Genesis 34:1-31

34  Ná Lea babea Dina+ a ɔwoo no maa Yakob no taa kɔ+ kurom hɔfo mmabaa+ nkyɛn.  Na asase no so otitiriw Hamor a ɔyɛ Hiwini+ ba bi a wɔfrɛ no Sekem huu Dina, na ɔfaa no ne no dae guu ne ho fĩ.+  Afei ne kra bɛfam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no na ɔkorɔkorɔɔ no daa.  Ɛnna Sekem ka kyerɛɛ ne papa Hamor+ sɛ: “Kogye ababaa yi aware ma me.”+  Yakob tee sɛ aberante no agu ne ba Dina ho fĩ. Nanso saa bere no na ne mmabarima no rehwɛ ne mmoa wɔ wuram,+ enti omuaa n’ano twɛnee sɛ wɔbɛba.+  Akyiri yi Sekem papa Hamor baa Yakob nkyɛn ne no bɛkasae.+  Yakob mma no tee asɛm no ara pɛ na wofii wuram bae; na asɛm no yɛɛ wɔn yaw na wɔn bo fuwii denneennen,+ efisɛ na wayɛ aniwude atia Israel sɛ ɔne Yakob babea ada,+ biribi a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ koraa.+  Afei Hamor ne wɔn kasae sɛ: “Me ba Sekem kra fam mo babea no ho.+ Enti mesrɛ mo momfa no mma no na ɔnware no,+  na mo ne yɛn nni ayeware.+ Mode mo mmabea bɛma yɛn na moafa yɛn mmabea.+ 10  Mo ne yɛn ntena, na monyɛ nea mopɛ wɔ asase no so. Montena so na munni gua, na monka so.”+ 11  Afei Sekem ka kyerɛɛ Dina papa ne ne nuanom sɛ: “Mesrɛ mo, momma minnya mo anim dom, na biribiara a mubebisa no mede bɛma mo. 12  Mo de, momma tiade ne akyɛde biara a ɛsɛ sɛ mede ba no nyɛ kɛse,+ na nea mobɛka biara mede bɛma mo; nea mihia ara ne sɛ mode ababaa no bɛma me aware.” 13  Na Yakob mmabarima no de anifere buaa Sekem ne ne papa Hamor, efisɛ na wagu wɔn nuabea Dina ho fĩ.+ 14  Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛrentumi mfa yɛn nuabea mma ɔbarima a ontwaa twetia,+ efisɛ ɛyɛ animguase ma yɛn. Dabi, yɛrentumi nyɛ saa. 15  Sɛ mopɛ sɛ yɛpene so ne mo yɛ nnipa biako a, ɛnde mo mmarima nyinaa ntwa twetia.+ 16  Ɛba saa a, yɛde yɛn mmabea bɛma mo na yɛafa mo mmabea, na yɛne mo bɛtena ayɛ nnipa biako.+ 17  Na sɛ moantie antwa twetia a, ɛnde yɛbɛfa yɛn babea no akɔ.” 18  Asɛm no yɛɛ Hamor ne ne ba Sekem+ dɛ, 19  na aberante no antwentwɛn ne nan ase koraa sɛ ɔbɛyɛ nea wɔaka no,+ efisɛ na n’ani gye Yakob babea no ho, na na aberante no wɔ anuonyam+ sen obiara wɔ ne papa fie.+ 20  Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kurow pon ano na wɔka kyerɛɛ kurom+ hɔ mmerante sɛ: 21  “Mmarima yi ne yɛn te wɔ asomdwoe mu.+ Enti momma wɔntena asase yi so na wonni gua wɔ so, efisɛ asase yi da wɔn anim kakraa.+ Yebetumi aware wɔn mmabea na yɛde yɛn mmabea ama wɔn.+ 22  Nanso sɛ wɔbɛpene so ne yɛn atena na wɔne yɛn ayɛ biako a, ɛsɛ sɛ yɛn mmarima nyinaa twa twetia sɛnea wɔatwa twetia no.+ 23  Wɔn agyapade ne ahode ne wɔn mmoa nyinaa, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛfa?+ Mo de, momma yɛmpene nea wɔaka no so kɛkɛ na wɔne yɛn ntena.”+ 24  Enti wɔn a wɔfa ne kurow pon ano fi adi nyinaa yɛɛ aso maa Hamor ne ne ba Sekem, na mmarima no nyinaa twaa twetia, wɔn a wɔfa ne kurow pon ano fi adi nyinaa. 25  Afei ne nnansa so a ɛyaw no mu ayɛ den no,+ Yakob mma baanu, Simeon ne Lewi+ a wɔyɛ Dina nuanom,+ faa nkrante na wowiawiaa wɔn ho kɔɔ kurow no mu kokunkum mmarima no nyinaa.+ 26  Na wɔde nkrante kum Hamor ne ne ba Sekem nso.+ Afei wɔfaa Dina fii Sekem fie hɔ kɔe.+ 27  Yakob mma a wɔaka no nso baa mmarima a wɔapirapira no so, na wɔfaa kurow no mu nneɛma nyinaa, efisɛ wɔagu wɔn nuabea no ho fĩ.+ 28  Wɔfaa wɔn nguan ne anantwi ne mfurum ne nea ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa.+ 29  Na wɔfaa wɔn ho nneɛma nyinaa ne wɔn mma ne wɔn yerenom nnommum kɔe, enti biribiara a wɔn nsa kae wɔ wɔn afie mu no, wɔfae.+ 30  Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi+ sɛ: “Moama mabɛyɛ abusude na me ho abɔn asase yi sofo,+ Kanaanfo ne Perisifo. Me ho nnipa sua,+ na wɔbɛboaboa wɔn ano abekum me atɔre m’ase, me ne me fie.” 31  Ɛnna wobuae sɛ: “Yɛntena hɔ mma obi nyɛ yɛn nuabea sɛ aguaman anaa?”+

Ase Hɔ Nsɛm