Genesis 44:1-34

44  Akyiri yi ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie so+ no sɛ: “Fa aduan a mmarima no mu biara betumi asoa hyɛ ne kotoku mu na fa obiara sika hyɛ mu.+  Fa me kuruwa, dwetɛ kuruwa no, hyɛ akumaa no kotoku mu, na fa aburow no sika ka ho.” Na ɔyɛe sɛnea Yosef kae no.+  Ade kyee no wogyaa mmarima no kwan+ ma wɔne wɔn mfurum kɔe.  Bere a wofii kurow no mu no, wɔannu baabiara na Yosef ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie so no sɛ: “Sɔre! Tiw mmarima no na bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mode bɔne atua papa so ka?+  Ɛnyɛ eyi ne ade a me wura nom mu a ɛma ohu wim nsɛm no anaa?+ Moayɛ bɔne kɛse.’”  Enti ɔkɔtoo wɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn.  Nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na me wura ka asɛm a ɛte saa? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa.  Hwɛ, sika a yehui wɔ yɛn nkotoku mu no yɛsan de fii Kanaan asase so brɛɛ wo.+ Ɛbɛyɛ dɛn na yɛawia dwetɛ anaa sika wɔ wo wura fie?+  Wo nkoa yi mu biara a wubehu wɔ ne nkyɛn no, ma onwu, na ma yɛn a yɛaka no nyɛ me wura nkoa.”+ 10  Enti ɔkae sɛ: “Momma yɛnyɛ no sɛnea moaka no.+ Na nea yebehu wɔ ne nkyɛn no bɛyɛ m’akoa,+ na mo a moaka de, mo ho sɔnn.” 11  Enti ntɛm ara na obiara soɛɛ ne kotoku too fam, na wɔsansan ano. 12  Na ɔtɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ mu. Ɔde fi ɔpanyin so kosii akumaa so. Awiei koraa no ohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku mu.+ 13  Wosunsuanee wɔn ntade+ mu na obiara maa n’adesoa so too n’afurum so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ kurow no mu. 14  Yuda+ ne ne nuanom kɔɔ Yosef fie, na na ɔda so wɔ hɔ; na wobutubutuw fam wɔ n’anim.+ 15  Afei Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim wim anaa?”+ 16  Ɛnna Yuda kae sɛ: “Asɛm bɛn ara na yebetumi aka akyerɛ me wura? Na dɛn koraa na yɛbɛka? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadi bem?+ Nokware Nyankopɔn no ama wo nkoa bɔne ada adi.+ Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn nyinaa!”+ 17  Nanso ɔkae sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa!+ Nea wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no na ɔbɛyɛ m’akoa.+ Mo a moaka no mfa asomdwoe nkɔ mo papa nkyɛn.”+ 18  Afei Yuda twiw bɛn no kae sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa na tie,+ na mma wo bo mmfuw+ w’akoa, efisɛ wote sɛ Farao.+ 19  Me wura bisaa ne nkoa sɛ, ‘Mowɔ papa anaa onua foforo bi?’ 20  Yebuaa me wura sɛ, ‘Yɛn papa akwakoraa ne ne ba kumaa a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu wɔ hɔ.+ Na ne nua a ɔne no fi maame biako no awu agyaw no,+ na ne papa dɔ no.’ 21  Ɛnna woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Monkɔfa no mmra na memfa m’ani nhu no.’+ 22  Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abofra no ntumi mfi ne papa nkyɛn. Sɛ ofi ne nkyɛn a, papa no bewu.’+ 23  Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no ne mo amma a, morenhu m’anim bio.’+ 24  “Enti yɛkɔɔ w’akoa, me papa, nkyɛn kɔkaa me wura asɛm no kyerɛɛ w’akoa. 25  Akyiri yi yɛn papa kae sɛ, ‘Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmra.’+ 26  Nanso yɛkae sɛ: ‘Yɛrentumi nsan nkɔ gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho, efisɛ sɛ yɛn nua kumaa no nka yɛn ho a, yɛrentumi nhu ɔbarima no anim.’+ 27  Afei w’akoa, me papa, ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo ara munim sɛ me ne me yere woo mmofra baanu.+ 28  Akyiri yi obiako fii me nkyɛn na meteɛɛm sɛ: “Ao, ɛbɛyɛ sɛ aboa bi atetew ne mu pasaa!”+ na manhu no bio besi sesɛɛ. 29  Na sɛ mode oyi nso fi me nkyɛn kɔ na sɛ asiane bi kɔto no a, mobɛma mede me dwen akɔ Adamoa* mu+ wɔ awerɛhow mu.’ 30  “Na sɛ ɛba sɛ mekɔ w’akoa, me papa, nkyɛn na abofra no nka yɛn ho a, sɛnea ne kra fam ne de ho no,+ 31  sɛ onya hu sɛ abofra no nka yɛn ho a, obewu, na wo nkoa bɛma yɛn papa de dwen akɔ Adamoa mu wɔ awerɛhow mu. 32  Bere a abofra no refi ne papa nkyɛn no, w’akoa de ne ho dii agyinam+ sɛ, ‘Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, na mayɛ me papa anim bɔne daa.’+ 33  Enti mesrɛ wo, ma me mmom nka ha na menyɛ me wura akoa, na ma abofra no ne ne nuanom nkɔ.+ 34  Sɛ abofra no nka me ho a, mɛyɛ dɛn akɔ me papa nkyɛn na mahwɛ me papa amanehunu?”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.