Genesis 43:1-34

43  Ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no so.+  Afei bere a aduan a wɔde fi Egypt bae no sae no,+ wɔn papa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmra.”+  Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ no sɛ:+ “Ɔbarima no kae denneennen kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua no amma a, munnsi m’anim.’+  Sɛ wobɛma yɛn nua no aka yɛn ho akɔ a,+ ɛnde yɛbɛkɔ akɔtɔ aduan abrɛ wo.  Na sɛ woamma wankɔ a, ɛnde yɛrensi hɔ, efisɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Munnsi m’anim gye sɛ mo nua no ka mo ho.’”+  Na Israel teɛɛm sɛ:+ “Dɛn nti na moayɛ me bɔne a ɛte sɛɛ? Ɛyɛɛ dɛn na moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mo nua bi wɔ hɔ?”  Wobuae sɛ: “Ɔbarima no ara na obisaa yɛne yɛn abusuafo ho nsɛm sɛ, ‘Mo papa te ase?+ Mowɔ nua foforo bi?’ Na yɛn nso yɛmaa no ɛho mmuae.+ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Momfa mo nua no mmra’?”+  Afei Yuda ka kyerɛɛ ne papa Israel sɛ: “Fa abofra no ma me na yɛnkɔ,+ na yɛne wo ne yɛn mma nkumaa no+ atena ase na yɛanwuwu.+  Mede me ho bedi agyinam.+ Sɛ biribi to no a, bisa no me nsam.+ Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, medi w’anim fɔ daa. 10  Sɛ yɛkɔe a, anka saa bere yi yɛakɔ aba mprenu.”+ 11  Ɛnna wɔn papa Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ saa na ɛte a,+ ɛnde nea monyɛ ni: Momfa asase yi so nneɛma pa no bi ngu mo nkotoku mu mfa nkɔma ɔbarima no:+ balsam aduhuam kakra,+ ɛwo kakra,+ labdanum aduhuam ne akyenkyennuru,+ nkate ne ɔsonkoran.+ 12  Na momfa sika no bi nka ho nkɔ; na momfa sika a wɔde hyehyɛɛ mo nkotoku mu no nka ho,+ ebia ɛfaa wɔn ani so.+ 13  Afei momfa mo nua no na monsan nkohu ɔbarima no. 14  Na ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ+ nnyaa mo nua no nka Benyamin ho mma mo. Nanso sɛ etwa sɛ mehwere me mma no a, hwee nni hɔ a metumi ayɛ!”+ 15  Enti mmarima no faa akyɛde no ne sika no mmɔho abien, na wɔde Benyamin kaa wɔn ho siim kɔɔ Egypt kogyinaa Yosef anim.+ 16  Yosef hui sɛ Benyamin ka wɔn ho ara pɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie so no sɛ: “Fa mmarima yi kɔ fie na kum nyɛmmoa yɛ aduan+ na me ne wɔn bedidi awia yi.” 17  Ɛhɔ ara na ɔbarima no de wɔn kɔɔ Yosef fie sɛnea Yosef kae no.+ 18  Bere a mmarima no hui sɛ wɔde wɔn aba Yosef fie no wɔbɔɔ hu,+ na wɔkae sɛ: “Sika a na ɛhyehyɛ yɛn nkotoku mu no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wɔrebɛtow ahyɛ yɛn so de yɛn ayɛ nkoa afa yɛn mfurum!”+ 19  Enti wokohuu ɔbarima a ɔhwɛ Yosef fie so no wɔ fie no kwan ano ne no kasae, 20  na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, me wura! Yɛbaa ha bɛtɔɔ aduan.+ 21  Na yekoduu ahomegyebea+ a yɛsan yɛn nkotoku no, yehui sɛ obiara sika hyɛ ne kotoku mu, sɛnea obiara sika te pɛpɛɛpɛ. Enti yɛasan de aba.+ 22  Na yɛde sika pii aba rebɛtɔ aduan. Yennim onii ko a ɔde sika no hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu.”+ 23  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, munnsuro.+ Mo Nyankopɔn ne Onyankopɔn a mo papa som no no ama mo ademude mo nkotoku mu.+ Me nsam na mo sika no dii kan bae.” Afei ɔde Simeon brɛɛ wɔn.+ 24  Ɔbarima no de wɔn baa Yosef fie na ɔmaa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ase,+ afei ɔmaa wɔn mfurum no aduan.+ 25  Na woyiyii wɔn akyɛde+ no sɛ Yosef ba awia no a wɔde ama no, efisɛ na wɔate sɛ wobedidi wɔ hɔ.+ 26  Bere a Yosef baa fie hɔ no, wɔde nneɛma a wɔde brɛɛ no no maa no, na wobutubutuw fam wɔ n’anim.+ 27  Afei obisaa sɛnea wɔn ho te, na ɔkae sɛ:+ “Mo papa akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te dɛn? Ɔda so te ase?”+ 28  Wobuae sɛ: “Yɛn papa, w’akoa ho ye. Ɔda so te ase.” Afei wɔbɔɔ wɔn mu ase kotow no.+ 29  Bere a ɔmaa n’ani so huu ne nua Benyamin, ne maame ba no,+ ɔkae sɛ: “Mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no ni?”+ Na ɔtoaa so sɛ: “Me ba, Onyankopɔn nyi n’adɔe adi nkyerɛ wo.”+ 30  Afei na Yosef ho pere no, efisɛ na ne nua no ama ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye,+ enti na ɔrepɛ baabi akosu, na ɔkɔɔ pia mu kosui.+ 31  Owiei no, ɔhohoroo n’anim puei, na ɔhyɛɛ ne ho so kae sɛ:+ “Montow pon no.”+ 32  Na wɔde ne de sii n’anim de ne nuanom de sisii wɔn anim na wɔde Egyptfo a wɔne no redidi no de sisii wɔn anim; na Egyptfo no ne Hebrifo no anto nsa annidi, efisɛ ɛyɛ Egyptfo akyide.+ 33  Wɔtenatenaa n’anim nnidiso nnidiso fi ɔpanyin+ so kosi akumaa so; na obiara hwɛɛ ne yɔnko anim a wonhu nea wɔnka. 34  Afei ɔma woyii n’anim aduan no bi de maa wɔn, na ɔmaa Benyamin de no dɔɔso sen wɔn a wɔaka no de mmɔho anum.+ Na wɔne no didi nomee kosii sɛ wɔmee.+

Ase Hɔ Nsɛm