Genesis 49:1-33

49  Akyiri yi Yakob frɛɛ ne mma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommoa mo ho ano na menkyerɛ mo sɛnea mo tebea bɛyɛ wɔ akyiri nna no mu.  Yakob mma, munhyia na muntie; muntie mo papa Israel.+  “Ruben, wone me ba panyin,+ m’ahoɔden ne me mmaninyɛ mfiase,+ anuonyam ne tumi mu ɔkɛse.  Nanso wutuei waa sɛ nsu, enti wo kɛseyɛ befi wo nsa,+ efisɛ woforoo wo papa mpa.+ Wuguu me mpa ho fĩ.+ Ɔforoe!  “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.+ Wɔn nkrante di amumɔyɛsɛm, akode a wɔde di awu.+  Me kra, wo ne wɔn mmmɔ fekuw.+ Me koma, nkɔfra wɔn asafo mu,+ efisɛ wɔn abufuw mu na wokunkum nnipa,+ na wɔn akokurokosɛm mu na wotwitwaa anantwi nantin.  Nnome nka wɔn abufuw,+ efisɛ edi atirimɔdensɛm,+ ne wɔn anibere, efisɛ ano yɛ hyew.+ Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu na mabɔ wɔn ahwete Israel.+  “Wo Yuda de,+ wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa beso w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkotow w’anim.+  Yuda yɛ gyata ba.+ Me ba, wobɛwe wo hanam asɔre akɔ. Ɔda hɔ twe ne mu sɛ gyata, na hena na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akonyan no?+ 10  Ahempoma remfi Yuda nsa,+ na tumi poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman betie no.+ 11  Ɔde n’afurum asã bobe, na ɔde n’afurummere ba asã bobe pa. Ɔbɛhoro ne ntama nsã mu, ne n’atade bobe mogya mu.+ 12  Nsã ama n’ani ayɛ kɔɔ, na nufusu ama ne sẽ ayɛ fitaa. 13  “Sebulon bɛtena mpoano,+ baabi a ahyɛn gyina,+ na n’ahye bɛtrɛw akɔ Sidon fam.+ 14  “Isakar+ yɛ afurum hoɔdenfo a ɔda nnesoa abien ntam. 15  Obehu sɛ asoɛe hɔ ye na asase no yɛ papa; na ɔbɛbɔ ne mu ase agye nnesoa na wayɛ nkoadwuma. 16  “Dan yɛ Israel mmusua no mu biako, na obebu ne nkurɔfo atɛn.+ 17  Dan bɛyɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn, ɔnanka a ɔtɛw kwan ho. Ɔka ɔpɔnkɔ nantin ma ɛsotefo bu hwe n’akyi.+ 18  O Yehowa, mehwɛ wo nkwagye kwan.+ 19  “Gad de, dɔm bi bɛtow ahyɛ no so afow ne nneɛma, nanso ɔbɛtoa wɔn akɔtow ahyɛ wɔn so.+ 20  “Sradeduan befi Aser nkyɛn aba,+ na ahennuan rempa ne fie.+ 21  “Naftali+ yɛ ɔforote a ne ho yɛ hare. Ɔbɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ.+ 22  “Yosef yɛ dua a ɛsow aba duforo,+ nsu ho dua a ɛsow aba duforo+ a ne nkorata tratra ɔfasu.+ 23  Nanso agyantofo tuu wɔn ani sii no so, wɔtotow no, na wɔtan no.+ 24  Nanso n’agyan hyɛ hɔ pintinn,+ na n’abasa mu yɛ den.+ Ɔhwɛfo no, Israel botan no,+ fi Yakob Tumfoɔ no nsam.+ 25  Ofi Onyankopɔn a wo papa som no no hɔ,+ na ɔno na ɔbɛboa wo;+ ɔwɔ ade nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn,+ na ɔno na ɔde ɔsoro nhyira+ ne subun a ɛwɔ fam+ nhyira behyira wo; ɔde nufu ne yafunu mu nhyira behyira wo.+ 26  Wo papa nhyira bɛkyɛn nhyira a efi mmepɔw+ ne nkoko fɛfɛ a etim hɔ daa so.+ Ɛbɛba Yosef ti so, ɛbɛba nea woyii no fii ne nuanom mu no apampam.+ 27  “Benyamin bɛyɛ sɛ pataku a ɔtetew mmoa mu.+ Anɔpa ɔbɛwe aboa a wakyere no no, na anwummere nso ɔbɛkyɛ asade mu.”+ 28  Eyinom nyinaa ne Israel mmusua dumien no, na eyi ne asɛm a wɔn papa kae bere a ɔrehyira wɔn no. Nea ɛfata obiara na ɔde hyiraa no.+ 29  Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Aka kakra na wɔde me akɔka me nkurɔfo ho.+ Munkosie me nka m’agyanom ho wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hitini Efron asase so no mu.+ 30  Eyi ne ɔbodan a ɛwɔ Makpela asase so wɔ Mamre anim wɔ Kanaan no. Ɔbodan yi na Abraham tɔ fii Hitini Efron hɔ de yɛɛ amusiei.+ 31  Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara.+ Ɛhɔ na wosiee Isak ne ne yere Rebeka,+ na ɛhɔ ara na misiee Lea. 32  Wɔtɔɔ asase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no fii Het mma nkyɛn.”+ 33  Yakob kaa nea ɔbɛka akyerɛ ne mma no wiei no, ɔmaa ne nan so guu mpa no so na ogyaa mu, na wosiee no kaa ne nkurɔfo ho.+

Ase Hɔ Nsɛm