Genesis 18:1-33

18  Akyiri yi, Yehowa yii ne ho adi+ kyerɛɛ no wɔ Mamre nnua akɛse no mu,+ awia ketee a wim ayɛ hyew+ na ɔte ne ntamadan ano no.  Ɔmaa n’ani so no,+ ohuu mmarima baasa a wogyinagyina akyirikyiri. N’ani bɔɔ wɔn so no otuu mmirika fii ntamadan no ano kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase.+  Ɛnna ɔkae sɛ: “Yehowa, sɛ manya w’anim dom a, mesrɛ wo, ntwa w’akoa ho nkɔ.+  Mesrɛ mo, momma wɔmfa nsu kakra mmra mmɛhohoro mo nan ho,+ na monhome dua yi ase.+  Na momma mempɛ paanoo sin bi mma mo na momfa nnwudwo mo koma.+ Muwie a afei mubetumi akɔ, efisɛ ɛno nti na mobɛfaa mo akoa ha yi.” Ɛnna wɔkae sɛ: “Yɛate. Yɛ sɛnea woaka no.”  Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntamadan no mu, na ɔkae sɛ: “Yɛ ntɛm! Fa esiam susukora abiɛsa* na fɔtɔw fa yɛ paanoo.”+  Ɛno akyi no, Abraham tuu mmirika kɔɔ ne mmoa mu kɔkyeree nantwi ba a ne ho yɛ mmerɛw na oye de no maa n’akoa, na ɔyɛɛ ntɛm siesiei.+  Afei ɔde bɔta ne nufusu ne nantwi ba a wasiesie no besii wɔn anim.+ Na wɔredidi no nyinaa na ogyina wɔn nkyɛn wɔ dua no ase.+  Afei wobisaa no sɛ: “Wo yere Sara wɔ he?”+ Na obuae sɛ: “Ɔwɔ ntamadan mu hɔ!”+ 10  Enti ɔtoaa so sɛ: “Mɛsan aba wo nkyɛn saa bere yi afe sesɛɛ, na ebedu hɔ no na wo yere Sara anya ɔbabarima.”+ Na ɔrekasa nyinaa na Sara wɔ ntamadan no ano wɔ ɔbarima no akyi retie. 11  Ná Abraham ne Sara nyinaa anyinyin na wɔn mfe akɔ anim.+ Ná Sara atwa bra.+ 12  Enti Sara fii ase serewee ne mu+ sɛ: “Mprempren a mabɔ aberewa na me wura nso abɔ akwakoraa yi, anigye bɛn na menya?”+ 13  Ɛnna Yehowa bisaa Abraham sɛ: “Dɛn nti na Sara serew kae sɛ, ‘mabɔ aberewa yi ɛbɛyɛ dɛn koraa na matumi awo ɔba?’+ 14  So biribi yɛ den ma Yehowa?+ Mɛsan aba wo nkyɛn saa bere yi afe sesɛɛ, na ebedu hɔ no na Sara anya ɔbabarima.” 15  Na Sara kae sɛ: “Manserew,” efisɛ na osuro. Ɛnna ɔkae sɛ: “Dabi, woserewee.”+ 16  Akyiri yi mmarima no sɔre fii hɔ de wɔn ani kyerɛɛ Sodom,+ na Abraham ne wɔn nantewee de gyaa wɔn kwan.+ 17  Yehowa kae sɛ: “Mede biribi a mɛyɛ behintaw Abraham anaa?+ 18  Hwɛ, ɔkwan biara so Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den, na ne nti asase so aman nyinaa benya nhyira.+ 19  Me ne no abɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefo a wɔbɛba akyiri yi anantew Yehowa akwan so ayɛ nea ɛteɛ na wabu atɛntrenee,+ na ama Yehowa ayɛ nea waka afa Abraham ho nyinaa ama no.”+ 20  Enti Yehowa kae sɛ: “Osu ne nteɛteɛm a Sodom ne Gomora ama aba+ no ano yɛ den, na wɔn bɔne nso mu yɛ duru+ ankasa. 21  Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ osu ne nteɛteɛm a mate no te saa ampa, na sɛ ɛnte saa a mehu.”+ 22  Saa bere yi, mmarima no dan wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ Sodom; nanso Yehowa+ de, na ɔda so gyina Abraham anim.+ 23  Ɛnna Abraham bisae sɛ: “O enti wobɛpra atreneefo aka abɔnefo ho?+ 24  Fa no sɛ atreneefo aduonum te kurow no mu, enti wobɛpra wɔn agu? Atreneefo aduonum a wɔwɔ mu yi remma wunhu kurow no mmɔbɔ?+ 25  Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wubekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho ama awie ɔtreneeni sɛ ɔbɔnefo!+ Worentumi nyɛ saa da.+ So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?”+ 26  Afei Yehowa kae sɛ: “Sɛ mihu atreneefo aduonum wɔ Sodom kurow no mu a, wɔn nti mehu kurow no mmɔbɔ.”+ 27  Nanso Abraham kae sɛ: “Mesrɛ wo, minim sɛ meyɛ dɔte ne nsõ,+ nanso mayɛ sɛ me ne Yehowa bɛkasa. 28  Fa no sɛ aka nnipa baanum ansa na adu atreneefo aduonum. Nnipa baanum a aka no nti wobɛsɛe kurow no nyinaa?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ mihu nnipa aduanan anum wɔ hɔ a merensɛe no.”+ 29  Na Abraham san ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa no sɛ aduanan na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Aduanan no nti merensɛe no.” 30  Ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ sɛ mma Yehowa bo mmfuw+ me na menkasa:+ Fa no sɛ nnipa aduasa na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ mihu aduasa wɔ hɔ a merensɛe no.” 31  Nanso ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ meka oo, mepɛ sɛ me ne Yehowa kɔ so kasa:+ Fa no sɛ nnipa aduonu na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Aduonu no nti merensɛe no.”+ 32  Afei ɔkae sɛ: “Mesrɛ sɛ mma Yehowa bo mmfuw+ me, na ma menka nea etwa to yi:+ Fa no sɛ nnipa du na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Edu no nti merensɛe no.”+ 33  Na Yehowa+ ne Abraham wiee kasa no ɔkɔe, na Abraham nso san baa ne fie.

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, “sea susukora abiɛsa”; ne nyinaa bɛyɛ kilogram 10.