Genesis 39:1-23

39  Wɔde Yosef kɔɔ Egypt,+ na Egyptni Potifar+ a ɔyɛ Farao mpanyimfo no mu biako, awɛmfo so panyin no, tɔɔ no fii Ismaelfo+ a wɔde no kɔe no nkyɛn.  Yehowa dii Yosef akyi ma esii no yiye,+ na ne wura Egyptni no de fie hɔ hyɛɛ ne nsa.  Afei ne wura no behui sɛ Yehowa di n’akyi na biribiara a ɔde ne nsa beso mu no Yehowa ma ɛyɛ yiye.  Na Yosef nyaa n’anim dom na oyii ne yam som no, enti ɔde fie hɔ ne biribiara a ɔwɔ hyɛɛ ne nsa.+  Efi bere a ɔde fie hɔ ne biribiara a ɔwɔ hyɛɛ ne nsa no, Yosef nti Yehowa hyiraa Egyptni no fie, na Yehowa kɔɔ so hyiraa nea ɔwɔ biara so, nea ɛwɔ fie ne afuw mu.+  Enti ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa,+ na wanhaw ne ho wɔ biribiara ho gye aduan a ɔno ara bedi. Afei Yosef nyin bɛyɛɛ ɔbarima hoɔfɛfo fi soro besi fam.  Akyiri yi, ne wura yere de n’ani+ sii Yosef so na ɔkae sɛ: “Wo ne me mmɛda.”+  Nanso na ɔmpene so,+ na ɔka sɛ: “Hwɛ, me nti, me wura nhwɛ nea ɛrekɔ so wɔ fie ha, na ɔde biribiara a ɔwɔ ahyɛ me nsa.+  Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen me wɔ fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, efisɛ woyɛ ne yere.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+ 10  Da biara na ɔde asɛm no guan Yosef ho, nanso wampene sɛ ɔne no bɛda anaa ɔne no bɛhyehyɛ hɔ.+ 11  Da bi ɔkɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ adwuma, sɛnea ɔyɛ daa no, na na fie hɔfo no mu biara nni hɔ.+ 12  Afei ɔbea no soo n’atade mu+ kae sɛ: “Wo ne me mmɛda!”+ Nanso ogyee ne ho gyaw n’atade maa no na oguan fii adi.+ 13  Afei bere a ohui sɛ Yosef agyaw n’atade wɔ ne nsam na waguan afi adi no, 14  ofii ase teɛteɛɛm frɛɛ ne fie hɔfo sɛ: “Monhwɛ! Wakɔfa Hebrini barima yi aba sɛ ommegoru yɛn ho. Ɔbaa me nkyɛn sɛ ɔne me bɛda, na memaa me nne so teɛteɛɛm.+ 15  Afei bere a ɔtee sɛ mereteɛteɛm no, ogyaw n’atade wɔ me nkyɛn, na oguan fii adi.” 16  Ɔde atade no guu ne nkyɛn kosii sɛ ne wura no baa fie.+ 17  Na ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ no sɛ: “Hebrini akoa yi a wokɔfaa no bae yi baa me nkyɛn sɛ ɔrebegoru me ho. 18  Na memaa me nne so teɛteɛɛm, na ntɛm ara na ogyaw n’atade wɔ me nkyɛn, na oguan fii adi.”+ 19  Bere a ne wura no tee ne yere no asɛm sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na w’akoa no ayɛ me” no, ne bo fuwii.+ 20  Enti Yosef wura no de no kɔtoo afiase, baabi a ɔhene nneduafo gu no, na ɔdaa afiase hɔ.+ 21  Nanso Yehowa kɔɔ so ara dii Yosef akyi, na oyii n’adɔe kyerɛɛ no ma onyaa ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no anim dom.+ 22  Afei ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no de nneduafo a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔno na na ɔhwɛ ma wɔyɛ biribiara wɔ hɔ.+ 23  Na biribiara a ɛhyɛ ne nsa no, afiase panyin no anhaw ne ho wɔ ho, efisɛ na Yehowa di Yosef akyi, na nea ɔyɛe biara, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ yiye.+

Ase Hɔ Nsɛm