Genesis 15:1-21

15  Eyinom akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu+ mu sɛ: “Nsuro,+ Abram. Meyɛ wo kyɛm.+ W’akatua bɛyɛ kɛse.”+  Ɛnna Abram kae sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, dɛn na wode bɛma me? Mprempren minni ba na nea ɔbɛfa me fie ne Elieser+ a ɔyɛ Damaskoni.”  Abram de kaa ho sɛ: “Hwɛ, wommaa me aseni+ biara, na me fie akoa na obedi m’ade.”  Afei Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ saa ɔbarima no na obedi w’ade, na mmom nea obefi w’asen mu aba na obedi w’ade.”+  Na ɔde no fii adi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wubetumi akan nsoromma+ yi a, kan.” Na ɔkae sɛ: “Saa ara na w’asefo bɛyɛ.”+  Afei ogyee Yehowa dii,+ na obuu no adetrenee maa no.+  Afei ɔka kaa ho sɛ: “Mene Yehowa a ɔde wo fi Kaldeafo kurow Ur mu bae sɛ bɛfa asase yi.”+  Ɛnna ɔkae sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, dɛn na mede behu sɛ ɛbɛyɛ me dea?”+  Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa ne abirekyi a wadi mfe abiɛsa ne odwennini a wadi mfe abiɛsa ne aburuburuw ne aborɔnoma ba+ brɛ me.” 10  Ɔde ne nyinaa bae na ɔpaapaee wɔn mu abien abien na ɔde ɔfã biara too hɔ maa ɛne ɔfã foforo dii nhwɛanim, nanso nnomaa no de, wampaapae wɔn mu.+ 11  Na nnomaa akɛse besisii nam+ no so, na Abram pam wɔn. 12  Akyiri yi, ɛrekɔ anwummere no, Abram daa hatee+ na esum kabii a ɛyɛ hu duruu no. 13  Afei ɔka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hu sɛ w’asefo bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so+ na wɔasom wɔn, na nkurɔfo no bedi wɔn ani mfe ahanan.+ 14  Nanso mebu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na wɔde agyapade bebree befi hɔ akɔ.+ 15  Wo de, asomdwoe mu na wobɛkɔ w’agyanom nkyɛn, na wubedi nna+ ansa na wɔasie wo. 16  Na awo ntoatoaso a ɛto so anan mu no, wɔbɛsan aba ha,+ efisɛ Amorifo bɔne nnya nnuu ne pɔmpɔn so.”+ 17  Na owia tɔe na esum durui, na hwɛ, fononoo bi a wusiw fi mu ne ogyatɛn a ɛredɛw bɛfaa mmoa a wɔapaapae wɔn mu no ntam.+ 18  Saa da no, Yehowa ne Abram yɛɛ apam,+ na ɔkae sɛ: “Mede asase yi nyinaa bɛma w’asefo,+ efi Egypt asubɔnten ho kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho:+ 19  Kenifo,+ Kenisifo, Kadmonfo, 20  ne Hitifo,+ Perisifo,+ Refaimfo,+ 21  ne Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo.”+

Ase Hɔ Nsɛm