Genesis 42:1-38

42  Akyiri yi Yakob tee sɛ aburow wɔ Egypt.+ Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Mote hɔ hwehwɛ mo ho anim saa yɛ dɛn?”  Ɔkae sɛ: “Hwɛ, mate sɛ aburow wɔ Egypt.+ Monkɔtɔ bi wɔ hɔ mmra na yɛntena ase, na ɔkɔm ankum yɛn.”  Enti Yosef nuanom du+ siim kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduan.  Na Yakob amma Yosef nua Benyamin+ ankɔ bi, efisɛ ɔkae sɛ: “Anhwɛ a, na asiane bi akɔto no.”+  Enti Israel mma no de wɔn ho bɔɔ afoforo a na wɔrekɔtɔ aduan no, efisɛ na ɔkɔm no adu Kanaan asase so.+  Ná Yosef ne otumfoɔ wɔ asase no so.+ Ɔno na na ɔtɔn aduan ma asase no sofo nyinaa.+ Enti Yosef nuanom bae bɛkotow no de wɔn anim butubutuw fam.+  Bere a Yosef ani bɔɔ ne nuanom so no, ohuu wɔn ntɛm ara, nanso wamma wɔanhu no.+ Enti ɔteɛteɛɛ wɔn, na obisaa wɔn sɛ: “Mufi he?” Ɛnna wobuae sɛ: “Yefi Kanaan asase so na yɛrebɛtɔ aduan.”+  Yosef huu ne nuanom, nanso wɔn de, wɔanhu no.  Afei Yosef kaee dae a ɔso faa wɔn ho no,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ akwansrafo! Moaba sɛ morebɛhwɛ asase yi ho akwan!”+ 10  Ɛnna wɔkae sɛ: “Me wura,+ ɛnte saa; mmom wo nkoa+ aba sɛ wɔrebɛtɔ aduan. 11  Yɛn nyinaa fi papa biako. Yɛn tirim fann. Wo nkoa nyɛ akwansrafo.”+ 12  Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moboa! Moaba sɛ morebɛhwɛ asase yi ho akwan!”+ 13  Ɛnna wɔkae sɛ: “Wo nkoa yɛ anuanom dumien.+ Yɛyɛ papa biako mma+ wɔ Kanaan asase so; akumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn,+ na nea ɔka ho no nni hɔ.”+ 14  Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛno ara na meka kyerɛɛ mo no, ‘Moyɛ akwansrafo!’ 15  Nea mede bɛsɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no ba ha.+ 16  Momma mo mu biako nkɔfa mo nua no mmra, na mo a moaka no nna afiase. Eyi na yɛde behu nokware a ɛwɔ asɛm no mu.+ Anyɛ saa a, ɛnde sɛ Farao te ase yi, moyɛ akwansrafo.” 17  Ɛnna ɔde wɔn guu afiase nnansa. 18  Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ eyi na munya mo ti didi mu, efisɛ misuro+ nokware Nyankopɔn no. 19  Sɛ mo tirim fann ampa a, momma wɔmfa mo mu biako nto afiase ha,+ na mo a moaka no mfa aburow nkɔma mo fiefo a wɔredi kɔm no.+ 20  Afei momfa mo nua kumaa no mmrɛ me na minhu sɛ asɛm a moaka no yɛ nokware, na moanwu.”+ Na wɔtee ase sɛ wɔbɛyɛ no saa. 21  Afei wosisee wɔn ho sɛ: “Ampa ara, yɛn nua no ho asodi da yɛn so,+ efisɛ yehui sɛ ne kra rebrɛ, nanso bere a ɔsrɛe sɛ yenhu no mmɔbɔ no yɛantie. Eyi nyinaa nti na yɛrehu amane yi.”+ 22  Na Ruben buae sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ abofra no bɔne na moantie?+ Afei yɛrebu ne mogya ho akontaa.”+ 23  Saa bere no nyinaa na wonnim sɛ Yosef te nea wɔreka no, efisɛ wɔne no kasa a, na obi kyerɛ ase. 24  Afei ofii wɔn nkyɛn kosui.+ Na ɔsan bae ne wɔn bɛkasae, na oyii Simeon+ fii wɔn mu na ɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.+ 25  Akyiri yi Yosef kae sɛ wɔnhyɛ obiara kotoku a ɔde bae aburow mã. Afei ɔkae sɛ wɔmfa obiara sika nhyɛ ne kotoku mu,+ na wɔmma wɔn akwansoduan.+ Na wɔyɛɛ saa maa wɔn. 26  Afei wɔhyehyɛɛ aburow no wɔ wɔn mfurum so, na wosiim kɔe. 27  Bere a woduu ahomegyebea a wɔn mu biako san ne kotoku sɛ ɔrema n’afurum aduan no,+ ohui sɛ ne sika no hyɛ ne kotoku mu.+ 28  Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Wɔde me sika asan ama me; monhwɛ sɛ ɛhyɛ me kotoku mu!” Afei wɔn koma tui,+ na wɔde ahopopo kae sɛ: “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”+ 29  Na wokoduu wɔn papa Yakob nkyɛn wɔ Kanaan asase so, na wɔkaa nea ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ: 30  “Otumfoɔ a ɔhwɛ asase no so no poopoo n’ani kyerɛɛ yɛn,+ efisɛ na osusuw sɛ yɛyɛ akwansrafo a yɛawia yɛn ho rebɛhwɛ nea ɛwɔ asase no so.+ 31  Na yɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛn tirim fann.+ Yɛnyɛ akwansrafo. 32  Yɛkae sɛ yɛyɛ anuanom dumien+ a yefi papa biako.+ Obiako nni hɔ,+ na akumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn wɔ Kanaan+ asase so.’ 33  Na otumfoɔ a ɔhwɛ asase no so no ka kyerɛɛ yɛn sɛ,+ ‘Nea ɛbɛma mahu sɛ mo tirim fann ni:+ Munnyaw mo mu biako wɔ me nkyɛn,+ na mo a moaka no mfa biribi nkɔma mo fiefo a wɔredi kɔm no.+ 34  Na momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me na mahu ampa sɛ monyɛ akwansrafo na mmom mo tirim fann. Mede mo nua no bɛsan ama mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’”+ 35  Na bere a wɔrehwie wɔn kotoku mu nneɛma no, wohui sɛ obiara sika hyɛ ne kotoku mu. Na wɔne wɔn papa nyinaa huu sika no, wɔbɔɔ hu. 36  Ɛnna wɔn papa Yakob teɛɛm sɛ: “Me na moama mahwere me mma!+ Yosef nni hɔ, na Simeon nni hɔ,+ na morebɛfa Benyamin nso akɔ! Me na amanehunu yi nyinaa aba me so!” 37  Afei Ruben ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Sɛ mamfa no ansan ammrɛ wo a, me mma baanu na wɔwɔ hɔ yi, kum wɔn.+ Fa no hyɛ me nsa, na mɛhwɛ de no abrɛ wo.”+ 38  Nanso ɔkae sɛ: “Me ba no ne mo renkɔ, efisɛ ne nua awu na aka ne nko.+ Sɛ asiane bi to no kwan so a, mobɛma mede me dwen akɔ Adamoa* mu wɔ awerɛhow mu.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.