Genesis 24:1-67

24  Afei na Abraham mfe akɔ anim na wabɔ akwakoraa; na na Yehowa ahyira Abraham wɔ biribiara mu.+  Na Abraham ka kyerɛɛ n’akoa panyin a ɔhwɛ ne fie nneɛma nyinaa+ so sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,+  na mepɛ sɛ woka Yehowa, ɔsoro ne asase Nyankopɔn no, ntam+ sɛ Kanaanfo a mete wɔn asase so yi, worenware wɔn babea biara mma me ba,+  na mmom wobɛkɔ me kurom ne m’abusuafo+ nkyɛn akɔware ɔbea ama me ba Isak.”  Ɛnna akoa no bisaa no sɛ: “Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ ɔne me ba ɛ? Metumi de wo ba no akɔ asase a wufi so bae+ no so?”  Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ yiye na woamfa me ba no ankɔ hɔ.+  Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me fii me papa fie ne m’abusuafo+ nkyɛn no na ɔkaa me ntam+ sɛ, ‘W’asefo+ na mede asase yi bɛma wɔn.’+ Hwɛ, ɔbɛma ne bɔfo adi w’anim,+ na wubenya ɔbea afi hɔ+ abrɛ me ba no.  Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ ɔne wo ba a, ɛnde na woade wo ho afi ntam a woaka me yi ho.+ Nanso hwɛ na woamfa me ba no ankɔ hɔ.”  Afei akoa no de ne nsa hyɛɛ ne wura Abraham srɛ ase na ɔkaa ntam saa.+ 10  Enti akoa no yii ne wura yoma no mu du na ɔfaa nnepa a ne wura wɔ no mu biara bi.+ Na ɔsɔre de n’ani kyerɛɛ Mesopotamia sɛ ɔrekɔ Nahor kurom. 11  Ɛrekɔ anwummere a mmea taa kɔsaw nsu no,+ ɔmaa yoma no butubutuw abura bi ho wɔ kurow no akyi.+ 12  Na ɔkae sɛ: “Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn,+ mesrɛ wo yi w’adɔe+ adi kyerɛ me wura Abraham+ wɔ m’anim nnɛ. 13  Migyina asubura yi ho, na kurow no mu mmabaa rebɛsaw nsu.+ 14  Ma ɛmmra sɛ ababaa a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo soɛ w’ahina na ma me nsu no bi nnom’ a ɔbɛka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ no, ɔnyɛ ɔbea a woayi no ama w’akoa+ Isak; na memfa eyi so nhu sɛ woayi adɔe adi akyerɛ me wura.”+ 15  N’ano nnya nsii no,+ ohui sɛ Betuel ba Rebeka+ reba a ahina si ne kɔn ho.+ Betuel yɛ Abraham nua Nahor+ yere Milka+ ba. 16  Ná ababaa no ho yɛ fɛ yiye,+ ɔbaabun a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da;+ na ɔkɔɔ asubura no ho kɔsaw nsu guu n’ahina no mu bae. 17  Ɛhɔ ara na akoa no kohyiaa no kae sɛ: “Mesrɛ wo ma me w’ahina no mu nsu kakra nnom.”+ 18  Na ɔkae sɛ: “Me wura nom bi.” Na ntɛm ara ɔsoɛɛ ahina no sii ne nsam maa no bi nomee.+ 19  Ɔmaa no bi nom wiei no, ɔkae sɛ: “Mɛsaw bi ama wo yoma no nso kosi sɛ wɔbɛnom amee.”+ 20  Na ntɛm ara ohwiee nsu a ɛwɔ n’ahina no mu guu baabi a mmoa nom nsu no,+ na ɔde mmirika dii akɔneaba wɔ abura no ho kɔsaw nsu brɛɛ ne yoma no nyinaa. 21  Saa bere yi nyinaa na ɔbarima no rehwɛ no a ne ho adwiriw no, na ɔyɛɛ komm sɛ obehu sɛ Yehowa ama asi no yiye wɔ n’akwantu no mu anaa.+ 22  Na afei bere a yoma no nyinaa nom nsu no wiei no, ɔbarima no yii sika hwenem kawa+ a ano si dwetɛbona fã ne sika nkapo+ abien a ano si nnwetɛbona du a ɔde bɛhyɛ ne nsa, 23  na obisaa no sɛ: “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo ka kyerɛ me. Yebenya baabi wɔ wo papa fie ada anadwo yi?”