Exodus 7:1-25

7  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mayɛ wo Onyankopɔn ama Farao,+ na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo.+  Wo de, wobɛka nea mahyɛ wo+ nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao+ na wama Israelfo no afi n’asase so akɔ.+  Na mɛma Farao apirim ne koma+ na ama mayɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree wɔ Egypt asase so.+  Nanso Farao rentie mo;+ na mɛsɔre atia Egypt na mabu no atɛn,+ na meyi m’asafo,+ me man+ Israelfo,+ afi Egypt asase so.  Afei sɛ mede me nsa ka Egypt+ a, ɛno na Egyptfo behu sɛ mene Yehowa, na ɔkwan biara so meyi Israelfo no afi wɔn mu.”+  Na Mose ne Aaron kɔyɛɛ nea Yehowa hyɛɛ wɔn no.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.+  Bere a wɔne Farao kɔkasae no, na Mose adi mfe aduɔwɔtwe, na na Aaron nso adi mfe aduɔwɔtwe abiɛsa.+  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:  “Sɛ ɛba sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ, ‘Monyɛ anwonwade’+ bi a, ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Tow wo poma+ no to Farao anim.’ Ɛbɛdan ɔwɔ+ kɛse.” 10  Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim, na wɔyɛɛ nea Yehowa ahyɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. Aaron tow ne poma no too Farao ne ne nhenkwaa anim, na ɛdan ɔwɔ kɛse. 11  Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne asumanfo+ bae, na Egypt akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm+ yɛɛ saa ara. 12  Wɔn mu biara tow ne poma too fam na ɛdan ɔwɔ kɛse, na Aaron poma no memenee wɔn mpoma no. 13  Nanso Farao kɔɔ so ara pirim ne koma,+ na wantie wɔn, sɛnea Yehowa kae no. 14  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao koma yɛ den.+ Wasi ne bo sɛ ɔremma nkurɔfo no nkɔ.+ 15  Kɔ Farao nkyɛn anɔpa. Hwɛ, ɔrekɔ nsu no ho!+ Enti fa wo poma a ɛdan ɔwɔ no kura+ na kogyina Asubɔnten Nil ho hyia no.+ 16  Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Hebrifo Nyankopɔn Yehowa na wasoma me wo nkyɛn+ sɛ: “Ma me nkurɔfo no nkɔsom me wɔ sare so,”+ nanso wuntiei de besi nnɛ. 17  Nea Yehowa aka ni:+ “Eyi na ɛbɛma woahu sɛ mene Yehowa.+ Mede poma a ekura me yi rebɛbɔ Asubɔnten Nil+ mu na ɛbɛdan mogya.+ 18  Na Asubɔnten Nil mu nam bewuwu+ ama nsu no abɔn kankaankan,+ na ɛbɛyɛ Egyptfo abofono sɛ wɔbɛnom Nil mu nsu.”’”+ 19  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na teɛ wo nsa kyerɛ+ Egypt nsu so, wɔn nsubɔnten, Nil asuasu, atare,+ ne mmura nyinaa so na ɛnnan mogya.’ Na mogya bɛba Egypt asase so baabiara, nneɛma a wɔde dua ayɛ ne nea wɔde abo ayɛ nyinaa mu.” 20  Mose ne Aaron yɛɛ saa ntɛm ara,+ sɛnea Yehowa hyɛɛ+ wɔn no. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsu a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nhenkwaa anim,+ na Asubɔnten Nil mu nsu nyinaa dan mogya.+ 21  Afei mpataa a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no wuwui,+ na asubɔnten no bɔnee. Enti Egyptfo no antumi annom Asubɔnten Nil mu nsu,+ na mogya baa Egypt asase so baabiara. 22  Na Egypt akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim ne koma,+ na wantie wɔn, sɛnea na Yehowa aka no.+ 23  Afei Farao fi hɔ kɔɔ ne fie, na wamfa nea asi yi nso anyɛ asɛm.+ 24  Na Egyptfo nyinaa fii ase tutuu mmura wɔ Asubɔnten Nil ho de pɛɛ nsu a wɔbɛnom, efisɛ na wontumi nnom Nil mu nsu.+ 25  Yehowa de ne nsa kaa Asubɔnten Nil akyi no, nnanson betwaam.

Ase Hɔ Nsɛm