Genesis 12:1-20

12  Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fi wo man ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ ɔman a mɛkyerɛ wo no so;+  na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo ama wo din ayɛ kɛse; na yɛ nhyira ma afoforo.+  Mehyira wɔn a wohyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na wo nti asase so mmusua nyinaa benya nhyira.”+  Ɛnna Abram kɔe sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Bere a Abram fii Haran no na wadi mfe aduɔson anum.+  Enti Abram faa ne yere Sarai+ ne ne nua ba Lot+ ne wɔn agyapade+ ne akra a wonyae wɔ Haran nyinaa, na wosiim de wɔn ani kyerɛɛ Kanaan+ asase so. Afei wokoduu Kanaan asase so.  Na Abram faa asase no so araa koduu Sekem,+ beae bi a ɛbɛn More+ nnua akɛse no; saa bere no na Kanaanfo wɔ asase no so.  Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede asase+ yi bɛma w’asefo.”+ Ɛno akyi no osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.  Akyiri yi otu fii hɔ kɔɔ Betel+ apuei fam bepɔw so, na osii ne ntamadan; ná Betel wɔ atɔe na Ai+ wɔ apuei. Osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa+ na ofii ase bɔɔ Yehowa din.+  Afei Abram tui na odii atutena bere a n’ani kyerɛ Negeb.+ 10  Ɔkɔm baa asase no so na Abram de n’ani kyerɛɛ Egypt, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho+ wɔ hɔ, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den wɔ asase no so.+ 11  Bere a wɔreyɛ adu Egypt no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: “Mesrɛ wo tie. Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ.+ 12  Sɛ Egyptfo hu wo a, nea wɔbɛka ara ne sɛ, ‘Hwɛ, ne yere ni.’ Na wobekum me na wɔagyaw wo. 13  Mesrɛ wo ka sɛ woyɛ me nua,+ na asi me yiye, na wode agye me kra.”+ 14  Na Abram duu Egypt ara pɛ, Egyptfo no hui sɛ ɔbea no ho yɛ fɛ. 15  Farao mpanyimfo no nso huu no, na wɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, enti wɔbɛfaa no kɔɔ Farao fie. 16  Na ne nti, ɔne Abram dii no yiye, na onyaa nguan, anantwi, nkoa, mfenaa, mfurum ne yoma.+ 17  Afei Yehowa de ɔhaw+ akɛse baa Farao ne ne fie so, Abram yere Sarai+ nti. 18  Ɛnna Farao frɛɛ Abram kae sɛ: “Dɛn na woayɛ me yi? Dɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere?+ 19  Dɛn nti na wokae sɛ, ‘Ɔyɛ me nua’?+ Eyi nti anka mereware no. Hwɛ, wo yere ni, fa no kɔ!” 20  Na Farao yii nnipa sɛ wɔnhwɛ nnya no kwan, ɔne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm