Exodus 4:1-31

4  Na Mose buae sɛ: “Na sɛ wɔannye me anni na wɔantie me,+ na wɔka sɛ ‘Yehowa nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo’ nso ɛ?”  Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Dɛn na ekura wo yi?” Na obuae sɛ “Ɛyɛ poma.”+  Ɛnna ɔkae sɛ: “Tow kyene fam.” Enti ɔtow kyenee fam, na ɛdan ɔwɔ;+ ɛnna Mose guan fii hɔ.  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa so ne dua mu.” Na ɔteɛɛ ne nsa soo ne dua mu, na ɛdan poma wɔ ne nsam.  Na ɔkae sɛ: “Ɛno bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn,+ Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn+ ne Yakob Nyankopɔn+ no ayi ne ho adi akyerɛ wo.”+  Afei Yehowa ka kyerɛɛ no bio sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ wo kokom.” Enti ɔde ne nsa hyɛɛ ne kokom. Oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho fitaa te sɛ sukyerɛmma!+  Afei ɔkae sɛ: “Fa wo nsa san hyɛ wo kokom.” Na ɔde ne nsa san hyɛɛ ne kokom. Na bere a oyi fii ne kokom no, na kwata no kɔ ma ne nsa ho ayɛ sɛ ne honam baabiara!+  Na ɔkae sɛ: “Sɛ wɔantie wo na wɔannye sɛnkyerɛnne a edi kan no anni a, sɛnkyerɛnne a ɛto so abien no de, wobegye adi.+  Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne abien yi anni na wɔantie wo+ a, kɔsaw Nil asubɔnten mu nsu na hwie gu asase kesee so, na nsu a wosaw fii Nil asubɔnten no mu no bɛdan mogya wɔ asase kesee so.”+ 10  Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, ebesi nnɛ ne bere a wo ne w’akoa rekasa yi mpo, m’ano ntew, efisɛ me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma yɛ duru.”+ 11  Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hena na ɔyɛɛ ano maa onipa, na hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo anaa nea ohu ade anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me Yehowa?+ 12  Enti kɔ, na worekasa a, mɛka wo ho na makyerɛ wo nea ka.”+ 13  Nanso ɔkae sɛ: “Yehowa, sɛ obi foforo wɔ hɔ a wobɛsoma no a, mesrɛ wo soma no.” 14  Ɛnna Yehowa bo fuw Mose, na ɔkae sɛ: “Wo nua Lewini Aaron+ nni hɔ? Minim sɛ onim kasa. Na mpo ɔnam kwan so rebehyia wo. Sɛ ohu wo a, n’ani begye ne komam.+ 15  Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo nea monyɛ.+ 16  Ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no; ɔno na ɔbɛyɛ ano ama wo+ na wo nso woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.+ 17  Na fa poma yi kura na wode ayɛ nsɛnkyerɛnne no.”+ 18  Afei Mose san kɔɔ n’ase Yetro hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ mesan kɔ me nuanom a wɔwɔ Egypt no nkyɛn kɔhwɛ sɛ wɔda so te ase+ anaa.” Ɛnna Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa asomdwoe kɔ.”+ 19  Na Yehowa ne Mose kasae wɔ Midian sɛ: “San kɔ Egypt, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo kra no nyinaa awuwu.”+ 20  Ɛnna Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenaa afurum so, na osiim de n’ani kyerɛɛ Egypt. Na ɔfaa nokware Nyankopɔn no poma no kurae.+ 21  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wunya kodu Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwonwade a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma wapirim ne koma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+ 22  Na ka kyerɛ Farao sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Israel yɛ me ba, me ba panyin.+ 23  Mise wo sɛ: Ma me ba no kwan na ɔnkɔsom me. Na sɛ woamma no kwan ankɔ a, mekum wo ba panyin.”’”+ 24  Na ɛbae sɛ woduu ɔkwan no so ahomegyebea+ bi no, Yehowa behyiaa no+ na ɔpɛe sɛ okum no.+ 25  Ɛnna Sipora+ faa ɔbo bi a ano yɛ nnam de twaa ne ba no twetia+ na ɔma ɛkaa ne nan, na ɔkae sɛ: “Woyɛ mogya ayeforokunu ma me.” 26  Ɛnna ogyaa no. Na twetiatwa no nti Sipora kae sɛ: “Woyɛ mogya ayeforokunu.” 27  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kohyia Mose wɔ sare so.”+ Enti okohyiaa no wɔ nokware Nyankopɔn no bepɔw+ so na ofew n’ano. 28  Na Mose kaa nsɛm a Yehowa de asoma no+ ne nsɛnkyerɛnne a wahyɛ sɛ ɔnyɛ+ nyinaa kyerɛɛ Aaron. 29  Enti Mose ne Aaron kɔboaboaa Israel mpanyimfo nyinaa ano.+ 30  Afei Aaron kaa nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa,+ na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne+ no wɔ nkurɔfo no anim. 31  Ɛbaa saa no nkurɔfo no gye dii.+ Na bere a wɔtee sɛ Yehowa adan n’ani+ aba Israelfo so na wahu wɔn amanehunu+ no, wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butuw fam.+

Ase Hɔ Nsɛm