Genesis 5:1-32

5  Eyi ne Adam abakɔsɛm nhoma. Da a Onyankopɔn bɔɔ Adam no ɔyɛɛ no Onyankopɔn sɛso.+  Ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.+ Na ohyiraa wɔn, na da a ɔbɔɔ wɔn+ no ɔfrɛɛ wɔn Onipa.+  Na Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ ɔno, wɔ ne suban so, na ɔtoo no din Set.+  Adam woo Set no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe. Ɔwoo mmabarima ne mmabea.+  Enti mfe a Adam dii nyinaa yɛ ahankron aduasa, na owui.+  Na Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos.+  Set woo Enos no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne ason. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea.  Enti mfe a Set dii nyinaa yɛ ahankron ne dumien, na owui.  Na Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan.+ 10  Enos woo Kenan no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 11  Enti mfe a Enos dii nyinaa yɛ ahankron ne anum, na owui. 12  Na Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.+ 13  Kenan woo Mahalalel no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 14  Enti mfe a Kenan dii nyinaa yɛ ahankron ne du, na owui. 15  Na Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared.+ 16  Mahalalel woo Yared no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduasa. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 17  Enti mfe a Mahalalel dii nyinaa yɛ ahanwɔtwe aduɔkron anum, na owui. 18  Na Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Enok.+ 19  Yared woo Enok no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 20  Enti mfe a Yared dii nyinaa yɛ ahankron aduosia abien, na owui. 21  Na Enok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusala.+ 22  Enok woo Metusala no, ɔkɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee mfe ahasa. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 23  Enti mfe a Enok dii nyinaa yɛ ahasa aduosia anum. 24  Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn+ no nantewee.+ Ebeduu bere bi no wɔanhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.+ 25  Na Metusala dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek.+ 26  Metusala woo Lamek no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 27  Enti mfe a Metusala dii nyinaa yɛ ahankron aduosia akron, na owui. 28  Na Lamek dii mfe ɔha aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima. 29  Ɔtoo no din Noa,+ na ɔkae sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, yɛn adwuma ne yaw a yɛte wɔ yɛn nsa ano mu esiane asase a Yehowa domee+ no nti.” 30  Lamek woo Noa no, ɔtenaa ase mfe ahanum aduɔkron anum. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 31  Enti mfe a Lamek dii nyinaa yɛ ahanson aduɔson ason, na owui. 32  Na Noa dii mfe ahanum no, ɔwoo Sem+ ne Ham+ ne Yafet.+

Ase Hɔ Nsɛm