Genesis 13:1-18

13  Enti Abram fii Egypt kɔɔ Negeb,+ ɔne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa, na na Lot ka ne ho.  Ná Abram anya nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ bebree.+  Afei ofii Negeb dii atutena baa Betel, na ɔkɔɔ beae a odii kan sii ne ntamadan wɔ Betel ne Ai+ ntam no,  baabi a odii kan sii afɔremuka no,+ na Abram bɔɔ Yehowa din+ wɔ hɔ.  Lot a na ɔka Abram ho no nso nyaa nguan ne anantwi ne ntamadan.  Afei na wɔkyere so wɔ asase no so, efisɛ na wɔn agyapade dɔɔso na na wɔnsen so bio.+  Enti akasakasa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam; saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo na wɔte asase no so.+  Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa biara mmma me ne wo ntam anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.+  Hwɛ, ɛnyɛ asase na ɛda w’anim tɛtrɛɛ yi? Mesrɛ wo tew wo ho fi me ho. Wofa benkum a, mɛfa nifa; na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.”+ 10  Ɛnna Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan Mantam no nyinaa+ kosii Soar,+ na ohui sɛ nsu wɔ hɔ te sɛ Yehowa turo+ ne Egypt asase, ansa na Yehowa bɛsɛee Sodom ne Gomora. 11  Enti Lot paw Yordan Mantam no nyinaa, na otu kɔtenaa apuei fam. Afei obiara tew ne ho. 12  Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot kɔtenaa Yordan Mantam no nkurow mu.+ Akyiri yi, okosii ne ntamadan wɔ Sodom kurotia. 13  Ná Sodomfo yɛ nnebɔneyɛfo a wɔyɛ atantanne wɔ Yehowa anim.+ 14  Akyiri yi, bere a na Lot atew ne ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anafo, apuei ne atɔe.+ 15  Asase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefo afebɔɔ.+ 16  Na mɛma w’asefo ayɛ sɛ asase so anhwea ma enti sɛ obi betumi akan asase so anhwea a, ɛnde obetumi akan w’asefo nso.+ 17  Sɔre kɔfa asase no so, na hwɛ ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ, efisɛ wo ara na mede bɛma wo.”+ 18  Abram kɔɔ so tenaa ntamadan mu. Akyiri yi, ɔkɔtenaa Mamre nnua akɛse+ a ɛwɔ Hebron+ no mu, na osii afɔremuka maa Yehowa wɔ hɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm