Genesis 47:1-31

47  Na Yosef kɔbɔɔ Farao amanneɛ sɛ:+ “Me papa ne me nuanom de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa fi Kanaan asase so aba Gosen+ asase so.”  Na ɔfaa ne nuanom mu baanum de wɔn kɔɔ Farao anim.+  Farao bisaa ne nuanom no sɛ: “Adwuma bɛn na moyɛ?”+ Ɛnna wobuaa Farao sɛ: “Wo nkoa ne yɛn agyanom+ yɛ nguanhwɛfo.”+  Afei wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛsoɛ asase yi so,+ efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den wɔ Kanaan+ asase so, na wo nkoa nnya aduan mma wɔn mmoa.+ Enti yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen+ asase so.”  Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo papa ne wo nuanom aba wo nkyɛn.  Egypt asase nyinaa da w’anim.+ Ma wo papa ne wo nuanom ntena asase no fã a eye paa so.+ Ma wɔntena Gosen+ asase so, na sɛ wɔn mu bi yɛ akokodurufo a,+ yi wɔn ma wɔnhwɛ me mmoa so.”+  Afei Yosef de ne papa Yakob kokyiaa Farao, na Yakob hyiraa Farao.+  Farao bisaa Yakob sɛ: “Enti mfe ahe na woadi?”  Yakob buaa Farao sɛ: “Mede mfe ɔha aduasa na atena ase sɛ ɔhɔho.+ Ɛyɛ mfe kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu mã,+ na ennu mfe a m’agyanom de tenaa ase sɛ ahɔho no koraa.”+ 10  Afei Yakob hyiraa Farao na ofii Farao anim kɔe.+ 11  Enti Yosef maa ne papa ne ne nuanom tenaa Egypt na ɔmaa wɔn asase no fã a eye paa, Ramese+ asase, sɛnea Farao kae no. 12  Na Yosef maa ne papa, ne nuanom, ne ne papa fiefo nyinaa aduan,+ sɛnea wɔn mma dodow te.+ 13  Afei na aduan biara nni asase no so baabiara, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den paa;+ na ɔkɔm no dosaw Egypt ne Kanaan asase nyinaa.+ 14  Na Yosef gyigyee Egypt ne Kanaan asase so sika a wɔde bɛtɔɔ aburow no nyinaa;+ na ɔde sika no kɔɔ Farao fie. 15  Bere bi akyi no, Egypt ne Kanaan asase so sika sae, na Egyptfo nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: “Ma yɛn aduan!+ Dɛn nti na yɛn sika a asa nti ɛsɛ sɛ yewuwu w’anim?”+ 16  Yosef buae sɛ: “Sɛ mo sika asa a, momfa mo nyɛmmoa mmra na mɛma mo aduan.” 17  Na wɔde wɔn nyɛmmoa brɛɛ Yosef, na Yosef maa wɔn aduan de gyee wɔn apɔnkɔ,+ nguan, anantwi ne mfurum; ɔmaa wɔn aduan de gyee wɔn mmoa nyinaa wɔ afe no mu. 18  Nkakrankakra afe no baa awiei, na afe a edi hɔ no wɔkɔɔ Yosef nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛremfa nsie yɛn wura; yɛn sika ne yɛn nyɛmmoa nyinaa yɛde abrɛ yɛn wura.+ Biribiara nni hɔ bio wɔ yɛn wura anim gye yɛn nipadua ne yɛn asase.+ 19  Dɛn nti na yɛne yɛn nsase nwu wɔ w’anim?+ Fa aduan tɔ yɛne yɛn nsase+ na yɛne yɛn nsase mmɛyɛ Farao nkoa; na ma yɛn aba a yebedua na yɛatena ase na yɛanwuwu, na yɛn asase anna mpan.”+ 20  Enti Yosef tɔɔ Egyptfo nsase nyinaa de maa Farao;+ Egyptfo nyinaa tontɔn wɔn nsase, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den, na asase no bɛyɛɛ Farao dea. 21  Otuu ɔmanfo no fii Egypt mmaa nyinaa kɔtenatenaa nkurow mu.+ 22  Asɔfo no asase nkutoo na wantɔ,+ efisɛ Farao na ɔmaa asɔfo no aduan, na nea Farao de maa wɔn na wodii.+ Enti wɔantɔn wɔn asase.+ 23  Afei Yosef ka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ: “Hwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo nsase ama Farao. Munnye aba yi nkodua asase no so.+ 24  Sɛ nnɔbae no ba a,+ monkyɛ mu anum mfa biako mma Farao+ na anan a aka no nyɛ mo dea, na eyi mu bi na mubedua wɔ asase no so na mo ne mo fiefo ne mo mma nso adi bi.”+ 25  Na wɔkae sɛ: “Woagye yɛn nkwa.+ Me wura, ma yennya w’anim dom na yɛnyɛ Farao nkoa.”+ 26  Yosef hyɛɛ mmara too hɔ de besi nnɛ sɛ wɔmfa Egypt asase so ade nkyem anum mu biako mma Farao. Asɔfo no asase nkutoo na wɔamfa amma Farao.+ 27  Na Israel tenaa Egypt asase so, wɔ Gosen;+ na wɔn ase timii wɔ hɔ, na wɔdɔre yɛɛ pii.+ 28  Yakob tenaa Egypt mfe dunson; enti mfe a Yakob dii nyinaa yɛ ɔha aduanan ason.+ 29  Afei na aka kakra ma Israel awu.+ Na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,+ na wo ne me nni no adɔe so ne nokware mu.+ (Mesrɛ wo, nsie me Egypt.)+ 30  Merebewu akɔka m’agyanom ho,+ na fa me fi Egypt kosie me wɔ wɔn asiei.”+ Na ɔkae sɛ: “Mɛyɛ sɛnea woaka no.” 31  Na Yakob kae sɛ: “Ka me ntam.” Na ɔkaa no ntam.+ Afei Israel de n’anim butuw mpa no atifi.+

Ase Hɔ Nsɛm