Genesis 17:1-27

17  Bere a Abram dii mfe aduɔkron akron no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kae sɛ:+ “Mene ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ Nantew m’anim tēē, na mma asɛm biara mmma wo ho.+  Me ne wo bɛyɛ apam,+ na mɛma w’asefo adɔɔso papaapa.”+  Ɛnna Abram de n’anim butuw hɔ,+ na Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ no sɛ:  “Hwɛ, me ne wo ayɛ apam,+ na wobɛyɛ aman pii agya.+  Wɔremfrɛ wo Abram bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham efisɛ mɛma woayɛ aman pii agya.  Na mɛma w’ase atrɛw kɛse na woayɛ aman pii, na ahene befi wo mu aba.+  “Na mɛma apam a me ne wo+ ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ sɛ daa apam+ de akosi awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa so, na mɛyɛ Onyankopɔn ama wo ne w’aseni.+  Mede asase a woabɛsoɛ so yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefo+ daa; na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”+  Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bio sɛ: “Di m’apam so, wo ne w’asefo ne awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa.+ 10  Na apam a me ne mo ayɛ a wo ne w’asefo nyinaa bedi so no ni:+ Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.+ 11  Muntwa twetia na ɛnyɛ apam a me ne mo ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.+ 12  Na ɔbarima biara a ɔwɔ wo fie a wadi nnawɔtwe ne awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa ntwa twetia,+ obiara a wɔwoo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no afi ɔhɔho hɔ a ɔnyɛ w’aseni. 13  Ɛsɛ sɛ ɔbarima biara a wɔawo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no no twa twetia;+ na m’apam ho sɛnkyerɛnne a ɛwɔ mo honam mu no bɛyɛ daa apam.+ 14  Na ɔbarima biara a wontwaa no twetia no, sɛ wantwa a, wobetwa saa ɔkra no afi ne nkurɔfo mu akyene.+ Wabu m’apam so.” 15  Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo yere Sarai nso, mfrɛ no Sarai bio, efisɛ seesei ne din de Sara.+ 16  Mehyira no na mama wawo ɔbabarima ama wo;+ mehyira no ma wayɛ aman pii;+ na n’asefo bɛyɛ ahene.”+ 17  Na Abraham tee no, ɔde n’anim butuw hɔ serewee, na ɔkae wɔ ne komam sɛ:+ “Ɔbarima a wadi mfe ɔha betumi anya ɔba, na Sara nso, ɔbea a wadi mfe aduɔkron no bɛwo anaa?”+ 18  Afei Abraham ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “O sɛ Ismael benya nkwa w’anim a!”+ 19  Enti Onyankopɔn kae sɛ: “Wo yere Sara bɛwo ama wo, na wobɛto ne din Isak.+ Me ne no bɛyɛ apam, na ɛbɛyɛ apam a ebegyina daa akosi n’asefo nyinaa so.+ 20  Na mate w’abisade a ɛfa Ismael ho no nso. Mehyira no ama wadɔ na n’asefo ayɛ pii pa.+ Atitiriw dumien befi ne mu, na mɛma wayɛ ɔman kɛse.+ 21  Na m’apam no de, me ne Sara ba Isak+ a ɔbɛwo no afe sesɛɛ+ no na ɛbɛpam.” 22  Afei Onyankopɔn ne Abraham kasa wiei no ogyaw ne hɔ kɔɔ soro.+ 23  Ɛnna Abraham faa ne ba Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn ne fie nyinaa ne obiara a ɔde sika tɔɔ no, ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, na otwaa wɔn twetia saa da no sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 24  Wotwaa Abraham twetia no na wadi mfe aduɔkron akron.+ 25  Na wotwaa ne ba Ismael nso twetia no na wadi mfe dumiɛnsa.+ 26  Enti saa da no ara na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia.+ 27  Ne fie mmarima nyinaa, obiara a wɔwoo no fie hɔ ne obiara a ɔde sika atɔ no afi ɔhɔho hɔ, twaa twetia.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ge 3:15 ase hɔ asɛm.