Genesis 35:1-29

35  Ɛno akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ,+ na si afɔremuka wɔ hɔ ma nokware Nyankopɔn a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo bere a woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.”+  Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: “Montow ananafo anyame a ɛwɔ mo nkyɛn no nyinaa ngu,+ na montew mo ho na monsesa mo ntade,+  na momma yɛnkɔ Betel. Mesi afɔremuka wɔ hɔ ama nokware Nyankopɔn a otiee me wɔ m’ahohia+ mu na odii m’akyi wɔ m’akwantu mu no.”+  Enti wɔde ananafo anyame+ a ɛwɔ wɔn nkyɛn nyinaa ne asomuade a ɛhyehyɛ wɔn no maa Yakob, na ɔde siee+ dua kɛse bi ase wɔ Sekem kurotia.  Afei osiim kɔe, na Onyankopɔn ho hu tɔɔ nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so,+ enti wɔantiw Yakob mma no.  Na Yakob ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa koduu Lus,+ anaa Betel, a ɛwɔ Kanaanfo asase so no.  Osii afɔremuka wɔ hɔ na ɔfrɛɛ hɔ El-Betel, efisɛ ɛhɔ na nokware Nyankopɔn no yii ne ho adi kyerɛɛ no bere a ɔreguan afi ne nua no nkyɛn no.+  Akyiri yi Debora+ a na ɔhwɛ Rebeka no wui na wosiee no dua kɛse bi ase wɔ Betel ase. Enti ɔtoo hɔ din Alon-Bakut.  Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ Yakob bere a ofi Padan-Aram+ reba no, na ohyiraa no.+ 10  Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo din de Yakob.+ Nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel.” Enti ofii ase frɛɛ no Israel.+ 11  Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ W’ase ntrɛw na yɛ bebree. W’asefo bɛdan aman ne aman asafodɔm, na ahene befi w’asen mu aba.+ 12  Na asase+ a mede maa Abraham ne Isak no, mede bɛma wo ne w’asefo+ a wobedi w’akyi aba no.” 13  Ɛno akyi no, Onyankopɔn fii baabi a ɔne no kasae no kɔɔ soro.+ 14  Afei Yakob de ɔbo yɛɛ nkaedum sii baabi a ɔne no kasae no,+ na ohwiee afɔrebɔ nsa ne ngo guu so.+ 15  Na Yakob frɛɛ baabi a Onyankopɔn ne no kasae no Betel.+ 16  Afei wotu fii Betel, na bere a wokoduu baabi a ɛne Efrata+ ntam twe kakra no, awo kaa Rahel, na awo no mu yɛɛ den.+ 17  Nanso bere a n’awo no mu yɛɛ den no, nea ɔregye no awo no kae sɛ: “Nsuro na wobɛsan anya ɔbabarima yi nso.”+ 18  Bere a ne kra+ refi ne mu, kyerɛ sɛ ɔrewu no,+ ɔtoo ne din Ben-Oni; nanso ne papa frɛɛ no Benyamin.+ 19  Enti Rahel wui na wosiee no Efrata, anaa Betlehem,+ kwan so. 20  Na Yakob yɛɛ nkaedum sii ne nna so. Eyi ne Rahel nna so nkaedum de besi nnɛ.+ 21  Ɛno akyi no, Israel fii hɔ kosii ne ntamadan wɔ Eder+ aban no akyi baabi. 22  Bere a Israel te+ asase no so no, da bi Ruben ne ne papa yefam Bilha dae, na Israel tee.+ Ná Yakob mmabarima no yɛ dumien. 23  Lea mma ne Ruben,+ a ɔyɛ Yakob ba panyin no, ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, ne Sebulon. 24  Rahel mma ne Yosef ne Benyamin. 25  Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali. 26  Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Eyinom ne mmabarima a wɔwoo wɔn maa Yakob wɔ Padan-Aram. 27  Awiei koraa no, Yakob koduu ne papa Isak nkyɛn wɔ Mamre,+ wɔ Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ Hebron, baabi a Abraham ne Isak kɔsoɛe sɛ ahɔho no.+ 28  Mfe a Isak dii nyinaa yɛ ɔha aduɔwɔtwe.+ 29  Afei Isak gyaa mu wui bere a wanyin abɔ akora na ne nna amee no,+ na ne mma Esau ne Yakob siee no kaa ne nkurɔfo ho.+

Ase Hɔ Nsɛm