Exodus 27:1-21

27  “Fa ɔkanto dua yɛ afɔremuka;+ ne ntwemu nyɛ basafa anum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa anum. Ɛnyɛ ahinanan, na ne tenten nyɛ basafa abiɛsa.  Yɛ mmɛn+ tuatua n’apɔw anan no so. Mmɛn no mfi dua koro no ara mu, na fa kɔbere dura ho.+  Na yɛ ade a wɔde bɛsesaw nsõ,* na yɛ sofi, nyaawa, adinam, ne afagya. Fa kɔbere yɛ ɛho nneɛma nyinaa.+  Afei fa kɔbere yɛ nkantankantan,+ na fa bi yɛ nkawa anan wɔ ntwea anan no so.  Fa nkantankantan no hyɛ afɔremuka no mfinimfini.+  Na fa ɔkanto sen nnua nteaanteaa ma afɔremuka no, na fa kɔbere dura ho.+  Afei fa nnua no hyehyɛ nkawa a ɛwɔ n’afãnu no mu na wɔde asoa.+  Fa nnua yɛ no sɛ adaka a ɔkwan da mu. Ma wɔnyɛ no sɛnea ɔkyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.+  “Afei yɛ ntamadan no ho baabi a wɔde bɛyɛ adiwo.+ Yɛ nwera a wɔanwene+ sensɛn adiwo no fã a ɛhwɛ Negeb, wɔ anafo fam, na ma ne ntwemu nyɛ basafa ɔha. 10  Adum aduonu ne nnyinaso aduonu a ɛwɔ hɔ no yɛ kɔbere. Na adum no mpɛɛwa ne ne nkawa yɛ dwetɛ.+ 11  Saa ara na nwera a ne ntwemu yɛ basafa ɔha sɛn atifi fam, na adum aduonu ne nnyinaso aduonu no yɛ kɔbere, na adum no mpɛɛwa ne ne nkawa yɛ dwetɛ.+ 12  Ɛdefa adiwo no tɛtrɛtɛ ho no, nwera basafa aduonum sɛn ne fã a ɛhwɛ atɔe fam no, na adum du sisi nnyinaso du+ so. 13  Na adiwo no fã a ɛhwɛ apuei no nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonum.+ 14  Na adum abiɛsa sisi nnyinaso abiɛsa so wɔ ɔpon no nifa, na ntama a ɛsɛn so yɛ basafa dunum.+ 15  Na ɔpon no benkum nso, adum abiɛsa sisi nnyinaso abiɛsa so,+ na ntama a ɛsɛn so yɛ basafa dunum. 16  “Adiwo no pon ano nso, nkataano a ne tenten yɛ basafa aduonu sɛn hɔ. Ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera na wɔde anwene,+ na ɛsɛn adum anan a ɛwɔ nnyinaso anan so.+ 17  Adum a atwa adiwo no ho ahyia nyinaa ho nkawa ne mpɛɛwa yɛ dwetɛ, na ne nnyinaso no nso yɛ kɔbere.+ 18  Adiwo no ntwemu yɛ basafa ɔha,+ na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonum, na nwera a wɔanwene a ɛsensɛn hɔ no, efi soro besi fam, yɛ basafa anum. Adum no nnyinaso yɛ kɔbere. 19  Na ntamadan no mu anwenne, ne ne mpɛɛwa, ne adiwo hɔ mpɛɛwa nyinaa nso yɛ kɔbere.+ 20  “Na ka kyerɛ Israelfo no na wɔmma wo ngodua ngo kurennyenn a wɔde begu kanea biara mu asɔ daa.+ 21  Aaron ne ne mma nsɔ kanea no wɔ ntwamutam+ a ɛsɛn Adanse no ho no anim wɔ ahyiae ntamadan no mu, na wɔnhwɛ sɛ ebesi so fi anwummere kosi anɔpa wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ahyɛde a Israelfo bedi so daa+ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

“Nsõ,” kyerɛ sɛ nsõ ne srade a adi afra.