Genesis 37:1-36

37  Yakob de, ɔkɔɔ so tenaa Kanaan+ asase a ne papa kɔsoɛɛ so+ no so.  Yakob ho nsɛm ni. Bere a Yosef+ dii mfe dunson no, na ɔne ne nuanom rehwɛ nguan;+ ná ɔyɛ aberantewa a ɔne ne papa yerenom Bilha+ ne Silpa+ mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛkaa wɔn nneyɛe bɔne ho asɛm kyerɛɛ wɔn papa.+  Ná Israel dɔ Yosef sen ne mma no nyinaa,+ efisɛ na ɔyɛ ne nkwakoraabere mu ba, na ɔpam atade tenten a nsensanee wom maa no.+  Afei bere a ne nuanom hui sɛ wɔn papa dɔ no sen wɔn nyinaa no, wɔfaa ne ho tan,+ na na wontumi ne no nkasa abodwo so.+  Akyiri yi Yosef soo dae, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom no,+ na ɛno ma wɔtan no kɛse koraa.  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, muntie dae a maso yi.+  Nea ɛbae ne sɛ na yɛwɔ wuram rekyekyere awi atifi atifi. Afei m’awi no sɔre gyinae na mo de no twaa me de no ho hyiae na ɛkotow no.”+  Ɛnna ne nuanom bisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wobɛyɛ ɔhene wɔ yɛn so?+ Anaa wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wubedi yɛn so?”+ Ne dae yi ne nsɛm a ɔkae no ma wɔtan no sen kan no.  Ɛno akyi no, ɔsoo dae foforo, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso dae foforo, na mihui sɛ owia ne ɔsram ne nsoromma dubiako rekotow me.”+ 10  Ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne nuanom, na ne papa kaa n’anim bisaa no sɛ:+ “Dae a woaso yi kyerɛ dɛn? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ me ne wo maame ne wo nuanom bɛkotow fam wɔ w’anim anaa?” 11  Afei ne nuanom no ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.+ 12  Ɛbae sɛ bere bi ne nuanom de wɔn papa nguan kɔɔ adidi wɔ Sekem mpɔtam baabi.+ 13  Akyiri yi Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo nuanom rehwɛ nguan wɔ Sekem mpɔtam hɔ. Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Na obuae sɛ: “Mate, mɛkɔ!”+ 14  Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ na kɔhwɛ sɛnea wo nuanom ne mmoa no ho te, na bɛka kyerɛ me.”+ Enti ɔsomaa no fii Hebron+ bon mu kɔɔ Sekem. 15  Akyiri yi ɔbarima bi hui sɛ wayera nenam wuram baabi. Ɛnna ɔbarima no bisaa no sɛ: “Dɛn na worehwehwɛ wɔ ha?” 16  Obuae sɛ: “Merehwehwɛ me nuanom. Mesrɛ wo, kyerɛ me baabi a wɔrehwɛ nguan no.” 17  Ɔbarima no kae sɛ: “Wɔafi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti Yosef tiw ne nuanom, na ohuu wɔn wɔ Dotan. 18  Wohuu no akyirikyiri sɛ ɔreba, na ɛhɔ ara na wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi so akum no.+ 19  Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Monhwɛ, ɔdaesofo no na ɔreba no!+ 20  Momma yenkum no nto abura yi bi mu,+ na yɛnkɔka sɛ aboa bi akyere no,+ na yɛnhwɛ nea ne dae no bɛkɔ akosi.” 21  Bere a Ruben tee no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegye no afi wɔn nsam.+ Enti ɔkae sɛ: “Mommma yennkum no.”+ 22  Ruben ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnhwie mogya nngu.+ Momfa no nto abura bi mu wɔ sare so ha, na mommfa mo nsa nnka no.”+ Ná n’adwene nyinaa ne sɛ obegye no afi ne nuanom nsam de no asan akɔma ne papa. 23  Enti Yosef duu ne nuanom nkyɛn ara pɛ na wɔworɔw n’atade tenten no, nea nsensanee wom a ɛhyɛ no no;+ 24  afei wɔde no too abura no mu.+ Saa bere no na hwee nni abura no mu; na nsu nni mu. 25  Afei wɔtenaa ase sɛ wɔredidi.+ Na bere a wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ Ismaelfo+ akwantufo bi fi Gilead reba a wɔn yoma soso labdanum ne balsam aduhuam ne akyenkyennuru+ a wɔde rekɔ Egypt. 26  Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Sɛ yekum yɛn nua yi kata ne mogya so a,+ mfaso bɛn koraa na yebenya? 27  Hwɛ, momma yɛntɔn no mma Ismaelfo yi,+ na mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no.+ Ɛyɛ dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua, yɛn honam.” Enti wotiee wɔn nua no.+ 28  Afei bere a Midianfo aguadifo no retwam no,+ woyii Yosef fii abura+ no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfo no gyee nnwetɛbona aduonu.+ Na wɔde Yosef kɔɔ Egypt. 29  Akyiri yi Ruben baa abura no ho, nanso na Yosef nni abura no mu. Ohuu saa no, osuanee n’atade mu.+ 30  Bere a ɔsan baa ne nuanom nkyɛn no, ɔteɛɛm sɛ: “Abofra no nni hɔ! Ɛdɛn na mɛyɛ?”+ 31  Afei wɔfaa Yosef atade no, na wokum ɔpapo de atade no bɔɔ mogya no mu.+ 32  Na wɔma wɔde atade tenten a nsensanee wom no kɔmaa wɔn papa kae sɛ: “Yebehuu atade yi wɔ baabi. Hwɛ+ sɛ ɛyɛ wo ba no atade anaa.”+ 33  Na ɔdannan atade no hwɛe, na ɔteɛɛm sɛ: “Ɛyɛ me ba no dea! Ɛbɛyɛ sɛ aboa bi akyere no awe!+ Ɛbɛyɛ sɛ watetew Yosef mu!”+ 34  Ɛnna Yakob suanee n’atade mu na ɔde atweaatam sii n’asen suu ne ba no nna pii.+ 35  Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ,+ nanso wamma kwan, na ɔkae sɛ:+ “Mede awerɛhow bɛkɔ me ba no nkyɛn wɔ Adamoa* mu!” Na ne papa kɔɔ so ara suu no. 36  Nanso Midianfo no kɔtɔn no wɔ Egypt maa Potifar a ɔyɛ Farao mpanyimfo no mu biako,+ awɛmfo so panyin no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.