Genesis 32:1-32

32  Yakob toaa n’akwantu no so, na Onyankopɔn abɔfo behyiaa no.+  Yakob huu wɔn no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn asafo asoɛe ni!”+ Enti ɔtoo hɔ din Mahanaim.+  Na Yakob tuu abɔfo+ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir+ asase so wɔ Edom+ mpɔtam hɔ,  na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka nkyerɛ me wura+ Esau sɛ, ‘W’akoa Yakob se: “Makɔtena Laban nkyɛn bere tenten de abesi sesɛɛ.+  Na manya anantwi ne mfurum, ne nguan, ne nkoa ne mfenaa,+ na masoma sɛ wɔmma me wura aso nte na manya n’anim dom.”’”+  Akyiri yi abɔfo a Yakob somaa wɔn no san bae bɛkae sɛ: “Yɛkɔtoo wo nua Esau, na ɔno nso ne mmarima ahanan rebehyia wo.”+  Na Yakob bɔɔ hu na ne ho yeraw no.+ Enti ɔkyɛɛ nnipa a wɔka ne ho no ne nguan ne anantwi ne yoma no mu yɛɛ wɔn akuw abien,+  na ɔkae sɛ: “Sɛ Esau bɛtow hyɛ kuw biako so a, kuw a aka no betumi aguan.”+  Afei Yakob kae sɛ: “O m’agyanom Abraham ne Isak Nyankopɔn,+ Yehowa a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘San kɔ w’asase so, w’abusuafo nkyɛn na mɛhwɛ wo so’ no,+ 10  mahu sɛ w’adɔe ne wo nokwaredi a woayi adi akyerɛ me no mfata me,+ efisɛ bere a meretwa Yordan no, poma pɛ na na ekura me, nanso mprempren mabɛyɛ akuw abien.+ 11  Mesrɛ wo gye me+ fi me nua Esau nsam efisɛ misuro sɛ ɔbɛtow ahyɛ me+ ne mmea ne mmofra yi so. 12  Wo na wokae sɛ, ‘Ɔkwan biara so medi w’akyi na mɛma w’asefo adɔɔso sɛ mpoano anhwea a obiara ntumi nkan ne dodow.’”+ 13  Ɔdaa hɔ anadwo no. Afei oyii n’agyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde bɛma Esau:+ 14  mmirekyibere ahanu ne mpapo aduonu, nguammere ahanu ne adwennini aduonu, 15  yoma a wɔma nufu aduasa ne wɔn mma, anantwibere aduanan ne anantwinini du, mfurummere aduonu ne mfurum anini du.+ 16  Afei ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw de hyɛɛ ne nkoa no nsa, na otii mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munni m’anim nkɔ na momma kwan mmɛda kuw biara ne nea edi hɔ ntam.”+ 17  Ɔka kyerɛɛ nea odi kan no sɛ: “Sɛ ɛba sɛ me nua Esau hyia wo na obisa wo sɛ, ‘Hena akoa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na nea edi w’anim yi nso yɛ hena dea?’ a, 18  ka kyerɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoa Yakob dea. Ɛyɛ akyɛde+ a ɔde asoma sɛ yɛmfa mmrɛ me wura+ Esau, na ɔno ankasa wɔ akyi reba.’” 19  Ɔhyɛɛ nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa ne wɔn a wodi mmoa no akyi nyinaa nso sɛ: “Sɛ muhyia Esau a, asɛm yi ara na monka nkyerɛ no.+ 20  Na momfa nka ho sɛ, ‘W’akoa Yakob wɔ yɛn akyi.’”+ Saa bere no na ɔreka wɔ ne tirim sɛ: “Mede akyɛde yi di m’anim kɔ a,+ ansa na medu n’anim no na ne bo adwo. Ebia ɔbɛtew n’anim ama me.”+ 21  Enti ɔmaa akyɛde no dii n’anim kɔe, nanso ɔno de, anadwo no ɔdaa beae a wɔsoɛe no.+ 22  Anadwo no ara ɔfaa ne yerenom+ baanu no ne ne mmaawa+ baanu no ne ne mma+ dubiako no kotwaa Yabok+ asutwaree no. 23  Ɔde wɔn twaa asu no,+ na ɔde nea ɔwɔ nyinaa nso twae. 24  Afei na aka Yakob nkutoo, na ɔbarima bi ne no bɛtentamee kosii sɛ ade kyee.+ 25  Bere a ɔbarima no hui sɛ ontumi no wɔ atentam no mu no,+ ɔde ne nsa kaa Yakob dwonku ma ehuanee.+ 26  Na ɔkae sɛ: “Ade akye, ma menkɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Woanhyira me a, meremma wonkɔ.”+ 27  Afei obisaa no sɛ: “Wɔfrɛ wo dɛn?” na ɔkae sɛ: “Yakob.” 28  Ɛnna ɔkae sɛ: “Wɔremfrɛ wo Yakob bio, mmom wɔbɛfrɛ wo Israel,+ efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa adi apere+ nanso woatumi agyina mu.” 29  Yakob nso bisaa no sɛ: “Mesrɛ wo bɔ wo din kyerɛ me.” Ɛnna obisaa no sɛ: “Dɛn nti na wubisa me me din?”+ Afei ohyiraa no wɔ hɔ. 30  Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,+ efisɛ sɛnea ɔkae no, “Mahu Onyankopɔn anim ne anim, nanso manya me ti adidi mu.”+ 31  Ofii Penuel ara pɛ na owia puei, na na ɔtɔ gu ne nan so.+ 32  Eyi nti na Israelfo nwe srɛ mu ntini a eso dwonku mu de besi nnɛ no, efisɛ ɔbɔfo de ne nsa kaa Yakob dwonku, ne srɛ ntini no.+

Ase Hɔ Nsɛm