Genesis 50:1-26

50  Na Yosef de ne ti too ne papa so+ sui, na ofew n’ano.+  Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nkoa aduyɛfo sɛ wɔnhyɛ ne papa aduru.+ Enti aduyɛfo no hyɛɛ Israel aduru,  na sɛnea na wɔyɛ no daa no, wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ aduru no. Na Egyptfo no suu no adaduɔson.+  Afei bere a wosuu no wiei no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefo sɛ: “Sɛ manya mo anim dom a,+ ɛnde mesrɛ mo monka nkyerɛ Farao sɛ,  ‘Me papa ma mekaa ntam,+ na ɔkae sɛ: “Hwɛ, merewu.+ Ɔda a mabɔ wɔ Kanaan+ asase so no, emu na sie me.”+ Enti mesrɛ wo, ma minkosie me papa, na miwie a masan aba.’”  Ɛnna Farao kae sɛ: “Kosie wo papa sɛnea ɔma wokaa ntam no.”+  Enti Yosef siim sɛ ɔrekosie ne papa, na Farao nkoa, ne fie mpanyimfo+ ne Egypt asase so mpanyimfo nyinaa,  ne Yosef fiefo nyinaa ne ne nuanom ne ne papa fiefo kaa ne ho kɔe.+ Wɔn mma nkumaa ne wɔn nguan ne anantwi nkutoo na wogyaw wɔn Gosen asase so.  Na nteaseɛnam+ ne apɔnkɔsotefo nso kaa ne ho kɔe, na wɔbɛyɛɛ dɔm kɛse. 10  Afei wokoduu Atad awiporowbea+ wɔ Yordan+ mpɔtam hɔ, na wosui pii, na ɔyɛɛ ne papa ayi nnanson.+ 11  Na bere a Kanaanfo a wɔte asase no so no huu sɛnea wɔyɛɛ n’ayi wɔ Atad awiporowbea no, wɔteɛɛm sɛ: “Eyi yɛ Egyptfo ayi kɛse!” Enti wɔfrɛɛ hɔ Abel-Misraim, na ɛwɔ Yordan mpɔtam.+ 12  Ne mma no yɛɛ nea ɔhyɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 13  Enti ne mma no de no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no ɔbodan mu wɔ Makpela asase so wɔ Mamre anim. Asase yi na Abraham tɔ fii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asiei no.+ 14  Bere a Yosef siee ne papa wiei no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkaa ne ho kɔe nyinaa san baa Egypt. 15  Bere a Yosef nuanom hui sɛ afei wɔn papa awu no, wɔkae sɛ: “Ebia yɛn ho asɛm da so hyɛ Yosef tirim,+ na obetua bɔne a yɛayɛ atia no nyinaa so ka.”+ 16  Enti wɔde ahyɛde yi kɔtoo Yosef anim sɛ: “Ansa na wo papa bewu no, ɔhyɛe sɛ, 17  ‘Monka nkyerɛ Yosef sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nuanom mfomso ne bɔne a wɔayɛ wo+ nyinaa firi wɔn.”’+ Enti yɛsrɛ wo, fa bɔne a wo papa Nyankopɔn nkoa ayɛ atia wo no firi wɔn.”+ Bere a wɔkaa saa no, Yosef sui. 18  Afei ne nuanom nso ba bɛhwee n’anim kae sɛ: “Yɛn ni, yɛyɛ wo nkoa!”+ 19  Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro; adɛn, metumi agyina Onyankopɔn ananmu anaa?+ 20  Mo de, na anka mopɛ me bɔne, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afi mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa,+ sɛnea ada adi nnɛ yi. 21  Enti munnsuro. Mɛkɔ so ara ama mo ne mo mma nkumaa nyinaa aduan.”+ Ɔkyekyee wɔn werɛ kaa wɔn koma too wɔn yam. 22  Yosef ne ne papa fiefo kɔɔ so tenaa Egypt, na odii mfe ɔha ne du. 23  Na Yosef de n’ani huu Efraim mmanana+ ne Manase ba Makir+ nso mma. Wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.+ 24  Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Ɛrenkyɛ na mawu; nanso Onyankopɔn bɛdan n’ani aba mo so,+ na obeyi mo afi asase yi so de mo akɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma Abraham ne Isak ne Yakob no so.”+ 25  Enti Yosef maa Israel mma no kaa ntam, na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn bɛdan n’ani aba mo so. Na monhwɛ sɛ mode me nnompe befi ha akɔ.”+ 26  Afei Yosef wui a na wadi mfe ɔha ne du; na wɔhyɛɛ no aduru+ de no too adaka mu wɔ Egypt.

Ase Hɔ Nsɛm