Hebrifo 2:1-18

2  Ɛno nti na ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛm a yɛte+ no so kyɛn sɛnea yɛyɛ daa no, na yɛantwe yɛn ho+ da.  Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfo so kae+ no gyinaa pintinn, na mmaratode ne asoɔdenne biara nyaa ɛso akatua sɛnea atɛntrenee hwehwɛ+ a,  ɛnde yɛbɛyɛ dɛn anya yɛn ho atetew,+ bere a yebu yɛn ani gu+ nkwagye kɛse+ a ɛte sɛɛ so no, nkwagye a yɛn Awurade na ofii ase kaa ho asɛm+ a wɔn a wɔtee no sii so dua+ maa yɛn no;  nea Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenne ne anwonwade+ horow ne honhom kronkron a ɔkyekyɛɛ mu+ sɛnea ɔpɛ+ dii ho adanse no?  Na wamfa wiase a ɛreba a yɛreka ho asɛm no anhyɛ abɔfo ase.+  Na mmom ɔdansefo bi de adanse ama wɔ baabi sɛ: “Onipa ne hena a wokae no,+ anaasɛ onipa ba ne hena a wohwɛ no?+  Woma ɔbaa fam kakra sen abɔfo; wode anuonyam ne nidi+ abɔ no abotiri, na wode no asi wo nsa ano nnwuma so.+  Wode nneɛma nyinaa agu ne nan ase.”+ Na nneɛma nyinaa a ɔde hyɛɛ n’ase+ mu no, Onyankopɔn annyaw biribiara a wamfa anhyɛ n’ase.+ Nanso mprempren de, yennya nhui sɛ nneɛma nyinaa hyɛ n’ase;+  na mmom yehu Yesu a wɔama waba fam kakra asen abɔfo+ no sɛ wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri,+ owu amanehunu+ nti, na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owu ahwɛ ama onipa biara.+ 10  Bere a nea nneɛma nyinaa wɔ hɔ ma no,+ na ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ no de mma bebree ba anuonyam mu no,+ ɛfata sɛ ɔma wɔn nkwagye Safohene+ no wie pɛyɛ denam amanehunu so.+ 11  Na nea ɔtew nkurɔfo ho ne wɔn a ɔtew wɔn ho+ no nyinaa fi obiakofo mu,+ na ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn “anuanom,”+ 12  enti ɔka sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwonto beyi wo ayɛ wɔ asafo mfinimfini.”+ 13  Na bio nso: “Menya ne mu ahotoso.”+ Na afei: “Hwɛ! Me ne mmofra nkumaa a Yehowa de wɔn ama me no.”+ 14  Enti esiane sɛ “mmofra nkumaa” no yɛ mogya ne ɔhonam nti, ɔno nso bɛyɛɛ saa ara,+ na ɔnam ne wu+ no so atu nea otumi de owu ba+ a ɔne Ɔbonsam+ no agu;+ 15  na afei wama wɔn a owu ho hu+ nti wɔyɛɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa+ no mu biara anya ahofadi.+ 16  Na nokwarem no, ɛnyɛ abɔfo koraa na ɔboa wɔn, na mmom Abraham asefo na ɔboa wɔn.+ 17  Ne saa nti ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” ade nyinaa mu,+ na wayɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu,+ na wabɔ ɔman no bɔne ho mpata+ afɔre.+ 18  Na esiane sɛ n’ankasa huu amane bere a wɔsɔɔ no hwɛe no nti,+ obetumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.+

Ase Hɔ Nsɛm