Hebrifo 12:1-29

12  Afei, esiane sɛ yɛwɔ adansefo+ mununkum kɛse a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yenyi adesoa+ biara ne bɔne a etumi kyekyere yɛn+ ntɛm no ngu, na yɛmfa boasetɔ+ ntu mmirika+ a ɛda yɛn anim+ no,  na yennyen yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene+ ne yɛn gyidi Wiefo+ Yesu. Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu asɛndua ho amane,+ buu n’ani guu aniwu so, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua no nifa.+  Nokwarem no, munsusuw nea ogyinaa pintinn wɔ nnebɔneyɛfo ntuatuaano+ mu a amfa mfaso ammrɛ wɔn no ho yiye, na moammrɛ, na moampa abaw.+  Bere a mo ne bɔne redi ako yi, munnya nnii asi nkoduu mogya mu,+  nanso mo werɛ afi afotusɛm a wɔde ma mo sɛ mma+ no koraa: “Me ba, mmu Yehowa nteɛso adewa, na sɛ ɔka w’anim nso a, mpa abaw;+  na nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so; nokwarem no, obiara a ogye no sɛ ɔba no, ɔhwe no.”+  Nea morefa mu no, ɛyɛ nteɛso+ ntia. Onyankopɔn ne mo redi sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntwe n’aso?+  Na sɛ moannya nteɛso a obiara anya bi no bi a, ɛnde na moyɛ aguaman mma,+ na monyɛ mma pa.  Bio nso, na yɛwɔ agyanom a wɔyɛ ɔhonam te sɛ yɛn a na wɔtwe yɛn aso,+ na na yebu wɔn. So yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn honhom mu Agya no ase nkyɛn saa na yɛanya nkwa?+ 10  Wɔn fam no, na wɔtwe yɛn aso nna kakraa bi sɛnea wɔte nka sɛ eye,+ na ɔno de, yɛn yiyedi nti na ɔyɛ saa, na yɛanya ne kronkronyɛ+ no bi. 11  Ampa, nteɛso biara nni hɔ a seesei de ɛyɛ anigye; mmom ɛyɛ awerɛhow,+ nanso akyiri yi ɛsow asomdwoe aba+ a ɛne trenee+ ma wɔn a atete wɔn no. 12  Enti monhyɛ nsa a emu agow+ ne nkotodwe a ahodwow+ den, 13  na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ,+ na nea atɔ apakye no anhuan, na mmom wɔasa no yare.+ 14  Monyɛ nea ɛbɛma asomdwoe atena mo ne nnipa nyinaa ntam,+ na munni ahotew+ a obiara ntumi nkwati nhu Awurade no akyi,+ 15  na monhwɛ yiye na Onyankopɔn adom ammɔ obiara;+ na ntini a bɔre wom+ biara amfifi ammɛyɛ ɔhaw, na angu nnipa bebree ho fĩ,+ 16  sɛnea ɛbɛyɛ na obiara anyɛ oguamammɔfo anaa obi a ommu akronkronne te sɛ Esau+ a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduan biako pɛ+ no. 17  Na munim sɛ, ɛno akyi a ɔpɛe sɛ onya nhyira+ no wɔpoo no,+ na n’ani beree de nusu+ bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa n’adwene de, nanso wannya hokwan no.+ 18  Na moamma bepɔw a wotumi de nsa ka+ a wɔde ogya ato mu+ ne omununkum kusuu ne sum kabii ne mframa a ano yɛ den,+ 19  ne torobɛnto nnyigyei+ ne ɛnne a ɛka nsɛm+ no ho; ɛnne yi na bere a nkurɔfo no tee no, wɔsrɛe sɛ wɔmmfa asɛm biara nnka wɔn ho bio+ no. 20  Ná ahyɛde yi mu yɛ duru ma wɔn: “Na sɛ aboa bi ho ka bepɔw no a, wonsiw no abo.”+ 21  Bio nso nea ɛkɔɔ so no yɛɛ hu araa ma Mose kae sɛ: “Misuro, na me ho popo.”+ 22  Mmom no, moaba Sion Bepɔw+ ho ne Onyankopɔn teasefo no kurow+ mu, ɔsoro Yerusalem,+ ne abɔfo+ mpempem 23  bagua anim,+ ne mmakan+ a wɔakyerɛw wɔn din+ wɔ ɔsoro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa Temmufo+ no anim, ne treneefo a wɔayɛ wɔn pɛ+ no honhom fam asetena+ mu, 24  ne apam foforo+ ntamgyinafo+ Yesu nkyɛn, ne mogya a wɔpete+ a ɛkasa yiye sen Habel mogya+ no ho. 25  Monhwɛ yiye na moantwe mo ho amfi nea ɔrekasa no ho.+ Na sɛ wɔn a wɔtwee wɔn ho fii nea ɔmaa wɔn Onyankopɔn ahyɛde wɔ asase so ho no antumi anguan+ a, yɛn de, sɛ yɛdan yɛn akyi kyerɛ nea ofi soro kasa+ no a, ɛbɛyɛ den paa ama yɛn. 26  Saa bere no ne nne wosow asase,+ na seesei de wahyɛ bɔ sɛ: “Ɛbɛba bio sɛ ɛnyɛ asase nko na mɛwosow, na mmom ɔsoro nso.”+ 27  Na sɛ ɔka sɛ, “Ɛbɛba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wobeyi nneɛma a wɔrewosow no afi hɔ sɛ nneɛma a wɔayɛ,+ na ama nneɛma a wɔrenwosow no atena hɔ.+ 28  Enti esiane sɛ yebenya ahenni a wontumi nwosow+ no nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yebetumi de asom Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ wɔ onyamesuro ne ahopopo+ mu. 29  Efisɛ yɛn Nyankopɔn te sɛ ogya a ɛhyew ade+ nso.

Ase Hɔ Nsɛm