyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛnmu na wɔde asoa Adaka no. 15  Ma nnua no nhyɛ Adaka no ho nkawa no mu. Ɛnsɛ sɛ woyiyi fi mu.+ 16  Afei fa adanse a mede bɛma wo no to Adaka no mu.+ 17  “Fa sika amapa yɛ ne mmuaso. Ne ntwemu nyɛ basafa abien ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa biako ne fã.+ 18  Afei boro sika yɛ kerubim abien sisi mmuaso no ano ne ano.+ 19  Yɛ kerubim biako si benkum na yɛ biako si nifa.+ Yɛ kerubim no sisi mmuaso no afã abien no. 20  Na kerubim no ntrɛw wɔn ntaban mu nkɔ soro, na ɛnkata adaka no mmuaso no so. Kerubim no nni nhwɛanim+ na wɔn anim nkyerɛ mmuaso no. 21  Afei fa adanse a mede bɛma wo no to Adaka no mu na fa mmuaso+ no kata Adaka no so. 22  Meyi me ho adi akyerɛ wo wɔ hɔ, na me ne wo bɛkasa wɔ mmuaso+ no so wɔ kerubim abien a wɔwɔ adanse adaka no so no ntam. Ɛhɔ na mɛkyerɛ wo ahyɛde a mede bɛma Israel nyinaa.+ 23  “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɔpon;+ ne ntwemu nyɛ basafa abien, ne tɛtrɛtɛ basafa biako, ne tenten basafa biako ne fã. 24  Fa sika amapa dura ho nyinaa, na fa sika no bi toto ano hyia.+ 25  Na yɛ mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam twa ho hyia, na fa sika di adwini twa mfomfamho no ho hyia.+ 26  Na gu sika nkawa anan, na fa nkawa no hyehyɛ ntwea anan no ho, baabi a ne nan anan no sisi no.+ 27  Ma nkawa no mmɛn mfomfamho a wɔde atwa ɔpon no ho ahyia no. Wɔde nnua nteaanteaa bɛhyehyɛ nkawa no mu asoa ɔpon no.+ 28  Fa ɔkanto dua yɛ nnua nteaanteaa no na fa sika dura ho, na wɔmfa nsoa ɔpon no.+ 29  “Afei yɛ nyowa ne nkuruwa ne mpɔre ne nyaawa a wɔde behwie afɔrebɔ nsã fa sisi so. Fa sika amapa yɛ ne nyinaa.+ 30  Na fa paanoo a wɔde ba m’anim no si ɔpon no so daa.+ 31  “Bio nso fa sika amapa yɛ kaneadua. Fa ade boro+ ma ennya nan, nkorata, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. 32  Kaneadua no nnya nkorata asia, nkorata abiɛsa wɔ nifa na abiɛsa wɔ benkum.+ 33  Ɔfã biako wɔ nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a edidi ebiara akyi. Na ɔfã a aka no nso wɔ nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a edidi ebiara akyi.+ Saa na yɛ nkorata asia a etuatua kaneadua no ho no. 34  Nkuruwa anan a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren wɔ kaneadua no ankasa ho. Na funuma ne nhwiren a edidi ebiara akyi nso wɔ dua no ho.+ 35  Faako a nkorata abien pue fi kaneadua no ho no, funuma wɔ ase; na faako a nkorata abien foforo pue no, funuma wɔ ase; na faako a nkorata abien bio pue no, funuma wɔ ase. Enti ɛwowɔ nkorata asia a ɛwɔ kaneadua no ho no nyinaa ase.+ 36  Funuma ne nkorata no nyinaa yɛ kaneadua no fã. Enti ne nyinaa yɛ sika amapa biako a wɔde ade aboro.+ 37  Yɛ akanea ason sisi so, na sɔ ma ɛnhyerɛn kaneadua no anim.+ 38  Na fa sika amapa yɛ ɛho afagya ne ogya nkukuwa no.+ 39  Fa sika amapa dwetikɛse biako yɛ eyi ne ɛho nneɛma nyinaa. 40  Na hwɛ sɛ wobɛyɛ no te sɛ ne nhwɛso a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.+

Ase Hɔ Nsɛm