Exodus 5:1-23

5  Akyiri yi, Mose ne Aaron kɔɔ Farao+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa se, ‘Ma me nkurɔfo nkɔhyɛ fã mma me wɔ sare so.’”+  Na Farao kae sɛ: “Hena ne Yehowa+ a mintie no mma Israel nkɔ?+ Minnim Yehowa biara,+ na Israel nso, meremma wɔnkɔ.”+  Nanso wɔtoaa so kae sɛ: “Hebrifo Nyankopɔn no ne yɛn akasa.+ Enti yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yetu kwan nnansa kɔ sare so kɔbɔ afɔre ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde owuyare anaa nkrante bɛba yɛn so.”+  Afei Egypt hene bisaa wɔn sɛ: “Dɛn nti na mo, Mose ne Aaron, moama nkurɔfo no agyae adwuma a wɔreyɛ no?+ Monkɔhwɛ so nyɛ mo adwuma!”+  Farao toaa so sɛ: “Hwɛ! Nnipa a wɔwɔ asase no so adɔɔso,+ ɛnna mopɛ sɛ wogyae adwuma a wɔreyɛ yi!”+  Enti da no ara, Farao ka kyerɛɛ wɔn a wɔde nkurɔfo no kɔ adwuma ne wɔn a wɔda wɔn ano+ no sɛ:  “Mommma nkurɔfo no sare mmfa nnyɛ birikisi+ bio. Momma wɔn ankasa nkɔhwehwɛ sare.  Na momma wɔnyɛ birikisi dodow a wɔyɛ daa no. Monntew so mmma wɔn, efisɛ wɔyɛ anihafo.+ Na ɛno nti na wɔresu sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔ, yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔre ma yɛn Nyankopɔn!’+  Mummia adwuma no mu mma wɔn, na monhwɛ sɛ wɔbɛyɛ, na mommma wonntie atosɛm biara.”+ 10  Enti wɔn a wɔde nkurɔfo no kɔ adwuma+ ne wɔn a wɔda wɔn ano no kɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Eyi ne asɛm a Farao aka, ‘Meremma mo sare bio. 11  Baabi a mubenya sare biara, mo ara monkɔhwehwɛ, nanso mo adwuma no de, wɔrentew so ketewaa bi mpo.’”+ 12  Enti nkurɔfo no tew wɔn ho guu wuram wɔ Egypt asase so baabiara kɔboaboaa buronan ano sɛ sare. 13  Na wɔn a wɔde wɔn kɔ adwuma no tĩĩ mu ka kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Obiara nwie adwuma a wɔatwa ama no da no, te sɛ bere a na sare wɔ hɔ no.”+ 14  Na Farao adwuma so ahwɛfo no hwee+ Israelfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano+ no, na wobisaa wɔn sɛ: “Dɛn nti na nnɛra ne nnɛ, moanwie birikisi+ dodow a wɔatwa ama mo sɛ monyɛ sɛnea na moyɛ dedaw no?”+ 15  Afei wɔn a wɔda Israelfo ano+ no kɔɔ Farao nkyɛn kosu kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wo ne wo nkoa redi no saa? 16  Wɔmmaa wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monyɛ birikisi!’ Mfomso no fi wo nkurɔfo no, nanso wɔhwe yɛn.”+ 17  Na obuae sɛ: “Moyɛ anihafo, moyɛ anihafo!+ Enti na moka sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔre ma Yehowa.’+ 18  Monkɔ nkɔyɛ adwuma! Wɔremma mo sare biara, nanso mobɛyɛ birikisi dodow a wɔatwa ama mo no.”+ 19  Bere a ɔkae sɛ:+ “Monntew birikisi a moyɛ no daa no so biako mpo”+ no, wɔn a wɔdeda Israelfo ano no hui sɛ asɛm ato wɔn. 20  Afei bere a wofi Farao hɔ reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron+ sɛ wogyina hɔ retwɛn wɔn. 21  Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhwɛ mo na ommu mo atɛn,+ efisɛ moama yɛn ho abɔn+ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrante ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.”+ 22  Ɛnna Mose dan kɔɔ Yehowa nkyɛn+ kɔkae sɛ: “Yehowa, dɛn nti na woama awie nkurɔfo yi bɔne?+ Dɛn nti koraa na wosomaa me?+ 23  Efi bere a mekɔɔ Farao nkyɛn de wo din+ ne no kasae no, ɔne nkurɔfo yi adi no nwenweenwene,+ nanso wunnyee wo nkurɔfo.”+

Ase Hɔ Nsɛm