Genesis 45:1-28

45  Afei na Yosef ntumi nhyɛ ne ho so bio wɔ wɔn a wogyinagyina ne ho no nyinaa anim.+ Enti ɔteɛɛm sɛ: “Momma obiara mfi me nkyɛn!” Ná obiara nnyina Yosef nkyɛn bere a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no.+  Na ɔmaa ne nne so sui+ maa Egyptfo ne wɔn a wɔwɔ Farao fie no tee.  Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Mene Yosef. Me papa da so te ase?” Nanso ne nuanom antumi ankasa efisɛ na asɛm no atɔ wɔn so.+  Enti Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Muntwiw mmɛn me.” Na wɔbɛn no. Afei ɔkae sɛ: “Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Egypt no.+  Nanso mommma ɛnnhaw mo,+ na mommma mo bo mmfuw mo ho sɛ motɔn me baa ha; efisɛ Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛ memmɛkora nkwa so.+  Ɔkɔm no baa asase so mfe abien ni,+ na asan aka mfe anum a obiara ntumi mfɛtɛw na ontwa.+  Onyankopɔn somaa me dii mo anim na ama moanya nkwagye kɛse na mo nkaefo bi atena asase so.+  Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha,+ na mmom nokware Nyankopɔn no na ɔde me bae sɛ ɔbɛyɛ me Farao agya+ ne ne fie nyinaa so wura, na madi Egypt asase nyinaa so.  “Enti monyɛ ntɛm nkɔ me papa hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Nea wo ba Yosef aka ni: “Onyankopɔn de me ayɛ Egypt nyinaa so wura.+ Tu bra me nkyɛn. Ntwentwɛn wo nan ase koraa. 10  Bɛtena Gosen+ asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo mma mma ne wo nguan ne w’anantwi ne nea wowɔ nyinaa mmra. 11  Mɛma wo aduan adi, efisɛ aka mfe anum ansa na ɔkɔm no to atwa,+ na misuro sɛ ohia bɛka wo ne wo fie ne nea wowɔ nyinaa.”’ 12  Hwɛ, mo ne me nua Benyamin ani tua sɛ me ara m’ano na mede rekasa kyerɛ mo.+ 13  Monka anuonyam a manya wɔ Egypt asase so ne nea moahu nyinaa nkyerɛ me papa; momma mo ho nyɛ hare nkɔfa no mmra.” 14  Na ɔbam ne nua Benyamin na osui, na Benyamin nso de ne ti too ne kɔn ho sui.+ 15  Na ofew ne nuanom nyinaa ano sui;+ afei ne nuanom ne no kasae. 16  Farao fiefo tee sɛ wɔreka sɛ: “Yosef nuanom aba!” Na Farao ne ne nkoa ani gyei.+ 17  Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Ka kyerɛ wo nuanom sɛ, ‘Monyɛ eyi: Monhyehyɛ nneɛma ngu mo mfurum so mfa nkɔ Kanaan asase so,+ 18  na monkɔfa mo papa ne mo fiefo mmra me nkyɛn, na mede Egypt asase so nnepa bɛma mo na moadi asase no fã a adɔ srade.+ 19  Na wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ:+ “Monyɛ eyi: Momfa Egypt asase so nteaseɛnam+ nkɔfa mo mma ne mo yerenom, na momfa mo papa ntena biako mu mmra.+ 20  Na mommma mo ani nnnyina mo agyapade,+ efisɛ nnepa a ɛwɔ Egypt asase so nyinaa yɛ mo de.”’”+ 21  Ɛnna Israel mma no yɛɛ saa, na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛnea Farao hyɛe no na ɔmaa wɔn akwansoduan.+ 22  Ɔmaa obiara atade biako a ɔde bɛsesa ne ho,+ na Benyamin de, ɔmaa no nnwetɛbona ahasa ne ntade ahorow anum a ɔde bɛsesa ne ho.+ 23  Nea ɔde soma kɔmaa ne papa nso ni: mfurum du a wɔsoso Egypt nnepa ne mfurummere du a wɔsoso awi ne aburow ne aduan foforo a ne papa bedi wɔ kwan so. 24  Afei ogyaa ne nuanom kwan ma wosiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na obiara bo ankofuw ne yɔnko wɔ kwan so.”+ 25  Enti wofii Egypt na nkakrankakra wokoduu Kanaan asase so, wɔn papa Yakob nkyɛn. 26  Na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Yosef te ase, na ɔno na odi Egypt asase nyinaa so!”+ Asɛm no ampusuw ne koma, efisɛ wannye wɔn anni.+ 27  Afei bere a wɔkaa nea Yosef kae no nyinaa kyerɛɛ no na ohuu nteaseɛnam a Yosef de asoma sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn papa Yakob honhom san no.+ 28  Na Israel teɛɛm sɛ: “Eye! Me ba Yosef te ase ampa! Ma minkohu no ansa na mawu!”+

Ase Hɔ Nsɛm