+ 24  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me papa ne Betuel+ a Milka woo no maa Nahor+ no.” 25  Na ɔtoaa so sɛ: “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan pii, na baabi wɔ hɔ a mo nso mobɛda.”+ 26  Afei ɔbarima no bɔɔ ne mu ase kotow Yehowa anim+ 27  na ɔkae sɛ: “Nhyira nka Yehowa,+ me wura Abraham Nyankopɔn, a wamfa n’adɔe ankame me wura na wamma ne nsa ansi fam no. Na me nso, Yehowa akyerɛ me kwan aba me wura nuanom fie.”+ 28  Afei ababaa no tuu mmirika kɔbɔɔ ne maame fiefo amanneɛ. 29  Ná Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban.+ Enti Laban tuu mmirika kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ asubura no ho. 30  Bere a ohuu hwenem kawa ne nkapo+ a egu ne nua Rebeka nsa na ɔtee asɛm a ɔkae sɛ: “Sɛnea ɔbarima no kasa kyerɛɛ me ni” no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ohui sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no ho. 31  Ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Bra, wo a Yehowa ahyira wo.+ Dɛn nti na woda so gyina afikyiri bere a masiesie fie hɔ ne faako a yoma no bɛda?” 32  Enti ɔbarima no kɔɔ fie hɔ, na ɔsan yoma no maa wɔn aduan, na ɔmaa ɔbarima no ne wɔn a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn nan ho.+ 33  Afei wɔde aduan besii n’anim, nanso ɔkae sɛ: “Merennidi, gye sɛ mebɔ m’amanneɛ wie ansa.” Na ɔkae sɛ: “Bɔ ɛ!”+ 34  Ɛnna ɔkae sɛ: “Meyɛ Abraham akoa.+ 35  Na Yehowa ahyira me wura yiye ama wayɛ kɛse, na wama no nguan ne anantwi ne dwetɛ ne sika ne nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum.+ 36  Afei, me wura yere Sara bɔɔ aberewa no ɔwoo ɔbabarima maa no;+ na me wura de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne ba no.+ 37  Enti me wura ma mekaa ntam, na ɔkae sɛ, ‘Kanaanfo a mete wɔn asase so yi, nware wɔn babea biara mma me ba.+ 38  Na mmom wobɛkɔ me papa fie ne m’abusua+ mu akɔware ɔbea ama me ba.’+ 39  Na mibisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ ɔne me ba nso ɛ?’+ 40  Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Me ne Yehowa anantew+ na minim sɛ ɔbɛma ne bɔfo+ aka wo ho na asi wo yiye w’akwantu mu;+ enti ware ɔbea fi m’abusua mu ne me papa fie+ brɛ me ba no. 41  Sɛ wunya kɔ m’abusua mu a, na ntam no ho asodi biara nna wo so, na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, wobɛde wo ho afi ntam+ yi ho.’ 42  “Bere a miduu asubura no ho nnɛ no, mekae sɛ, ‘Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ampa ara sɛ wobɛma m’akwantu yi asi me yiye+ a, 43  ɛnde migyina asubura yi ho. Ma ɛmmra sɛ ababaa+ a ɔbɛba abɛsaw nsu a mɛka akyerɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsu no bi” 44  a ɔbɛka akyerɛ me sɛ: “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” no, nyɛ ɔbea a Yehowa ayi no ama me wura ba no.’