Genesis 20:1-18

20  Na Abraham tu kɔɔ+ Negeb asase so kɔtenaa Kades+ ne Sur+ ntam, na ɔbɛyɛɛ ɔhɔho wɔ Gerar.+  Abraham kaa ne yere Sara ho asɛm bio sɛ: “Ɔyɛ me nuabea.”+ Enti Gerar hene Abimelek soma ma wɔkɔfaa Sara brɛɛ no.+  Ɛnna Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbea a woakɔfa no yi, woawu awie. Hwɛ, ɔyɛ obi yere.”+  Nso na Abimelek nkɔɔ ne ho.+ Enti ɔkae sɛ: “Yehowa, wubekum ɔman trenee?+  Ɛnyɛ ɔno ara na ɔkae sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabea’? Na ɔbea no nso anka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima’? Me komam fitaa, na ɛnyɛ adwemmɔne na mede yɛɛ saa.”+  Ɛnna nokware Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no ɔdae no mu sɛ: “Me ara nso minim sɛ wo komam fitaa na woyɛɛ saa,+ na me nso na mempɛ sɛ woyɛ bɔne tia me+ nti na misiw wo kwan no. Ne saa nti na mamma woamfa wo nsa anka no no.+  Na afei fa ɔbea no kɔma ne kunu, efisɛ ɔyɛ odiyifo,+ na ɔbɛsrɛ ama wo+ na woatena ase. Na sɛ woamfa no ankɔ a, kae hu sɛ owu na wubewu, wo ne wo fiefo nyinaa.”+  Enti Abimelek sɔree anɔpatutuutu frɛfrɛɛ ne nkoa nyinaa kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ wɔn. Na mmarima no suroe paa.  Afei Abimelek frɛɛ Abraham na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn na wode ayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn koraa na mayɛ wo a wode bɔne kɛse yi aba me ne m’ahenni so yi?+ Nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ na wode ayɛ me yi.”+ 10  Na Abimelek bisaa Abraham sɛ: “Dɛn koraa na ɛbaa wo tirim a ɛma woyɛɛ saa?”+ 11  Ɛnna Abraham kae sɛ: “Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Onyankopɔn ho suro nni ha,+ anhwɛ a me yere nti wobekum me.’+ 12  Na ɔyɛ me nuabea nso ampa, me papa ba, na ɔnyɛ me maame ba; na ɔbɛyɛɛ me yere.+ 13  Bere a Onyankopɔn ma mifii me papa fie dii atutena no,+ meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Adɔe+ a mepɛ sɛ woyɛ me ni: Baabiara a yɛbɛkɔ no ka sɛ: “Ɔyɛ me nuabarima.”’”+ 14  Ɛno akyi no Abimelek maa Abraham nguan ne anantwi ne nkoa ne mfenaa, na afei ɔde ne yere Sara maa no.+ 15  Na Abimelek san kae sɛ: “M’asase na ɛda w’anim yi, tena baabiara a wopɛ.”+ 16  Na ɔka kyerɛɛ Sara nso sɛ: “Mama wo nuabarima no nnwetɛbona apem.+ Eyi na mede retew w’anim+ wɔ wɔn a wɔka wo ho nyinaa ne obiara anim; wo ho nni asɛm biara.” 17  Na Abraham bɔɔ nokware Nyankopɔn no mpae;+ na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yare, na wofii ase wowoe. 18  Nea ɛwom ne sɛ Abraham yere Sara nti na Yehowa ato Abimelek fie mmea nyinaa yafunu mu.+

Ase Hɔ Nsɛm