Exodus 36:1-38

36  “Na Besalel ne Oholiab+ ne obiara a ɔwɔ nyansa koma a Yehowa ama no nyansa+ ne nimdeɛ+ a ɔde bɛyɛ adwuma kronkron no bɛyɛ nea Yehowa ahyɛ nyinaa.”+  Enti Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne obiara a ɔwɔ nyansa koma a Yehowa de nyansa ahyɛ ne komam,+ obiara a ne koma kaa no no, sɛ ɔmmɛyɛ adwuma no bi.+  Afei wɔfaa nneɛma+ a Israelfo no de bae sɛ wɔmfa nyɛ adwuma kronkron no nyinaa fii Mose anim sɛ wɔde rekɔyɛ adwuma no. Na Israelfo no kɔɔ so ara de ayɛyɛde brɛɛ no anɔpa biara.  Na adwumfo a wɔreyɛ adwuma kronkron no nyinaa gyaee wɔn adwuma bae,  na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nneɛma a nkurɔfo no de reba no dɔɔso, na ɛboro adwuma a Yehowa ahyɛ sɛ yɛnyɛ no so.”  Ɛnna Mose ma wɔpaee mu kae wɔ nsraban no nyinaa mu sɛ: “Mmarima ne mmea, obiara mmfa ntoboa kronkron no bi mmma bio.” Afei wɔmaa nkurɔfo no gyaee nneɛma a wɔde ba no.  Ná nea wɔanya no bɛsõ adwuma no ma aboro so.  Na wɔn a wɔwɔ nyansa koma+ a wɔyɛ adwuma no nyinaa fii ase yɛɛ ntamadan+ no. Wɔnwenee nwera, ahama bruu, tankɔkɔɔ, ne koogyan de yɛɛ ntama du a wɔde bɛyɛ ntamadan no; na ɔnwenee Kerubim wom.  Ntama no mu biara ntwemu yɛ basafa aduonu awotwe na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa anan. Ntama no nyinaa kɛse yɛ pɛ. 10  Na ɔde ntama anum toatoaa so yɛɛ no biako,+ na ɔde anum a aka no nso toatoaa so yɛɛ no biako. 11  Afei ɔde ahama bruu yɛɛ nhankare totoo ntama biako ano, na ɔyɛɛ saa ara wɔ ntama foforo no nso ano, baabi a wɔbɛka abien no asi anim no.+ 12  Ɔyɛɛ nhankare aduonum wɔ ntama biako ano, na ɔyɛɛ aduonum wɔ ntama a aka no nso ano, baabi a wɔbɛka abien no asi anim no; enti na hankare ne hankare di nhwɛanim.+ 13  Na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa aduonum, na ɔde susoo ntama abien no mu ma ɛyɛɛ ntamadan biako.+ 14  Afei ɔde abirekyi nhwi yɛɛ ntama dubiako a ɔde bɛkata ntamadan no so.+ 15  Ntama no mu biara ntwemu yɛ basafa aduasa, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa anan. Osusuw ntama dubiako no nyinaa pɛ.+ 16  Ɔkaa ntama anum boom yɛɛ no biako, na ɔkaa asia a aka no nso boom yɛɛ no biako.+ 17  Afei ɔyɛɛ nhankare aduonum totoo ntama a waka abom biako no ano, na ɔyɛɛ aduonum wɔ ntama a aka no nso ano, baabi a wɔde ntama biako beso biako mu no.+ 18  Ɛno akyi no ɔde kɔbere yɛɛ nkawa aduonum de susoo ntama abien no mu ma ɛyɛɛ biako.+ 19  Afei ɔde adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ nkataso, na ɔde sukraman nhoma+ nso yɛɛ nkataso foforo guu so.+ 20  Osen ɔkanto nnua+ de sisii ntamadan no anoano. 21  Nnua no mu biara tenten yɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa biako ne fã.+ 22  Ɔyɛɛ biribi te sɛ mpɛɛwa abien de tuatuaa ntamadan nnua no biara ase ma ɛsaa so.+ 23  Enti osen ntamadan no ho nnua; ɔde aduonu sisii ɔfã a ɛhwɛ Negeb, anafo fam.+ 24  Afei ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinaso aduanan hyehyɛɛ nnua aduonu no ase. Esiane sɛ dua biara wɔ mpɛɛwa abien nti, ɔde nnyinaso abien hyɛɛ dua biako ase, na ɔde abien hyehyɛɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 25  Na ɔde nnua aduonu nso sisii ntamadan no fã a ɛhwɛ atifi fam+ no, 26  na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinaso aduanan. Dua biako wɔ nnyinaso abien, na nnua a aka no mu biara nso wɔ nnyinaso abien.+ 27  Na ɔyɛɛ nnua asia sisii ntamadan no nkyɛnmu a ɛhwɛ atɔe fam+ no. 28  Na ɔde nnua abien sisii ntamadan no ntwea abien so wɔ n’akyi.+ 29  Ɔde ade susoo nnua abien no mu ka bɔɔ ho fi fam kosii soro, kawa a edi kan no so. Na ɔyɛɛ nnua abien a esisi ntamadan no ntwea so no nso saa ara.+ 30  Enti ne nyinaa yɛ nnua awotwe ne nnyinaso dunsia a wɔde dwetɛ ayɛ; dua biara wɔ nnyinaso abien wɔ ase.+ 31  Afei ɔde ɔkanto sen nnua anum de beabeaa ntamadan nnua no mu wɔ ɔfã biako,+ 32  na ɔde nnua anum beabeaa mu wɔ ɔfã foforo. Na ɔde nnua anum nso beabeaa ntamadan no akyi a ɛhwɛ atɔe fam+ no. 33  Na ɔde mmeamu a ɛwɔ mfinimfini no soo nnua no mu fi ti kosi ti.+ 34  Ɔde sika duraa nnua no ne mmeamu no ho, na nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no nso, ɔde sika yɛe.+ 35  Afei ɔde ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera a wɔanwene yɛɛ ntwamutam,+ na wɔnwenee Kerubim+ wom. 36  Na ɔde ɔkanto yɛɛ adum anan a ɔde bɛsensɛn so, na ɔde sika duraa ho. Ɔde sika yɛɛ ɛho mpɛɛwa, na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinaso anan a ɔde adum no besisi so.+ 37  Ɛnna ɔde ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera nwenee ntama a ɔde bɛsɛn ntamadan no ano.+ 38  Na ɔyɛɛ adum anum ne ɛho mpɛɛwa. Afei ɔde sika duraa ɛso ne ne nhyiae so, na nnyinaso anum no de, ɔde kɔbere na ɛyɛe.+

Ase Hɔ Nsɛm