Genesis 30:1-43

30  Rahel hui sɛ ɔnwo mmaa Yakob no, n’ani beree ne nua no na ɔka kyerɛɛ Yakob+ sɛ: “Ma me mma, anyɛ saa a mɛyɛ teaseawu.”*+  Na Yakob bo fuw Rahel na obisaa no sɛ:+ “Mene Onyankopɔn a wasiw wo yafunu ano a wuntumi nwo no anaa?”+  Enti ɔkae sɛ: “Hwɛ, m’abaawa Bilha+ ni. Kɔ ne ho na ɔnwo nto me srɛ so na manya ne nkyɛn mma.”+  Enti ɔde n’abaawa Bilha maa Yakob sɛ ne yere, na ɔkɔɔ ne ho.+  Na Bilha nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Yakob.+  Ɛnna Rahel kae sɛ: “Onyankopɔn adi m’asɛm ama me,+ na watie me nso ama me ɔbabarima.” Enti ɔtoo no din Dan.+  Rahel abaawa Bilha san nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob.  Ɛnna Rahel kae sɛ: “Me ne me nua adi asi a emu yɛ den, na madi nkonim!” Enti ɔtoo ne din Naftali.+  Bere a Lea hui sɛ n’awo atew kɔ no, ɔde n’abaawa Silpa maa Yakob sɛ ne yere.+ 10  Na Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11  Ɛnna Lea kae sɛ: “Aba yiye!” Enti ɔtoo ne din Gad.+ 12  Ɛno akyi no Silpa woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 13  Ɛnna Lea kae sɛ: “M’ani agye! Mmea bɛfrɛ me nea ɔwɔ anigye.”+ Enti ɔtoo no din Aser.+ 14  Afei awitwa bere+ mu no, na Ruben+ nam na okohuu dudayim+ aduaba wɔ wuram. Enti ɔde brɛɛ ne maame Lea. Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: “Mesrɛ wo, ma me aduaba a wo ba no de bae no bi.” 15  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wugye di sɛ ɛyɛ asɛm ketewa sɛ wubegye me kunu+ na woasan abegye aduaba a me ba de aba yi?” Enti Rahel kae sɛ: “Sɛ saa a, ma me wo ba no aduaba no bi na ɔne wo nkɔda anadwo yi.” 16  Anwummere+ a Yakob fi afuw mu reba no Lea kohyiaa no kae sɛ: “Wobɛba me ho anadwo yi, efisɛ mabɔ wo paa na mede dudayim aduaba a me ba de bae no atua ka.” Enti ɔkɔɔ ne ho anadwo no.+ 17  Na Onyankopɔn tiee Lea na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔto so anum maa Yakob.+ 18  Ɛnna Lea kae sɛ: “Onyankopɔn de m’akatua ama me, efisɛ mede m’abaawa ama me kunu.” Enti ɔtoo no din Isakar.+ 19  Na Lea san nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima a ɔto so asia maa Yakob.+ 20  Ɛnna Lea kae sɛ: “Onyankopɔn akyɛ me adepa. Afei de me kunu bɛpɛ m’asɛm,+ efisɛ mawo mmabarima baasia ama no.”+ Enti ɔtoo no din Sebulon.+ 21  Na ɛno akyi no ɔwoo ɔbabea na ɔtoo no din Dina.+ 22  Afei Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no na obuee ne yafunu mu.+ 23  Onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. Ɛnna ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ayi m’ahohora!”+ 24  Enti ɔtoo no din Yosef,+ na ɔkae sɛ: “Yehowa de ɔbabarima foforo aka me ho.” 25  Bere a Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ me kurom.+ 26  Fa me yerenom ne me mma a masom wo anya wɔn no ma me na menkɔ; na wo ara wunim som a masom wo.”+ 27  Ɛnna Laban ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim dom a, mesrɛ wo twɛn, na mahu nsɛnkyerɛnne sɛ Yehowa nam wo so ahyira me.”+ 28  Na ɔde kaa ho sɛ: “Kyerɛ akatua a memfa mma wo, na mede bɛma wo.”+ 29  Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wunim sɛnea masom wo ne sɛnea wo mmoa ayɛ wɔ me nsam;+ 30  na wunim sɛ ansa na mereba no na wowɔ mmoa kakraa bi, nanso efi bere a mebaa ha yi, Yehowa ahyira wo+ ma wɔadɔɔso ayɛ bebree. Enti bere bɛn na me nso menya biribi ama me fie?”+ 31  Ɛnna obisaa no sɛ: “Dɛn na memfa mma wo?” Na Yakob kae sɛ: “Mma me hwee!+ Sɛ wobɛyɛ eyi ama me a, mɛkɔ so ahwɛ wo nguan no.+ Mɛbɔ wɔn ho ban.+ 32  Mɛfa wo nguan no nyinaa mu nnɛ. Ma nguan a wɔn ho yɛ adamadam nworanworan ne nguammaa a wɔn ho yɛ tuntum ne mmirekyi a wɔn ho yɛ adamadam nworanworan no nnyina faako. Ma ɛno nyɛ m’akatua.+ 33  Sɛ ɛba sɛ daakye wobɛhwɛ m’akatua+ no a, me nokwaredi bedi me ho adanse; na sɛ wuhu mmirekyi a wɔn ho nyɛ adamadam nworanworan ne nguammaa a wɔn ho nyɛ tuntum wɔ me nkyɛn a, na mawia.”+ 34  Ɛnna Laban kae sɛ: “Eye paa! Ma yɛnyɛ no sɛnea woaka no.”+ 35  Enti saa da no ɔmaa mpapo a wɔn ho wɔ nsensanee ne mmirekyibere a wɔn ho yɛ adamadam nworanworan, nea fitaa wɔ ne ho biara, ne nguammaa a wɔyɛ tuntum nyinaa gyinaa faako, na ɔde wɔn hyɛɛ ne mmabarima no nsa. 36  Afei ɔhwɛe sɛ ɔne Yakob ntam bɛyɛ nnansa kwan, na Yakob hwɛɛ Laban nguan a ɛkae no so. 37  Afei Yakob twitwaa duafufu+ ne ɔsonkoran+ ne kyɛnkyɛn+ nnua a ɛyɛ momono, na ɔwaewaee ho maa beae a ɛyɛ fitaa no daa adi.+ 38  Afei ɔde nnua a wawaewae ho no guu baabi a nguan no nom nsu,+ na sɛ wɔba hɔ bɛnom nsu na wohu a, wɔn bere adu ma wɔaforo wɔn. 39  Enti sɛ nguan no ba nnua no ho a wɔforo wɔn, na wɔwo mma a wɔn ho yɛ nsensanee ne adamadam nworanworan.+ 40  Yakob yii nguammaa no kɔɔ nkyɛn na ɔde nguan no ani kyerɛɛ Laban nguankuw no mu nguan a wɔn ho yɛ nsensanee ne adamadam no. Afei Yakob yii mmoa a wanya no kɔɔ nkyɛn na wamma wɔamfra Laban de no mu. 41  Bere biara a ebedu sɛ wɔforo nguan a wɔn ho yɛ den+ no, Yakob de nnua no kogu suka+ no ho faako a nguan no behu, na ama wɔaforo wɔn wɔ nnua no ho. 42  Nanso sɛ nguan no yɛ nofonofo a, ɔmfa nnua no ngu hɔ. Enti na Laban nguan no yɛ nofonofo, na Yakob de no ho yɛ den.+ 43  Enti ɔbarima no nyaa ne ho paa, na onyaa nguan ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum pii.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔbea a wawu.”