Genesis 19:1-38

19  Afei abɔfo baanu no koduu Sodom anwummere, na na Lot te Sodom kurow no pon ano.+ Lot ani bɔɔ wɔn so no, ɔsɔre kohyiaa wɔn de n’anim butuw fam.+  Na ɔkae sɛ: “Me wuranom, mesrɛ mo momman mmra mo akoa fie mmɛda ha anadwo yi, na wɔnhohoro mo nan ho,+ na ade kye a moasɔre ntɛm atoa mo akwantu no so.”+ Ɛnna wɔkae sɛ: “Dabi, abɔnten so na yɛbɛtena anadwo yi.”+  Nanso ɔsrɛɛ wɔn denneennen,+ enti wɔne no kɔɔ fie. Afei ɔtow wɔn pon,+ na ɔtõõ paanoo a mmɔkaw nnim+ maa wɔn, na wofii ase didii.  Wonnya nkɔɔ kɛtɛ so no, Sodom kurow no mu mmarima betwaa fie no ho hyiae,+ efi mmarimaa so kosi nkwakoraa so, nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔɔ twi bae.+  Na wɔteɛteɛm guu Lot so sɛ: “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Fa wɔn bra na yɛne wɔn nna.”+  Afei Lot pue kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔpon no ano, na ɔtoo pon no mu wɔ n’akyi.  Ɛnna ɔkae sɛ: “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne saa.+  Mesrɛ mo, mewɔ mmabea baanu a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa wɔn.+ Momma memfa wɔn mmrɛ mo na monyɛ wɔn nea mopɛ biara.+ Na mmarima yi de, mommfa mo nsa nnka wɔn,+ na ɛno nti na makora wɔn so wɔ fie ha yi.”+  Ɛnna wɔkae sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Wobaa ha sɛ ɔhɔho+ ankonam na afei woadan ɔtemmufo.+ Nea yɛde rebɛyɛ wo no bɛsen wɔn de.” Na wotuu bum baa Lot so,+ na wɔpɛe sɛ wobubu ɔpon no+ kɔ mu. 10  Enti mmarima no soo Lot mu twee no baa fie no mu, na wɔtoo pon no mu. 11  Na wɔmaa mmarima a wogyinagyina ɔpon no ano no ani furafurae,+ efi akumaa so kosi ɔkɛse so,+ na wɔhwehwɛɛ ofie no ano kwan brɛe.+ 12  Afei mmarima no bisaa Lot sɛ: “Wowɔ obi ka wo ho wɔ ha? W’ase, wo mmabarima ne wo mmabea anaa wo busuani biara a ɔwɔ kurow yi mu no, yi wɔn fi ha!+ 13  Na yɛrebɛsɛe ha, efisɛ osu ne nteɛm a wɔama aba no ano ayɛ den Yehowa anim,+ enti Yehowa asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kurow no.”+ 14  Enti Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmabea no kɔkasae sɛ: “Monsɔre! Mumfi ha, efisɛ Yehowa rebɛsɛe kurow yi!”+ Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔreyi nsɛnkwaa.+ 15  Na ade reyɛ akye no, abɔfo no ani beree Lot so sɛ: “Sɔre! Fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no+ na wɔampra wo amfra kurow yi amumɔyɛ!”+ 16  Bere a ɔretwentwɛn ne nan ase no,+ Yehowa mmɔborɔhunu nti,+ mmarima no susoo ɔne ne yere ne ne mmabea baanu no nsa de wɔn pue kɔɔ kurow no akyi.+ 17  Bere a wɔde wɔn duu kurow no akyi no, wɔn mu biako kae sɛ: “Munguan nnye mo kra!+ Monnhwɛ mo akyi+ na munnnyina Mantam yi mu baabiara!+ Munguan nkɔ bepɔw so na wɔampra mo ankɔ!”+ 18  Ɛnna Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, nyɛ saa! 19  Mahu ampa sɛ w’akoa anya w’anim dom+ na woatrɛw w’adɔe mu ama me+ nti na wopɛ sɛ wugye me kra yi,+ nanso merentumi nguan nkɔ bepɔw so hɔ, efisɛ anhwɛ a na asiane bi akosiane me ma mawu.+ 20  Kurow yi bɛn sɛ metumi aguan akɔ hɔ, na ɛyɛ ade ketewaa.+ Mesrɛ wo ma minguan nkɔ hɔ na manya me kra,+ anaa ɛnyɛ ade ketewaa wɔ w’ani so?” 21  Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Eyi mu nso metie wo,+ na merensɛe kurow a woaka ho asɛm no.+ 22  Yɛ ntɛm! Guan kɔ hɔ, efisɛ sɛ wunnuu hɔ a merenyɛ hwee!”+ Na ɛno nti ɔtoo kurow no din Soar.+ 23  Lot duu Soar no, na owia apue asase so.+ 24  Afei Yehowa maa sufre ne ogya tɔ fii soro, Yehowa nkyɛn, guu Sodom ne Gomora so.+ 25  Enti ɔsɛee nkurow yi ne Mantam hɔ nyinaa ne nnipa a wɔwɔ nkurow no mu nyinaa ne biribiara a efifi asase no so.+ 26  Na ne yere twaa n’ani hwɛɛ n’akyi, na ɔdan nkyene siw.+ 27  Abraham sɔree anɔpatutuutu kɔɔ faako a ogyinae ne Yehowa kasae no.+ 28  Afei ɔmaa n’ani so hwɛɛ Sodom ne Gomora ne Mantam hɔ asase nyinaa na ohui sɛ biribi rekɔ so. Hwɛ, ewim ayɛ wusiw kumɔnn te sɛ fononoo* mu wusiw!+ 29  Nanso bere a Onyankopɔn resɛe nkurow a ɛwɔ Mantam hɔ no, Onyankopɔn kaee Abraham na ɔma woyii Lot fii nkurow a ɔresɛe no no mu, baabi a na ɔte no.+ 30  Akyiri yi Lot tu fii Soar na ɔne ne mmabea no kɔtenaa bepɔw so,+ efisɛ na osuro sɛ ɔbɛtena Soar.+ Enti ɔne ne mmabea no kɔtenaa ɔbodan bi mu. 31  Na ne babea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: “Yɛn papa abɔ akwakoraa na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho sɛnea wɔyɛ wɔ asase so baabiara no.+ 32  Bra na yɛmma yɛn papa nsã nnom+ na yɛne no nna na yennya ne hɔ mma.”+ 33  Enti wɔmaa wɔn papa nsã nomee anadwo no;+ afei ɔpanyin no ne no kɔdae, nanso papa no anhu bere a ɔbɛdaa hɔ ne bere a ɔsɔree. 34  Ade kyee no, ɔpanyin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: “Hwɛ, me ne me papa dae nnɛra anadwo. Ma yɛmma no nsa nnom anadwo yi nso na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn papa hɔ mma.” 35  Enti wɔmaa wɔn papa nsa nomee saa anadwo no nso; afei akumaa no ne no kɔdae, nanso papa no anhu bere a ɔbɛdaa hɔ ne bere a ɔsɔree. 36  Na Lot mmabea baanu no ne wɔn papa nyinsɛnee.+ 37  Akyiri yi ɔpanyin no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Moab.+ Ɔno ne Moabfo agya de besi nnɛ.+ 38  Na akumaa no nso woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ben-Ami. Ɔno ne Ammonfo agya+ de besi nnɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, “fononoo kɛse a wɔde tõ birikisi.”