Genesis 21:1-34

21  Yehowa dan n’ani baa Sara so sɛnea na waka no, na Yehowa yɛɛ Sara sɛnea ɔkae no ara pɛ.+  Na Sara nyinsɛnee+ na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham ne nkwakoraabere mu bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no ara mu.+  Enti Abraham too abofra a Sara woo no maa no no din Isak.+  Bere a Isak nyaa nnawɔtwe no, Abraham twaa no twetia sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no.+  Wɔwoo Isak no na Abraham adi mfe ɔha.  Ɛnna Sara kae sɛ: “Onyankopɔn ama maserew. Na obiara a ɔbɛte no bɛserew.”+  Ɔtoaa so sɛ: “Hena na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ, ‘Sara bɛma nufu?’ Nanso hwɛ sɛ mawo ama no ne nkwakoraabere mu.”  Na Isak nyinii no wotwaa no nufu,+ na saa da no Abraham tow pon kɛse.  Afei Sara hui sɛ ɛyɛ a na abofra a Egyptni Hagar woo no+ maa Abraham no redi Isak ho fɛw.+ 10  Enti ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Pam afenaa yi ne ne ba no, na saa afenaa yi ba ntumi ne me ba Isak nni ade!”+ 11  Nanso Abraham ba yi ho asɛm haw no yiye.+ 12  Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mma biribiara a Sara bɛka afa abarimaa no ne w’afenaa ho no nnhaw wo. Tie no efisɛ nea wɔbɛfrɛ no w’aseni no nam Isak so na ɔbɛba.+ 13  Na mɛma afenaa no ba no+ nso ayɛ ɔman, efisɛ ɔyɛ wo ba.”+ 14  Enti Abraham sɔree anɔpahema faa paanoo ne nsu kotoku* de maa Hagar,+ na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no+ kaa no ho gyaa no kwan. Na ɔkɔɔ Beer-Seba+ sare so, na odii akyinkyinakyinkyin. 15  Afei nsu a ɛwɔ kotoku no mu no sae,+ na ogyaw abarimaa no too+ ɔdɔtɔ bi ase. 16  Na ɔkɔpɛɛ baabi tenae, bɛyɛ sɛ nea wɔtow agyan a ɛbɛtɔ, na ɔkae sɛ: “Mma minnhu abarimaa yi wu.”+ Enti ɔkɔtenaa baabi maa ne nne so sui.+ 17  Ɛnna Onyankopɔn tee abarimaa no nne,+ na Onyankopɔn bɔfo fi soro teɛɛm frɛɛ Hagar sɛ:+ “Hagar, dɛn na ɛreyɛ wo? Nsuro na Onyankopɔn ate abarimaa no nne faako a ɔwɔ no. 18  Sɔre, ma abarimaa no so na fa wo nsa so no mu, efisɛ mɛma wayɛ ɔman kɛse.”+ 19  Afei Onyankopɔn buee n’ani ma ohuu asubura bi,+ na ɔkɔsaw nsu guu kotoku no mu maa abarimaa no bi nomee. 20  Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi,+ na onyin tenaa sare so, na ɔbɛyɛɛ agyantofo.+ 21  Na ɔtenaa Paran sare so,+ na ne maame kɔwaree ɔbea fi Egypt asase so brɛɛ no. 22  Afei Abimelek ne ne sahene Pikol ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Onyankopɔn di w’akyi wɔ nea woyɛ nyinaa mu.+ 23  Enti ka Onyankopɔn ntam+ sɛ worentwa me ne me mma ne m’asefo nkontompo;+ na sɛnea me ne wo adi no adɔe so no,+ saa ara na wo ne me ne asase a woabɛsoɛ so yi bedi.”+ 24  Na Abraham kae sɛ: “Mɛka ntam.”+ 25  Bere a Abimelek nkoa de anuɔden gyee asubura bi,+ na Abraham kaa n’anim denneennen no, 26  Abimelek kae sɛ: “Minnim wɔn a wodii saa dwuma yi, na w’ankasa nso wonkaa ho asɛm nkyerɛɛ me; ɛnyɛ nnɛ a, anka mentee.”+ 27  Enti Abraham maa Abimelek nguan ne anantwi+ na wɔn baanu no yɛɛ apam.+ 28  Na Abraham yii nguammaa abere ason gyinaa nkyɛn, 29  enti Abimelek bisaa Abraham sɛ: “Nguammaa abere ason a woayi wɔn agyina nkyɛn yi kyerɛ dɛn?” 30  Ɛnna ɔkae sɛ: “Gye nguammaa abere ason yi me nsam, na ɛnyɛ adanse+ a ɛkyerɛ sɛ me na mituu saa abura yi.” 31  Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Beer-Seba no,+ efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kaa ntam. 32  Enti wɔyɛɛ apam+ wɔ Beer-Seba, na wowiei no Abimelek sɔre ne ne sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so.+ 33  Ɛno akyi no ɔtɛw tamarisk dua wɔ Beer-Seba na ɔbɔɔ Yehowa+ a ɔyɛ mmeresanten Nyankopɔn+ no din wɔ hɔ. 34  Na Abraham tenaa Filistifo asase so sɛ ɔhɔho nna pii.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne toa a wɔde aboa nhoma ayɛ.