Genesis 40:1-23

40  Na eyinom nyinaa akyi no, ɛbae sɛ Egypt hene no nsahyɛfo+ ne ne paanootofo yɛɛ wɔn wura Egypt hene+ no bɔne.  Farao bo fuw ne mpanyimfo baanu yi,+ nsahyɛfo panyin ne paanootofo panyin no.+  Enti ɔde wɔn koguu afiase+ wɔ awɛmfo panyin+ no fie, baabi a na Yosef da no.  Na awɛmfo panyin no maa Yosef som wɔn,+ na wodii nna kakra wɔ afiase hɔ.  Afei da koro bi anadwo, Egypt hene mpanyimfo baanu no, nsahyɛfo ne paanootofo a wɔda afiase hɔ no,+ mu biara soo dae;+ na ɛsono obiara dae+ ne ne nkyerɛase.+  Ade kyee anɔpa a Yosef baa wɔn nkyɛn no, na wɔn anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.+  Ɛnna obisaa Farao mpanyimfo a ɔne wɔn da afiase wɔ ne wura fie no sɛ: “Dɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ siamoo saa?”+  Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛasoso adae, nanso obiara nni ha a ɔbɛkyerɛ ase ama yɛn.” Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ dae ase?+ Monka nkyerɛ me.”  Afei nsahyɛfo panyin no kaa ne dae no kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mesoo dae no na bobe bi si m’anim. 10  Na bobe no yiyii nkorata abiɛsa na ɛfefɛwee.+ Afei eguu nhwiren na ɛsow aba akasiaw, na aba no beree. 11  Ná Farao kuruwa kura me, na mefaa bobe aba no bi kyĩ guu kuruwa no mu.+ Na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsam.”+ 12  Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Ne nkyerɛase ni:+ Nkorata abiɛsa no yɛ nnansa. 13  Aka nnansa na Farao ayi wo de wo dibea asan ama wo.+ Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsam, sɛnea na woyɛ bere a woyɛ ne nsahyɛfo no.+ 14  Na sɛ biribiara kɔ yiye ma wo a, mesrɛ wo kae me.+ Yɛ me adɔe na ka me ho asɛm kyerɛ Farao+ na yi me fi ofie yi mu. 15  Asɛm no ne sɛ wɔkyeree me siei na wɔde me fii Hebrifo+ asase so baa ha; na ɛha nso menyɛɛ hwee a ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto afiase amoa mu.”+ 16  Afei bere a paanootofo panyin no hui sɛ nkyerɛase no akɔ yiye no, ɔno nso ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Me nso, me dae mu no, na meso nkɛntɛn a paanoo wom a esisi so abiɛsa, 17  na na atoduan a Farao+ pɛ nyinaa bi wɔ kɛntɛn a ɛwɔ soro no mu. Afei nnomaa+ bedii aduan a ɛwɔ kɛntɛn no mu no wɔ me ti so.” 18  Ɛnna Yosef kae sɛ: “Ne nkyerɛase ni:+ Nkɛntɛn abiɛsa no yɛ nnansa. 19  Aka nnansa na Farao ayi wo afi ha na wayi wo ti afi so, na ɔbɛsɛn wo dua so,+ na nnomaa bedi wo nam.”+ 20  Afei nnansa so a Farao redi n’awoda+ no, ɔtow pon maa ne nkoa nyinaa, na oyii nsahyɛfo panyin ne paanootofo panyin no fii adi wɔ ne nkoa no anim.+ 21  Ɔsan de nsahyɛfo panyin no dibea maa no,+ na ɔtoaa so de kuruwa hyɛɛ Farao nsam. 22  Na paanootofo panyin no de, ɔsɛn no+ sɛnea Yosef kae no.+ 23  Nanso nsahyɛfo panyin no ankae Yosef, na ne werɛ fii no.+

Ase Hɔ Nsɛm