Genesis 9:1-29

9  Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã.+  Na mo ho hu ne mo ho suro nkɔ so nka asase so mmoa nyinaa, wim ntuboa nyinaa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne ɛpo mu mpataa nyinaa, na wonsuro mo. Mede wɔn nyinaa ahyɛ mo nsa.+  Mmoa a wɔte ase nyinaa nyɛ aduan mma mo.+ Mede ne nyinaa ama mo sɛnea mede nhaban momono maa mo no.+  Ɔhonam ne ne kra,+ kyerɛ sɛ, ne mogya,+ nkutoo na munnni.+  Na mo kra mogya nso, mebisa. Mebisa wɔ aboa biara nsam, na mebisa wɔ onipa nso nsam; obi nua mpo mebisa ne kra ne nsam.+  Obiara a ɔka onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya agu,+ efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.  Na mo de, monwo nyɛ bebree, na monyɛ manyamanya asase so+ baabiara.”  Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mma a wɔka ne ho no sɛ:  “Afei me ne mo reyɛ apam,+ mo ne mo asefo a wobedi mo akyi aba,+ 10  ne ɔkra biara a ɔka mo ho, nnomaa, wuram mmoa, ne asase so mmoa nyinaa, efi wɔn a wofi adaka no mu nyinaa so kosi asase so mmoa nyinaa so.+ 11  Yiw, me ne mo reyɛ apam yi: Meremma nsu nyiri mfa ɔhonam nyinaa bio, na meremma nsu nyiri nsɛe asase bio.”+ 12  Onyankopɔn de kaa ho sɛ: “Eyi na ɛbɛyɛ me ne mo ne ɔkra biara a ɔka mo ho no ntam apam no ho sɛnkyerɛnne+ de kosi awo ntoatoaso nyinaa so. 13  Mede me nyankontɔn+ besi omununkum mu na ayɛ apam a me ne asase ayɛ no ho sɛnkyerɛnne. 14  Na sɛ mede omununkum ba asase so a, nyankontɔn bepue wɔ omununkum no mu. 15  Na mɛkae m’apam+ a ɛda me ne mo ne ɔkra a ɔte ase+ biara ntam no, na nsu renyiri nsɛe ɔhonam nyinaa bio.+ 16  Nyankontɔn no bɛba omununkum no mu,+ na mɛhwɛ akae daa apam+ a Onyankopɔn ne ɔkra biara a ɔte asase so ayɛ no.”+ 17  Na Onyankopɔn tĩĩ mu kyerɛɛ Noa sɛ: “Eyi na ɛbɛyɛ apam a me ne ɔhonam a ɛwɔ asase so nyinaa ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.”+ 18  Noa mma+ a wofi adaka no mu puei ne Sem, Ham ne Yafet. Akyiri yi Ham woo Kanaan.+ 19  Eyinom ne Noa mma baasa no, na wɔn mu na asase so nnipa nyinaa fi hwetee.+ 20  Afei Noa bɛyɛɛ okuafo+ na ɔyɛɛ bobeturo.+ 21  Na ɔnom bobesa no bi, na ɔbowee,+ enti bere a ɔda ne ntamadan mu no, na ne ho apa. 22  Ɛnna Kanaan papa Ham+ kohui sɛ ne papa ho da hɔ,+ na ofii adi kɔbɔɔ ne nuanom baanu no amanneɛ.+ 23  Enti Sem ne Yafet faa ntama+ de guu wɔn kɔn ho de wɔn akyi kɔe. Na wɔde wɔn ani hwɛɛ nkyɛn kɔkataa wɔn papa ho a wɔanhu ne ho.+ 24  Afei nsa no tetew Noa ani so, na ɔtee nea ne ba kumaa no ayɛ. 25  Enti ɔkae sɛ: “Nnome nka Kanaan.+ Ma ɔnyɛ nkoa mu akoa mma ne nuanom.”+ 26  Ɔde kaa ho sɛ:“Nhyira nka Yehowa,+ Sem Nyankopɔn,Na Kanaan nyɛ n’akoa.*+ 27  Onyankopɔn mma Yafet atenae ntrɛw,Na ɔntena Sem ntamadan mu.+Ma Kanaan nyɛ akoa mma ɔno nso.” 28  Nsuyiri no akyi no, Noa kɔɔ so tenaa ase mfe ahasa aduonum.+ 29  Enti mfe a Noa dii nyinaa yɛ ahankron aduonum, na owui.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ Sem akoa.