Genesis 22:1-24

22  Akyiri yi nokware Nyankopɔn no sɔɔ Abraham hwɛe.+ Ɔfrɛɛ no sɛ: “Abraham!” Na ogyee so sɛ: “Mini!”+  Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba koro a wodɔ no,+ Isak,+ kɔ Moria+ asase so kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so.”+  Enti Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ n’afurum, na ɔfaa ne nkoa baanu ne ne ba Isak kaa ne ho;+ na obubuu nnyina a ɔde bɛbɔ afɔre no. Afei osiim kɔɔ faako a nokware Nyankopɔn no kyerɛɛ no no.  Ɛda a ɛto so abiɛsa no, Abraham maa n’ani so, na ohuu beae no wɔ akyirikyiri.  Afei Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa+ no sɛ: “Mo ne afurum no ntwɛn wɔ ha, na me ne abarimaa no rekɔ yɛn anim kakra akɔsom+ na yɛasan aba mo nkyɛn.”  Afei Abraham de nnyina a ɔde bɛbɔ afɔre no soaa ne ba Isak+ na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu siim kɔe.+  Afei Isak frɛɛ ne papa Abraham sɛ: “Papa!”+ Na ogyee so sɛ: “Me ba, mini!”+ Na ɔkae sɛ: “Ogya ne nnyina ni, na oguan a yɛde bɛbɔ afɔre no wɔ he?”+  Ɛnna Abraham kae sɛ: “Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ oguan a yɛde bɛbɔ afɔre no.”+ Na wɔtoaa so kɔe.  Bere a wokoduu faako a nokware Nyankopɔn no kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka+ wɔ hɔ, na ɔhyehyɛɛ nnyina no. Afei ɔkyekyeree ne ba Isak nsa ne ne nan na ɔde no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so.+ 10  Afei Abraham teɛɛ ne nsa twee sekan no sɛ ɔrebekum ne ba no.+ 11  Ɛnna Yehowa bɔfo fi soro frɛɛ no sɛ:+ “Abraham, Abraham!” Na ogyee so sɛ: “Mini!” 12  Na ɔkae sɛ: “Mfa wo nsa nka abarimaa no, na nyɛ no hwee;+ afei na mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, efisɛ woamfa wo ba koro no ankame me.”+ 13  Afei Abraham maa n’ani so hwɛɛ ne ntentenso, na ohuu odwennini bi a ne mmɛn aka ɔdɔtɔ mu. Enti Abraham koyii no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ afɔre.+ 14  Na Abraham frɛɛ hɔ Yehowa-Yire. Eyi nti na nnɛ wɔka sɛ: “Yehowa bɛkyerɛ wɔ ne bepɔw so.”+ 15  Yehowa bɔfo fi soro frɛɛ Abraham ne mprenu so 16  na ɔkae sɛ: “Hwɛ, Yehowa asɛm ni: ‘Esiane sɛ woayɛ eyi na woamfa wo ba koro no ankame me nti,+ meka ntam+ 17  ɔkwan biara so mehyira wo na mama w’aseni* ayɛ bebree sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea;+ na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow apon.+ 18  W’aseni*+ so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira, efisɛ woayɛ aso ama me.’”+ 19  Afei Abraham san baa ne nkoa no nkyɛn, na wosiim kɔɔ Beer-Seba;+ na Abraham kɔɔ so tenaa Beer-Seba. 20  Eyinom akyi no, wɔbɛbɔɔ Abraham amanneɛ sɛ: “Hwɛ, Milka+ nso awo mma ama wo nua Nahor:+ 21  Ne ba panyin Us, ne ne nua Bus,+ ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, 22  ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf, ne Betuel.”+ 23  Na Betuel woo Rebeka.+ Nnipa baawɔtwe yi na Milka woo wɔn maa Abraham nua Nahor. 24  Ná ɔwɔ ɔyefam bi a wɔfrɛ no Reuma. Ɔno nso woo Teba ne Gaham ne Tahas ne Maaka.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “w’asefo.”
Hwɛ 3:15 ase hɔ asɛm.