Genesis 8:1-22

8  Akyiri yi Onyankopɔn kaee+ Noa ne wuram mmoa ne nyɛmmoa a wɔka ne ho wɔ adaka no mu+ nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so na nsu no fii ase kɔɔ fam.+  Na subun+ no ne ɔsoro mfɛnsere+ no mu totoe, na osu no gyaee tɔ.  Na nsu no fii ase twetwee nkakrankakra fii asase so; na nna ɔha aduonum akyi no, na nsu no so rehuan.+  Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson no, adaka+ no kosii Ararat+ mmepɔw so.  Nsu no so tew nkakrankakra kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no, mmepɔw no atifi yii ne ho adi.+  Enti adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere+ a ɔyɛe wɔ adaka no ho no.  Akyiri yi ɔsomaa kwaakwaadabi+ fii adi, na odii akɔneaba kosii sɛ nsu no yowee wɔ asase so.  Afei ɔsomaa aborɔnoma+ sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsu no atwetwe afi asase so anaa.  Nanso aborɔnoma no annya baabi amfa ne nan ansi, efisɛ na nsu da so wɔ asase so nyinaa.+ Enti ɔsan baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu, na Noa teɛɛ ne nsa faa no kɔɔ ne nkyɛn wɔ adaka no mu. 10  Na ɔsan twɛn nnanson, na ɔsomaa aborɔnoma no bio. 11  Akyiri yi, ɛrekɔ anwummere no, aborɔnoma no bae, na na ngodua ahaban+ a watew no foforo tua n’ano, enti Noa hui sɛ nsu no ayow wɔ asase so.+ 12  Na ɔsan twɛn nnanson bio. Afei ɔsomaa aborɔnoma no, nanso saa bere yi de, wansan amma ne nkyɛn bio.+ 13  Afei afe a ɛto so ahansia ne biako,+ ɔsram a edi kan no da a edi kan no, na nsu no ayow wɔ asase so; na Noa yii adaka no so nkataso, na ɔhwɛe no, ohui sɛ asase no so awo.+ 14  Na ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason no, na asase no so awo wosee.+ 15  Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: 16  “Fi adaka no mu, wo ne wo yere ne wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho no.+ 17  Mmoa a wɔka wo ho nyinaa,+ ntuboa+ ne wuram mmoa+ ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa,+ yi wɔn fi adi na wɔnyɛ asase so manyamanya, na wɔnwo na wɔnnɔɔso asase so.”+ 18  Enti Noa fii adi, ɔne ne mma+ ne ne yere ne ne mma yerenom. 19  Na mmoa no nyinaa, wɔn a wɔwea ne ntuboa nyinaa, ne asase so mmoa a aka nyinaa, fii adaka no mu puei sɛnea wɔn nyinaa su te.+ 20  Ɛnna Noa sii afɔremuka+ maa Yehowa, na oyii wuram mmoa a wɔn ho tew+ ne ntuboa a wɔn ho tew nyinaa+ mu bi de wɔn bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.+ 21  Na Yehowa tee afɔre no hua,+ enti Yehowa kae ne komam sɛ:+ “Merenni onipa akyi nnome asase bio,+ efisɛ onipa komam nsusuwii+ yɛ bɔne fi ne mmofraase;+ na meremfa me nsa nka nea ɛte ase nyinaa bio sɛnea mayɛ yi.+ 22  Mpɛn dodow a asase wɔ hɔ yi, bere a wodua ne bere a wotwa, awɔw bere ne ahohuru bere, osutɔbere ne ɔpɛ bere, adekyee ne adesae, to rentwa da.”+

Ase Hɔ Nsɛm