Exodus 9:1-35

9  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ,+ ‘Nea Hebrifo Nyankopɔn Yehowa aka ni: “Ma me nkurɔfo no kwan ma wɔnkɔsom me.  Na sɛ wokɔ so siw wɔn kwan na woamma wɔankɔ+ a,  ɛnde hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa+ a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma ɔyare atew asi w’apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan nyinaa mu ma wɔawuwu.+  Na Yehowa bɛma nsonsonoe abɛda Israel mmoa ne Egypt mmoa ntam, na Israelfo mmoa no mu biako mpo renwu.”’”+  Afei Yehowa hyɛɛ bere sɛ: “Ɔkyena Yehowa bɛyɛ eyi wɔ asase no so.”+  Enti ade kyee no, Yehowa yɛɛ nea waka no, na Egypt nyɛmmoa ahorow nyinaa fii ase wuwui,+ na Israelfo mmoa de, biako mpo anwu.  Na Farao soma ma wɔkɔhwɛe, na wohui sɛ Israelfo no mmoa no mu biako mpo nwui. Nanso ɔkɔɔ so ara pirim ne koma,+ na wamma nkurɔfo no ankɔ.  Eyi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Momfa mo nsa abien nsaw fononoo mu nsõ,+ na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim.  Na ɛbɛyɛ tutuw wɔ Egypt asase nyinaa so, na ɛbɛdan mpɔmpɔ bɔne+ na abobɔ nnipa ne mmoa wɔ Egypt asase so baabiara.” 10  Enti wɔkɔsaw fononoo mu nsõ, na wobegyinaa Farao anim. Afei Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔ bɔne+ bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa. 11  Na mpɔmpɔ no nti, akɔmfo a wɔwɔ hɔ no antumi annyina Mose anim, efisɛ na mpɔmpɔ no abobɔ akɔmfo no ne Egyptfo nyinaa.+ 12  Nanso Yehowa maa Farao pirim ne koma na wantie wɔn, sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no.+ 13  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔ Farao anim,+ na ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Hebrifo Nyankopɔn Yehowa aka ni: “Ma me nkurɔfo kwan ma wɔnkɔsom me.+ 14  Anyɛ saa a, mɛsoma me mmusu nyinaa aba wo ne wo nkoa ne wo man so na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so.+ 15  Sɛ mepɛ a, anka ebesi saa bere yi mateɛ me nsa de owuyare abɔ wo ne wo manfo, na matwa wo afi asase so.+ 16  Nanso nea enti a makora wo so+ ne sɛ mepɛ sɛ wuhu me tumi na nnipa abɔ me din asase nyinaa so.+ 17  Woda so ara de w’ahantan asiw me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ anaa?+ 18  Ɔkyena sesɛɛ mɛma amparuwbo a emu yɛ duru a ebi ntɔɔ da fi bere a wɔkyekyee Egypt de besi nnɛ atɔ.+ 19  Enti soma kɔfa wo mmoa ne biribiara a wowɔ wɔ wuram bra dan mu. Onipa anaa aboa biara a ɔwɔ wuram a wɔamfa no amma fie no, amparuwbo+ no begu ne so ma wawu.”’” 20  Farao nkoa a wosuro Yehowa asɛm no maa wɔn ankasa nkoa ne wɔn mmoa guan baa fie,+ 21  nanso wɔn a wɔamfa Yehowa asɛm anyɛ asɛm no gyaw wɔn nkoa ne wɔn mmoa wɔ wuram.+ 22  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa+ kyerɛ soro ma amparuwbo+ ntɔ ngu Egypt asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne afifide nyinaa so wɔ Egypt asase so.” 23  Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne amparuwbo+ ne ogya pae guu asase no so, na Yehowa maa amparuwbo no tɔ guu Egypt asase so. 24  Bere a amparuwbo retɔ no, na ogya nam mu. Na ano den de, efi bere a Egypt bɛyɛɛ ɔman no, na ɛso bi mmaa asase no so da.+ 25  Amparuwbo no pae guu Egypt asase nyinaa so. Ɛpae guu biribiara a ɛwɔ wuram so, efi nnipa so kosi mmoa ne afifide nyinaa so. Na ebubuu wuram nnua nyinaa.+ 26  Gosen asase a na Israelfo wɔ so no nkutoo na amparuwbo no antɔ wɔ hɔ.+ 27  Ɛnna Farao soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei de, mahu sɛ mayɛ bɔne.+ Yehowa teɛ,+ na me ne me manfo di fɔ. 28  Monsrɛ Yehowa na Onyankopɔn aprannaa ne amparuwbo no nsõ ha yi ara,+ na mɛma mo kwan ma moakɔ; morentena ha bio.” 29  Enti Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ minya fi kurom ha kɔ pɛ a, mɛtrɛw me nsam wɔ Yehowa anim.+ Afei aprannaa ne amparuwbo no to betwa na woahu sɛ asase yɛ Yehowa dea.+ 30  Nanso minim yiye sɛ eyi mpo remma wo ne wo nkoa nsuro Yehowa Nyankopɔn.”+ 31  Nea esii no kaa asaawa ne atoko nso, efisɛ na atoko no adu bere a ɛsɛ sɛ wotwa na asaawa no nso agu nhwiren.+ 32  Nanso awi ne kɔkɔte*+ de, ansɛe efisɛ na ɛtaa ka akyi. 33  Afei Mose gyaw Farao hɔ kɔe, na ofii kurow no mu kɔtrɛw ne nsam wɔ Yehowa anim, na aprannaa ne amparuwbo no to twae na osu no gyaee tɔ wɔ asase no so.+ 34  Bere a Farao hui sɛ osu ne amparuwbo ne aprannaa no agyae no, ɔkɔɔ so ara yɛɛ bɔne na ɔne ne nkoa pirim wɔn koma.+ 35  Na Farao kɔɔ so pirim ne koma, na wamma Israelfo no ankɔ, sɛnea na Yehowa nam Mose so aka no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛte sɛ awi, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.