Exodus 34:1-35

34  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sen abopon abien te sɛ kan de no,+ na mɛkyerɛw nsɛm a na ɛwɔ kan apon+ a wububuu no no+ so agu so.  Siesie wo ho twɛn anɔpa, efisɛ wobɛba Bepɔw Sinai so anɔpa abegyina me nkyɛn wɔ bepɔw no so.+  Nanso mma obiara nnni w’akyi, na mma obi foforo biara nnyi ne ti wɔ bepɔw no so.+ Afei nantwi anaa oguan biara mmma bepɔw no ho mmmedidi.”+  Enti Mose sen abopon abien te sɛ kan de no, na ɔsɔree anɔpatutuutu faa abopon abien no kura kɔɔ Bepɔw Sinai so sɛnea Yehowa hyɛɛ no no.  Na Yehowa nam omununkum mu sianee,+ na obegyinaa ne nkyɛn, na ɔbɔɔ Yehowa din.+  Na Yehowa betwaam wɔ n’anim paeem kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo+ ne ɔdomfo,+ nea ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe+ ne ne nokwaredi+ dɔɔso.  Oyi n’adɔe adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+  Ɛnna Mose yɛɛ ntɛm bɔɔ ne mu ase kotow fam.+  Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim dom a, ɛnde mesrɛ wo ka yɛn ho na yɛnkɔ,+ efisɛ nnipa yi kɔn asen.+ Yehowa, fa yɛn mfomso ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapade.”+ 10  Ɛnna obuae sɛ: “Me ne mo bɛyɛ apam: Mɛyɛ anwonwade a wɔnyɛɛ bi da wɔ asase anaa ɔman biara so.+ Mɛyɛ eyi wɔ wo nkurɔfo nyinaa anim. Na nnipa a wɔka wo ho yi nyinaa behu Yehowa nnwuma, efisɛ nea mɛyɛ ama mo no bɛyɛ hu.+ 11  “Wo de, di nea merehyɛ wo nnɛ yi so.+ Na metu Amorifo, Kanaanfo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo ne Yebusifo afi w’anim.+ 12  Hwɛ yiye na wo ne nnipa a wɔte baabi a worekɔ no anyɛ apam+ biara na ansum wo afiri.+ 13  Na mummubu wɔn afɔremuka ne wɔn abosom adum no, na muntwitwa wɔn abosonnua ngu.+ 14  Nkotow onyame foforo+ biara, efisɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔne obiara nkyɛ ne som.*+ 15  Afei wo ne nnipa a wɔwɔ asase no so no nnyɛ apam, na sɛ wɔne wɔn anyame rebɔ aguaman+ anaa sɛ wɔrebɔ afɔre ama wɔn anyame+ a, obi amfrɛ wo ankodi wɔn abosonnuan no bi.+ 16  Ɛba saa a, wubegye wɔn mmabea ama wo mmabarima aware,+ na sɛ wɔn mmabea no ne wɔn anyame bɔ aguaman a, wɔbɛma wo mmabarima no nso ne wɔn anyame no abɔ aguaman.+ 17  “Nyɛ dade honi biara.+ 18  “Munni paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ no.+ Bere a mahyɛ wɔ ɔsram Abib mu+ no du a, munni paanoo a mmɔkaw nnim no nnanson, efisɛ ɔsram Abib mu na mufii Egypt bae. 19  “Nea ebue yafunu ano biara yɛ me dea,+ na wo mmoa nso, nantwi oo, oguan oo, onini biara a odi kan no yɛ me dea.+ 20  Na afurum ba a odi kan de, fa oguan sesa,+ anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Na wo mmabarima mu mmakan de, tɔ wɔn.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde nsapan ba m’anim.+ 21  “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no home.+ Adɔw bere oo, otwa bere oo, home.+ 22  “Munni adapɛn afahyɛ no, bere a mode awi a edi kan ba+ no, ne anoboaboa afahyɛ wɔ afe awiei no.+ 23  “Afe biara ɔbarima biara bɛba abegyina+ Awurade Yehowa, Israel Nyankopɔn nokwafo no, anim mprɛnsa. 24  Na mɛpam aman no afi w’anim,+ na mɛma w’asase ayɛ kɛse,+ na sɛ wokɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim mprɛnsa afe biara a, obiara ani remmere w’asase.+ 25  “Wukum aboa de bɔ afɔre ma me a, mfa biribiara a akaw nka mogya no ho.+ Na mma ade nnkye twam afahyɛ afɔrebɔde no so.+ 26  “Fa w’afuw mu nnepa a wubetwa no kan+ no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+ “Nnoa abirekyi ba wɔ ne maame nufusu mu.”+ 27  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw nsɛm yi to hɔ,+ efisɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”+ 28  Odii Yehowa nkyɛn adaduanan, awia ne anadwo, wɔ hɔ. Aduan ne nsu biara anka n’ano.+ Na ɔkyerɛw Nsɛm Du a ɛyɛ apam no ho nsɛm no wɔ abopon no so.+ 29  Afei bere a Mose fi Bepɔw Sinai so resian no, na Adanse apon abien no kura no.+ Ná Mose nnim sɛ kasa a ɔne no kasae no ama n’anim were ayɛ hyɛnn.+ 30  Bere a Aaron ne Israelfo no huu Mose no, na n’anim were ayɛ hyɛnn, enti na wosuro sɛ wɔbɛbɛn no.+ 31  Afei Mose frɛɛ wɔn. Na Aaron ne Israel mpanyimfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔne wɔn kasae. 32  Ɛno akyi no Israelfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔde ahyɛde a Yehowa de maa no wɔ Bepɔw Sinai so no nyinaa too wɔn anim.+ 33  Sɛ Mose ne wɔn kasa wie a, na ɔde ade akata n’anim.+ 34  Nanso sɛ ɔkɔ Yehowa anim ne no kɔkasa a, oyi nkataanim no kosi sɛ obefi n’anim akɔ.+ Na nea ɔbɛhyɛ no biara ɔkɔka kyerɛ Israelfo no.+ 35  Israelfo no hui sɛ Mose anim ayɛ hyɛnn;+ na Mose san kataa n’anim kosii sɛ ɔne no kɔkasae bio.+

Ase Hɔ Nsɛm

“Anaasɛ, “Yehowa a ne din de Ninkufo no yɛ Onyankopɔn ninkufo.”