Genesis 11:1-32

11  Saa bere no na asase sofo nyinaa ka kasa biako na na wɔwɔ nsɛmfua koro.  Bere a wɔde wɔn ani kyerɛɛ apuei no, wɔkɔtoo asasetaw bi wɔ Sinar+ asase so, na wɔtenaa hɔ.  Ɛnna wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnyɛ birikisi mfa ogya ntõ.” Enti birikisi bɛyɛɛ abo maa wɔn, na wɔde kootaa hyehyɛe.+  Ɛnna wɔsan kae sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnkyekye kurow kɛse na yɛnto abantenten a n’atifi bedu soro,+ na yennye din,+ na yɛammɔ anhwete asase nyinaa so.”+  Afei Yehowa bɛhwɛɛ kurow a adesamma rekyekye ne abantenten a wɔreto no.+  Na Yehowa kae sɛ: “Hwɛ! Wɔyɛ nnipa biako na wɔka kasa biako,+ na nea wɔafi ase reyɛ ni. Biribiara nni hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ a wontumi nyɛ.+  Hwɛ! Ma yensian+ nkɔyɛ+ wɔn kasa basabasa na obiara ante ne yɔnko kasa.”+  Enti Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asase so nyinaa,+ na wogyaee kurow no kyekye.+  Eyi nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel,+ efisɛ ɛhɔ na Yehowa yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na efi hɔ na Yehowa bɔɔ wɔn hwetee+ asase so nyinaa. 10  Eyi ne Sem+ ne n’asefo ho nsɛm. Sem dii mfe ɔha a ɛyɛ nsuyiri no akyi mfe abien no, ɔwoo Arfaksad.+ 11  Sem woo Arfaksad no, ɔtenaa ase mfe ahanum. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea.+ 12  Na Arfaksad dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela.+ 13  Arfaksad woo Sela no, ɔtenaa ase mfe ahanan ne abiɛsa. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 14  Na Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber.+ 15  Sela woo Eber no, ɔtenaa ase mfe ahanan ne abiɛsa. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 16  Na Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg.+ 17  Eber woo Peleg no, ɔtenaa ase mfe ahanan aduasa. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 18  Na Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu.+ 19  Peleg woo Reu no, ɔtenaa ase mfe ahanu ne akron. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 20  Na Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug.+ 21  Reu woo Serug no, ɔtenaa ase mfe ahanu ne ason. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 22  Na Serug dii mfe aduasa no, ɔwoo Nahor.+ 23  Serug woo Nahor no, ɔtenaa ase mfe ahanu. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 24  Na Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera.+ 25  Nahor woo Tera no, ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 26  Na Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram,+ Nahor+ ne Haran. 27  Eyi ne Tera ne n’asefo ho nsɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran; na Haran nso woo Lot.+ 28  Akyiri yi Haran wui wɔ ne papa Tera anim wɔ Ur,+ Kaldeafo+ asase so, baabi a wɔwoo no no. 29  Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai,+ na Nahor nso yere din de Milka+ a ɔyɛ Haran babea. Na Milka ne Iska papa ne Haran. 30  Na Sarai yɛ obonin+ a onni ba. 31  Akyiri yi Tera ne ne ba Abram ne Haran ba Lot a ɔyɛ ne nana+ ne n’ase Sarai+ a ɔyɛ ne ba Abram yere fii Ur a ɛwɔ Kaldea kɔɔ Kanaan+ asase so. Wokoduu Haran+ no, wɔtenaa hɔ. 32  Mfe a Tera dii nyinaa yɛ ahanu ne anum, na owui wɔ Haran.

Ase Hɔ Nsɛm