+ 45  “Asɛm no da so wɔ+ me komam no,+ mihui sɛ Rebeka reba a ahina si ne kɔn ho; na osian kɔɔ asubura no ho kɔsaw nsu.+ Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’+ 46  Na ntɛm ara na ɔsoɛɛ n’ahina no kae sɛ, ‘Nom bi,+ na mɛma wo yoma no nso bi anom.’ Enti menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee. 47  Afei mibisaa no sɛ, ‘Hena ba ne wo?’+ na ɔkae sɛ ‘Me papa ne Betuel a Milka woo no maa Nahor no.’ Enti mede hwenem kawa no hyɛɛ ne hwenem na mede nkapo no guu ne nsa.+ 48  Na mekotow Yehowa, na mihyiraa Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn+ a ɔkyerɛɛ me kwan tee+ sɛ memmɛfa me wura nua babea mma ne ba no. 49  Na afei sɛ mo ne me wura bedi no adɔe so adi no nokware+ a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa nso a, monka nkyerɛ me, na sɛ mɛfa nifa oo, benkum oo, mafa.”+ 50  Ɛnna Laban ne Betuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm yi fi Yehowa.+ Yɛn de, yɛrentumi nka yiw anaa dabi nkyerɛ wo.+ 51  Rebeka na ogyina w’anim no. Fa no kɔ na ɔnyɛ wo wura ba no yere sɛnea Yehowa aka no.”+ 52  Abraham akoa no tee wɔn nsɛm no ara pɛ na obutuw fam wɔ Yehowa anim.+ 53  Na akoa no yii dwetɛ agude ne sika agude ne ntade na ɔde maa Rebeka; na ɔmaa ne nuabarima ne ne maame nneɛma a ɛsom bo.+ 54  Afei ɔne mmarima a wɔka ne ho no didii na wɔnomee, na wɔdaa hɔ anadwo no, na ade kyee no wɔsɔree. Ɛnna ɔkae sɛ: “Munnya me kwan na menkɔ me wura nkyɛn.”+ 55  Afei ne nuabarima ne ne maame kae sɛ: “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn dadu bi ɛ. Ɛno akyi no obetumi akɔ.” 56  Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnnye me nntena ha, efisɛ Yehowa ama asi me yiye m’akwantu mu.+ Munnya me kwan na menkɔ me wura nkyɛn.”+ 57  Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma yɛmfrɛ ababaa no na yentie nea ɔbɛka.”+ 58  Afei wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ: “Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ?” Na obuae sɛ: “Mɛkɔ.”+ 59  Enti wogyaa wɔn nuabea Rebeka+ ne ɔbea a na ɔhwɛ no+ ne Abraham akoa no ne ne mmarima no kwan. 60  Na wohyiraa Rebeka ka kyerɛɛ no sɛ: “O yɛn nuabea, mpempem huhaa mfi wo mu mmra, na w’asefo mfa wɔn atamfo kurow pon.”+ 61  Afei Rebeka ne ne mmaawa+ sɔre tenatenaa yoma+ so dii ɔbarima no akyi; na akoa no faa Rebeka na osii kwan so kɔe. 62  Afei Isak fii Beer-Lahai-Roi+ kwan so bae, efisɛ na ɔte Negeb+ asase so. 63  Ɛrekɔ anwummere no, Isak fii adi kɔɔ afikyiri kɔdwennwenee.+ Afei ɔbɛma n’ani so a, yoma na ɛreba yi! 64  Bere a Rebeka maa n’ani so a ohuu Isak no, ohuruw fii yoma no so sii fam. 65  Afei obisaa akoa no sɛ: “Ɔbarima bɛn na ɔnam hɔ rebehyia yɛn yi?” na akoa no buae sɛ: “Ɛyɛ me wura.” Na oyii ntama de kataa n’anim.+ 66  Na akoa no kaa nea ɔyɛe nyinaa kyerɛɛ Isak. 67  Afei Isak de no baa ne maame Sara ntamadan mu.+ Enti ɔfaa Rebeka na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Ná Isak dɔ+ no, na ɛma onyaa awerɛkyekye wɔ ne maame wu akyi.+

Ase Hɔ Nsɛm