Genesis 2:1-25

2  Saa na ɛyɛe a wɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne emu nneɛma nyinaa wiei.+  Na eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie biribiara a ɔreyɛ, na da a ɛto so ason no, ofii ase gyee n’ahome fii ne nnwuma a ɔyɛe no nyinaa ho.+  Na Onyankopɔn fii ase hyiraa da a ɛto so ason no na ɔyɛɛ no kronkron, efisɛ saa da no na ofii ase home fii ne nnwuma nyinaa ho. Onyankopɔn bɔɔ biribiara a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.+  Eyi ne ɔsoro ne asase mfiase ho nsɛm, bere a wɔbɔe no, da a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ asase ne ɔsoro no.+  Saa bere yi, na wura biara nni asase so, na na afifide biara nnya mmae, efisɛ na Yehowa Nyankopɔn ntɔɔ osu+ nguu asase so na na onipa biara nni hɔ a ɔbɛdɔw asase no.  Nanso na huruhurow+ fi asase so kɔ soro, na ɛfɔw asase ani nyinaa.+  Yehowa Nyankopɔn de fam+ dɔte+ nwenee onipa na ohuw nkwa home+ guu ne hwene mu, na onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefo.+  Afei Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden+ a ani kyerɛ apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee+ no no kɔtenae.  Ɛnna Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi nyinaa bi fifii asase so, ne nkwa dua+ nso wɔ turo no mfinimfini ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.+ 10  Na asubɔnten bi fi Eden sen bɛfɔw turo no, na efi hɔ paapae yɛɛ nsuti anan. 11  Nea edi kan no de Pison; na atwa Hawila+ asase a sika kɔkɔɔ wɔ so no nyinaa ho ahyia. 12  Na saa asase no so sika no yɛ sika pa.+ Afei na bedola* hyɛ+ ne sohambo+ nso wɔ hɔ. 13  Asubɔnten a ɛto so abien no de Gihon, na na atwa Kus asase nyinaa ho ahyia. 14  Asubɔnten a ɛto so abiɛsa no de Hidekel,+ na na ɛsen wɔ Asiria+ apuei fam. Na asubɔnten a ɛto so anan no ne Eufrate.+ 15  Yehowa Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden+ turom sɛ ɔnnɔw hɔ na ɔnhwɛ hɔ.+ 16  Na Yehowa Nyankopɔn de ahyɛde yi nso maa onipa sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi.+ 17  Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”+ 18  Na Yehowa Nyankopɔn de kaa ho sɛ: “Enye sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.”+ 19  Na Yehowa Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa, na ɔde wɔn brɛɛ onipa no sɛ ɔnhwɛ ntoto wɔn nyinaa din, na edin biara a onipa no de frɛɛ ɔkra a ɛte ase biara+ no, ɛno ara na ɛbɛyɛɛ ne din.+ 20  Enti onipa no de nyɛmmoa ne wim ntuboa ne asase so mmoa nyinaa din frɛfrɛɛ wɔn, nanso onipa no de, na onni ɔboafo a ɔfata no. 21  Enti Yehowa Nyankopɔn maa onipa no daa hatee,+ na oyii ne mfe mparow biako, na ɔde nam hyɛɛ ananmu. 22  Na Yehowa Nyankopɔn fii ase de mparow a oyi fii onipa no mu no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ onipa no.+ 23  Ɛnna onipa no kae sɛ:“Aa, me nnompe mu dompeNe me honam mu nam ni.+Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea,Efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”+ 24  Ɛno nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame+ hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.+ 25  Na onipa no ne ne yere tenaa ase a na wɔnhyɛ hwee,+ nanso wɔamfɛre.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ aduhuam bi a ɛte sɛ kurobow.