Hebrifo 6:1-20

6  Ne saa nti afei a yɛagyaw Kristo+ ho mfitiasesɛm+ no, momma yɛmpere nkɔ ahokokwaw mu,+ na yɛanto fapem foforo,+ a ɛne nnwuma funu ho adwensakra+ ne Onyankopɔn mu gyidi,+  asubɔ horow ho nkyerɛkyerɛ+ ne nsa a wɔde gu nkurɔfo so,+ owusɔre+ ne daa atemmu.+  Na eyi na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a,+ yɛbɛyɛ.  Na ɛrentumi nyɛ yiye mma wɔn a wɔahu hann pɛn,+ na wɔaka ɔsoro akyɛde+ no ahwɛ, na wɔanya honhom kronkron+ no bi,  na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase nhyehyɛe a ɛreba+ no ahoɔden ahwɛ,+  nanso wɔatwe wɔn ho+ no, sɛ wɔbɛsan adan wɔn aba adwensakra mu,+ efisɛ wɔbɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu bio ma wɔn ho na wogu n’anim ase baguam.+  Sɛ nhwɛso no, asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na afei ɛma afifide a eye ba ma wɔn a wɔn nti na wɔdɔwee no,+ ɛno nso nya Onyankopɔn hɔ nhyira.  Nanso sɛ efifi nsɔe a, wɔpo na ɛfrɛfrɛ nnome;+ na awiei koraa no wɔhyew.+  Nanso adɔfo, mo fam de, yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛbɛyɛ nneɛma pa ne nneɛma a ɛde nkwagye ba, ɛmfa ho sɛ yɛrekasa saa kwan yi so no. 10  Na Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfo+ na moda so som wɔn no. 11  Nanso yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsiyɛ koro no ara bi adi na ama moanya anidaso+ no mu awerɛhyem+ a edi mũ akosi ase,+ 12  sɛnea ɛbɛyɛ a morenyɛ anihaw,+ na mmom mubesuasua+ wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.+ 13  Na bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no,+ esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen no a ɔbɛka no ntam nti, ɔkaa n’ankasa ho ntam,+ 14  na ɔkae sɛ: “Ampa ara, hyira na mehyira wo, na dɔ na mɛma woadɔ.”+ 15  Enti bere a Abraham nyaa boasetɔ no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi.+ 16  Nnipa ka nea ɔso sen wɔn ntam,+ na wɔn ntam no ma ɔham biara to twa, efisɛ ɛyɛ mmara kwan so adanse ma wɔn.+ 17  Saa kwan yi so na bere a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛda sɛnea n’agyinatu nsakra+ adi pefee akyerɛ bɔhyɛ no ho adedifo+ no, ɔde ntam baa mu, 18  na ama yɛn a yɛaguan akonya guankɔbea no afa nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro+ wom so anya nkuranhyɛ a emu yɛ den de aso anidaso+ a wɔde asi yɛn anim no mu. 19  Yɛwɔ saa anidaso+ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ a etim hɔ na ɛyɛ pintinn, na ɛfa ntwamutam+ no mu, 20  na ɛhɔ na odikanfo bi ahyɛn ama yɛn,+ Yesu, a wabɛyɛ ɔsɔfo panyin daa wɔ Melkisedek kwan so+ no.

Ase Hɔ Nsɛm