Exodus 38:1-31

38  Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so. Ɔyɛɛ no ahinanan, kyerɛ sɛ ne ntwemu yɛ basafa anum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa anum. Ne tenten de, ɛyɛ basafa abiɛsa.+  Na ɔyɛɛ mmɛn+ tuatuaa n’apɔw anan no so. Mmɛn no fi dua koro no ara mu, na ɔde kɔbere duraa ho.+  Ɛno akyi no, ɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, ade a wɔde bɛsesaw nsõ, sofi, nyaawa, adinam, ne ogya nkukuwa. Kɔbere na ɔde yɛɛ ɛho nneɛma nyinaa.+  Ɔde kɔbere yɛɛ nkantankantan de hyɛɛ afɔremuka no mfinimfini.+  Na ɔyɛɛ nkawa anan a wɔde nnua nteaanteaa bɛhyehyɛ mu wɔ ntwea anan no so wɔ kɔbere nkantankantan no ho.  Afei ɔde ɔkanto yɛɛ nnua nteaanteaa no na ɔde kɔbere duraa ho.+  Ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa a ɛwɔ n’afã abien no mu na wɔde asoa.+ Ɔde nnua yɛɛ no sɛ adaka a ɔkwan da mu.+  Ɔde kɔbere yɛɛ ɛsɛn+ ne ne nnyinaso. Mmea a wɔbɛsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no nhwehwɛ na wɔde yɛe.+  Afei ɔyɛɛ adiwo.+ Na ɔde nwera a wɔanwene yɛɛ ntama sensɛn ɔfã a ɛhwɛ Negeb, wɔ anafo fam no. Na ne ntwemu yɛ basafa ɔha.+ 10  Ɔde kɔbere yɛɛ adum aduonu ne nnyinaso aduonu no. Na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no mpɛɛwa ne ne nkawa.+ 11  Ɔfã a ɛhwɛ atifi fam no nso yɛ basafa ɔha. Na ɔde kɔbere yɛɛ adum aduonu ne nnyinaso aduonu, na ɔde dwetɛ yɛɛ ɛho mpɛɛwa ne nkawa+ no. 12  Ɛdefa adiwo no tɛtrɛtɛ ho no, ɔde nwera basafa aduonum sɛn ne fã a ɛhwɛ atɔe fam. Ɛhɔ de, ɔyɛɛ adum du sisii nnyinaso du+ so. Na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no ho mpɛɛwa ne nkawa no. 13  Na ne fã a ɛhwɛ apuei fam no nso yɛ basafa aduonum.+ 14  Na ɔyɛɛ adum abiɛsa sisii nnyinaso abiɛsa so+ wɔ ɔpon no nifa, na ɔde ntama basafa dunum sɛn so. 15  Ɔyɛɛ adum abiɛsa sisii nnyinaso abiɛsa no so wɔ ɔpon no benkum nso, ɔfã ha ne ha,+ na ɔde ntama basafa dunum sɛn so. 16  Ɔde nwera a wɔanwene na ɛyɛɛ ntama a ɛsensɛn adiwo no ho nyinaa. 17  Kɔbere na ɔde yɛɛ adum no nnyinaso nyinaa. Na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no mpɛɛwa ne ne nkawa. Na ɔde dwetɛ duraa adiwo hɔ adum no nyinaa so, na ne nhyiae so nso, ɔde dwetɛ na ɛyɛe.+ 18  Na adiwo no pon ano nso, ɔde ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera+ nwenee nkataano a ne ntwemu yɛ basafa aduonu sɛn hɔ. Na efi soro besi fam nso yɛ basafa anum, te sɛ ntama a ɛsensɛn adiwo no ho no.+ 19  Na adum anan ne nnyinaso anan no yɛ kɔbere. Ɛho mpɛɛwa yɛ dwetɛ na ɔde dwetɛ duraa adum no so, na ɔde dwetɛ yɛɛ ne nhyiae so. 20  Na mpɛɛwa a wɔde yɛɛ ntamadan no ne adiwo no ho adwuma nyinaa yɛ kɔbere.+ 21  Sɛɛ na wobuu nneɛma a wɔde yɛɛ Adanse ntamadan+ no ano. Mose na ɔmaa Lewifo+ a ɔsɔfo Aaron ba Itamar+ da wɔn ano no sesee biribiara buu ano. 22  Na Hur ba Uri ba Besalel+ a ofi Yuda abusuakuw mu no yɛɛ nea Yehowa hyɛɛ Mose no nyinaa. 23  Ná Ahisamak ba Oholiab+ a ofi Dan abusuakuw mu no ka ne ho. Saa ɔbarima yi yɛ odwumfo a otumi de asaawa di adwini na ɔde ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera nwene nneɛma. 24  Sika kɔkɔɔ a wɔde yɛɛ adwuma kronkron no, kyerɛ sɛ sika kɔkɔɔ a wɔde bae sɛ ohim afɔre+ no nyinaa ano si dwetikɛse aduonu akron ne nnwetɛbona ahanson aduasa, sɛnea wobu dwetɛbona+ ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 25  Dwetɛ a asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no de bae no si dwetikɛse ɔha ne nnwetɛbona apem ahanson aduɔson anum, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. 26  Obiara a wɔkan no a wadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no de dwetɛbona fã bae,+ sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no, na wɔn nyinaa ano si mpem ahansia ne abiɛsa, ahanum aduonum.+ 27  Dwetɛ a wɔde yɛɛ kronkronbea no nnyinaso ne ntwamutam no nnyinaso ano si dwetikɛse ɔha. Nnyinaso ɔha no yɛ dwetikɛse ɔha, kyerɛ sɛ nnyinaso+ biara yɛ dwetikɛse biako. 28  Na ɔde nnwetɛbona apem ahanson aduɔson anum yɛɛ adum no mpɛɛwa, na oduraa ho ka boom. 29  Na kɔbere a wɔde bae sɛ ohim afɔre no ano si dwetikɛse aduɔson ne nnwetɛbona mpem abien ahanan. 30  Ɔde eyi nso yɛɛ nnyinaso a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano ne kɔbere afɔremuka ne kɔbere nkantankantan a ɛda so no, ne afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, 31  ne nnyinaso a ɛwɔ adiwo no ho nyinaa, ne adiwo no pon no nnyinaso, ne mpɛɛwa+ a ɛwɔ ntamadan no ne adiwo no ho nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm