Genesis 48:1-22

48  Bere bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, wo papa agurow.” Ɔtee saa no ɔfaa ne mma baanu no, Manase ne Efraim,+ kaa ne ho.  Afei wɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn.” Enti Israel miaa n’ani sɔre tenaa ne mpa so.  Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus+ wɔ Kanaan asase so, na ohyiraa me.+  Na ɔtoaa so sɛ, ‘Mɛma w’ase atrɛw+ ayɛ bebree, na mɛma woabɛyɛ aman asafodɔm,+ na mede asase yi bɛma w’asefo a wobedi w’akyi aba na ayɛ wɔn agyapade daa.’+  Hwɛ, wo mma baanu a wowoo wɔn Egypt ha ansa na mereba wo nkyɛn no yɛ me dea.+ Efraim ne Manase bɛyɛ m’ankasa me mma te sɛ Ruben ne Simeon.+  Na wo mma a wubenya wɔn wɔ wɔn akyi no na wɔbɛyɛ wo dea. Na agyapade a wɔn nuanom din da so no bi na wobenya.+  Mifi Padan+ reba no, Rahel wu+ too me so wɔ kwan so wɔ Kanaan asase so. Ná baabi a yɛadu no ne Efrata+ ntam twe kakra, enti misiee no Efrata, anaa Betlehem,+ kwan so.”  Afei Israel huu Yosef mma no na obisae sɛ: “Henanom ni?”+  Yosef buaa ne papa sɛ: “Mma a Onyankopɔn ama manya wɔ ha ni.”+ Ɛnna ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, fa wɔn brɛ me na minhyira wɔn.”+ 10  Onyin nti na Israel ani so ayɛ no kusukusu na onhu ade.+ Enti ɔde wɔn bɛn no na ofew wɔn ano bam wɔn.+ 11  Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Na minnim da sɛ mehu w’anim,+ nanso hwɛ sɛ Onyankopɔn ama mahu wo mma mpo aka wo ho.” 12  Afei Yosef yii wɔn fii ne nantam, na obuu nkotodwe de n’anim butuw fam.+ 13  Yosef de ne nsa nifa soo Efraim mu gyinaa Israel benkum,+ na ɔde ne nsa benkum soo Manase mu gyinaa Israel nifa,+ na ɔde wɔn bɛn no. 14  Nanso Israel de ne nsa nifa too Efraim+ a ɔyɛ akumaa no ti so,+ na ɔde ne nsa benkum too Manase ti so.+ Ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ ne nsa saa, efisɛ na Manase ne panyin.+ 15  Afei ohyiraa Yosef kae sɛ:+ “Nokware Nyankopɔn a m’agyanom Abraham ne Isak nantew n’anim,+Nokware Nyankopɔn a wahwɛ me so me nkwa nna nyinaa abesi nnɛ,+ 16  Ɔbɔfo a oyii me fii m’ahohia nyinaa mu no+ nhyira mmofra yi.+ Ma wɔmfa me din ne m’agyanom Abraham ne Isak din nto wɔn so,+Na ma wɔnnɔ nyɛ bebree asase so.”+ 17  Yosef hui sɛ ne papa de ne nsa nifa ato Efraim ti so no, n’ani annye ho,+ na ɔyɛe sɛ ɔreyi ne papa nsa afi Efraim ti so de ato Manase ti so.+ 18  Afei Yosef ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, nyɛ no saa, efisɛ oyi ne panyin.+ Fa wo nsa nifa to ne ti so.” 19  Na ne papa antie na ɔkae sɛ: “Minim saa, me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman na ɔbɛyɛ kɛse.+ Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asen no,+ na n’asefo bɛyɛ aman pii.”+ 20  Na da no ohyiraa wɔn+ sɛ: “Daa Israel de wo din behyira aka sɛ,‘Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase.’”+ Enti ne nyinaa mu no, na ɔde Efraim di Manase anim.+ 21  Afei Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, merebewu,+ nanso Onyankopɔn bɛka mo ho, na ɔde mo bɛsan akɔ mo agyanom asase so.+ 22  Na mede asase a menam nkrante ne agyan so gye fii Amorifo hɔ no bɛka wo de no ho ma ayɛ kɛse asen wo nuanom de no.”+

Ase Hɔ Nsɛm