Hebrifo 4:1-16

4  Enti esiane sɛ bɔhyɛ da so wɔ hɔ sɛ yebetumi ahyɛn ne home mu+ nti, momma yensuro na da bi anna adi sɛ mo mu bi atɔ sin wɔ ho.+  Na yɛn nso wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn+ te sɛ wɔn ara;+ nanso asɛm a wɔtee no so amma wɔn mfaso,+ efisɛ gyidi+ anka wɔn a wɔtee no ammata ho.+  Na yɛn a yɛagye adi no hyɛn ɔhome no mu sɛnea ɔkae no sɛ: “Enti mekaa ntam+ m’abufuw mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛn+ me home mu,’”+ ɛwom, efi wiase nhyɛase+ na wawie ne nnwuma.+  Na waka da a ɛto so ason no ho asɛm wɔ baabi sɛ: “Na Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no fii ne nnwuma nyinaa ho,”+  na ɔsan kae wɔ ha sɛ: “Wɔrenhyɛn me home mu.”+  Enti esiane sɛ nea aka ne sɛ ebinom bɛhyɛn mu, na asoɔden amma wɔn a wodii kan kaa asɛmpa+ no kyerɛɛ wɔn no ankɔ mu+ nti,  ɔsan hyɛɛ da foforo bere a ɔkae bere tenteenten akyi wɔ Dawid dwom mu sɛ “Ɛnnɛ” no; sɛnea wɔaka dedaw no: “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a,+ mummpirim mo koma.”+  Na sɛ Yosua+ dii wɔn anim kɔɔ homebea a,+ anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka+ da foforo ho asɛm.  Enti homeda bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo.+ 10  Na onipa a wahyɛn Onyankopɔn home mu+ no, n’ankasa nso ahome afi ne nnwuma ho,+ sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no. 11  Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nhyɛn saa ɔhome no mu, na obiara anhwe ase ankodi asoɔden nhwɛso koro no ara akyi.+ 12  Na Onyankopɔn asɛm+ wɔ nkwa,+ na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu+ biara, na etumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra+ ne honhom,+ ne dompe* ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.+ 13  Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+ 14  Enti, esiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwam kɔ soro,+ Onyankopɔn Ba Yesu,+ nti, momma yɛnkɔ so mpae mu nka ne ho asɛm.+ 15  Na ɔsɔfo panyin a yɛwɔ no nyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase,+ na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.+ 16  Enti momma yɛmfa ahotoso+ mmra adom ahengua no anim,+ na yɛanya mmɔborɔhunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne, “apɔw so.”