Hebrifo 5:1-14

5  Na ɔsɔfo panyin biara a woyi no fi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfo ma ɔyɛ Onyankopɔn som adwuma+ ma nnipa na ɔde bɔne ho ayɛyɛde ne afɔrebɔde ama.+  Otumi ne nnipa a wonnim na wɔfom di no bɔkɔɔ, efisɛ n’ankasa nso mmerɛwyɛ atwa ne ho ahyia,+  na ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔre ma ne ho sɛnea ɔbɔ ma ɔmanfo no ara.+  Afei nso, obi ankasa mma ne ho saa nidi yi,+ na mmom gye sɛ Onyankopɔn afrɛ no+ sɛnea ɔfrɛɛ Aaron+ no.  Saa ara na Kristo nso anhyɛ ne ho anuonyam+ ammɛyɛ ɔsɔfo panyin,+ na mmom nea ɔhyɛɛ no anuonyam+ no ne nea ɔka faa ne ho sɛ: “Woyɛ me ba; me na ɛnnɛ mayɛ w’agya.”+  Saa ara na ɔka wɔ baabi foforo nso sɛ: “Woyɛ ɔsɔfo daa wɔ Melkisedek kwan so.”+  Bere a Kristo wɔ ɔhonam mu no, ɔnam nteɛm a emu yɛ den+ ne nusu so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ+ baa Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim, na ne nyamesuro+ nti, wotiee no.  Ɛwom sɛ na ɔyɛ Ɔba de, nanso osuaa osetie fii amane a ohui no mu;+  na bere a wɔma owiee pɛyɛ+ no, afei na wabɛyɛ nea wɔn a wɔyɛ osetie+ ma no nyinaa daa nkwagye+ hyɛ ne nsa, 10  efisɛ Onyankopɔn ankasa frɛ no ɔsɔfo panyin wɔ Melkisedek kwan so.+ 11  Yɛwɔ ne ho nsɛm pii ka a ne nkyerɛkyerɛmu yɛ den, efisɛ moyɛ nyaa wɔ asɛm tie ho.+ 12  Nokwarem no, bere no nti ɛsɛ sɛ anka moyɛ akyerɛkyerɛfo,+ nanso ehia sɛ obi san fi ase bio kyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron+ mu mfitiasesɛm;+ na moayɛ nnipa a wohia nufusu, ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.+ 13  Na obiara a onum nufu no nnim trenee asɛm no, efisɛ ɔyɛ akokoaa.+ 14  Nanso aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene+ yɛ adwuma nti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.+

Ase Hɔ Nsɛm