Genesis 6:1-22

6  Afei bere a nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no,+  nokware Nyankopɔn mma+ no hui+ sɛ nnipa mmabea ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.  Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Me honhom+ renhwɛ onipa nkosi daa+ efisɛ ɔyɛ honam.+ Enti ne mfe bɛyɛ ɔha aduonu.”+  Na Nefilimfo wɔ asase so saa bere no ne ɛno akyi; saa bere no nokware Nyankopɔn mma no kɔɔ nnipa mmabea ho ne wɔn woo mmabarima. Eyinom ne abran a wɔtenaa ase tete a na wɔwɔ din no.  Enti Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na ne komam nsusuwii+ nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.+  Ɛyɛɛ Yehowa yaw+ sɛ ɔyɛɛ nnipa wɔ asase so, na odii awerɛhow ne komam.+  Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Mɛpopa nnipa a mabɔ+ wɔn no afi asase so, efi onipa so kosi nyɛmmoa ne mmoa a wɔwea ne wim ntuboa+ so, efisɛ ɛyɛ me yaw sɛ meyɛɛ wɔn.”+  Nanso Noa nyaa Yehowa anim dom.  Noa ho nsɛm ni: Na Noa yɛ ɔtreneeni+ a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo mu. Noa ne nokware Nyankopɔn nantewee.+ 10  Akyiri yi Noa woo mmabarima baasa, Sem, Ham ne Yafet.+ 11  Na asase asɛe wɔ nokware Nyankopɔn no ani so,+ na na amumɔyɛ+ ahyɛ so mã. 12  Onyankopɔn huu asase no, na hwɛ! na asɛe,+ efisɛ na ɔhonam nyinaa asɛe wɔn akwan.+ 13  Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei abedu m’anim,+ efisɛ wɔama amumɔyɛ ahyɛ asase so mã; enti mɛsɛe wɔn aka asase no ho.+ 14  Fa gofer* dua yɛ adaka.+ Kyekyɛ adaka no mu, na fa amane tetare emu ne ɛho.+ 15  Sɛnea yɛ no ni: Adaka no ntwemu nyɛ basafa+ ahasa, ne tɛtrɛtɛ basafa aduonum, na ne tenten basafa aduasa. 16  Yɛ mfɛnsere* wɔ adaka no ho, na efi hɔ kɔ n’atifi no nyɛ basafa biako, na yɛ ɔkwan wɔ adaka no nkyɛnmu;+ na yɛ nsɛmso abiɛsa, nea ɛwɔ ase, nea ɛwɔ mfinimfini, ne nea ɛwɔ soro. 17  “Na mɛma nsu ayiri+ afa asase so asɛe nnipa ne mmoa nyinaa*—nea nkwa+ wom na ɛhome wɔ ɔsoro ase. Biribiara a ɛwɔ asase so bɛsɛe.+ 18  Me ne wo ayɛ apam; na wobɛkɔ adaka no mu, wo ne wo mma ne wo yere ne wo mma yerenom.+ 19  Na mmoa a wɔte ase nyinaa,+ fa abien abien, onini ne ɔbere, kɔ adaka no mu na wo ne wɔn nyinaa nnya nkwa.+ 20  Fa ntuboa, sɛnea wɔn su te, ne nyɛmmoa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so, sɛnea wɔn su te,+ ebiara abien abien, ka wo ho na wonnya nkwa.+ 21  Afei boaboa nnuan ahorow a wotumi di+ nyinaa bi ano, na ayɛ wo ne wɔn aduan.”+ 22  Na Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebia ɛyɛ kwabɔhɔrɔ.
Hebri asɛmfua no ne “tsohar,” na ɛkyerɛ suhyɛ anaa mfɛnsere.
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔhonam nyinaa.”