Exodus 26:1-37

26  “Fa nwera a wɔanwene ne ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan+ nwene ntama du na fa yɛ ntamadan+ no. Ma wɔnnwene Kerubim+ wɔ ntama no mu.  Ntama no mu biara ntwemu nyɛ basafa aduonu awotwe na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa anan. Ma ntama+ no nyinaa nsusuwii nyɛ pɛ.  Ka ntama anum bom, biako ntoa biako so, na ka anum a aka no nso bom, biako ntoa biako so.+  Afei fa ahama bruu yɛ hankare toto ntama a wɔaka abom biako no ano, na yɛ saa ara wɔ ntama foforo a wɔaka abom biako no nso ano, baabi a wɔbɛka abien no asi anim.+  Yɛ nhankare aduonum wɔ ntama biako ano, na yɛ aduonum wɔ ntama a aka no nso ano, baabi a wɔbɛka abien no asi anim no; enti hankare ne hankare bedi nhwɛanim.+  Na fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa aduonum fa suso ntama abien no mu ma ɛnyɛ ntamadan+ biako.  “Afei fa abirekyi nhwi+ yɛ ntama dubiako a wode bɛkata ntamadan no so.  Ma ntama no mu biara ntwemu nyɛ basafa+ aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa anan. Ma ntama dubiako no nyinaa kɛse nyɛ pɛ.  Ka ntama anum bom yɛ no biako na ka asia a aka no nso bom yɛ no biako.+ Bu nea ɛto so asia no to so wɔ ntamadan no anim. 10  Afei yɛ nhankare aduonum toto ntama a wɔaka abom biako ano, na yɛ aduonum wɔ ntama a aka no nso ano, baabi a wobetumi aka abien no asi anim. 11  Na fa kɔbere+ yɛ nkawa aduonum fa hyehyɛ nhankare no mu na ka ntama abien no bom ma ɛnyɛ biako.+ 12  Na ntama no nkae a ɛbɛboro so no de, ma nea aka no fã nsensɛn ntamadan no akyi. 13  Na ntama a ɛboro so no mu basafa biako ngu ntamadan no benkum na basafa biako nso ngu nifa. Ma ɛnsensɛn ntamadan no nkyɛnmu, na ɛnkata n’afanu nyinaa so. 14  “Afei fa adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ nkataso, na fa sukraman nhoma nso yɛ nkataso foforo gu so. 15  “Na sen ɔkanto nnua fa sisi+ ntamadan no anoano. 16  Ma nnua no biara tenten nyɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa biako ne fã. 17  Yɛ biribi te sɛ mpɛɛwa abien tuatua dua biara ase ma ɛnsesa so. Yɛ ntamadan no nnua no nyinaa saa ara. 18  Na fa nnua aduonu sisi ntamadan no fã a ɛhwɛ Negeb, anafo fam no. 19  “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinaso+ aduanan hyehyɛ nnua aduonu no ase. Esiane sɛ dua biara wɔ mpɛɛwa abien nti, wɔde nnyinaso abien bɛhyɛ dua biako ase na wɔde abien ahyehyɛ nnua a aka no mu biara ase. 20  Na fa nnua aduonu nso sisi+ ntamadan no fã a ɛhwɛ atifi fam no anim, 21  na fa dwetɛ yɛ nnua no nnyinaso aduanan. Dua biako wɔ nnyinaso abien, na nnua a aka no mu biara nso wɔ nnyinaso abien.+ 22  Na fa nnua asia sisi ntamadan no akyi a ɛhwɛ atɔe fam no.+ 23  Na fa nnua abien sisi ntamadan no ntwea abien so+ wɔ n’akyi. 24  Fa ade so nnua abien no mu na ɛnka mmɔ ho mfi fam nkosi soro, kawa a edi hɔ no so. Saa ara na yɛ nnua abien a esisi ntamadan no ntwea abien so no. 25  Enti ɛbɛyɛ nnua awotwe ne nnyinaso dunsia a wɔde dwetɛ ayɛ; dua biara nnyinaso abien. 26  “Afei fa ɔkanto nnua anum beabea+ ntamadan nnua no mu wɔ ɔfã biako, 27  na fa nnua anum beabea mu wɔ ɔfã foforo. Na fa nnua anum nso beabea ntamadan no akyi a ɛhwɛ atɔe fam+ no. 28  Mmeamu a ɛwɔ mfinimfini no nkura nnua no mu mfi ti nkosi ti. 29  “Fa sika+ dura nnua no ne mmeamu no ho, na nkawa a mmeamu no hyehyɛ mu no nso, fa sika yɛ. 30  Si ntamadan no sɛnea nhwɛso a mede kyerɛɛ wo bepɔw no so no te.+ 31  “Fa ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera a wɔanwene yɛ ntwamutam,+ na wɔnnwene Kerubim+ wom. 32  Afei fa ɔkanto yɛ adum anan a sika duradura ho, na fa sɛn so. Fa sika yɛ ɛho mpɛɛwa no, na fa adum no sisi dwetɛ nnyinaso anan so. 33  Fa ntwamutam no sɛn nkawa no ase na fa adanse adaka+ no si akyi, na fa ntwamutam no kyɛ Kronkronbea+ no ne Kronkron mu Kronkronbea no mu.+ 34  Fa mmuaso no kata adanse adaka no so wɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ. 35  “Afei fa ɔpon no si ntwamutam no anim wɔ ntamadan no atifi, na fa kaneadua+ no si anafo. Ɔpon no ne kaneadua no nni nhwɛanim. 36  Fa ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera a wɔanwene nwene ntama sɛn+ ntamadan no ano. 37  Afei fa ɔkanto yɛ adum anum na fa sika dura ho. Bio nso fa sika yɛ ɛho mpɛɛwa no, na fa kɔbere yɛ nnyinaso anum a wode adum no besisi so. Afei fa ntama no sensɛn so.

Ase Hɔ Nsɛm